Ester
7 Enti ɔhene ne Haman+ baa Ɔhemmaa Ester apontoɔ no ase. 2 Ɔhene san bisaa Ester da a ɛtɔ so mmienu wɔ nsã apontoɔ no ase sɛ: “Deɛn na wopɛ, Ɔhemmaa Ester? Mɛyɛ ama wo. Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester kaa sɛ: “O ɔhene, sɛ manya w’anim animuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, m’adesrɛ ne sɛ, mma me nkwa* mmfiri me nsa, na m’abisadeɛ nso ne sɛ, mma me manfo nkwa mmfiri wɔn nsa.+ 4 Ɛfiri sɛ wɔatɔn yɛn,+ me ne me manfoɔ sɛ wɔnhye yɛn ase, wɔnkunkum yɛn, na wɔnsɛe yɛn.+ Sɛ wɔtɔnee yɛn sɛ nkoa ne mfenaa mpo a, anka merenka hwee. Nanso amanehunu a ɛde bɛba no nyɛ koraa, ɛfiri sɛ ɛbɛma ɔhene ahwere ade kɛseɛ.”
5 Na Ɔhene Ahasweros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: “Hwan na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” 6 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Ɔtamfo a watu n’ani asi yɛn so no ne onipabɔnefoɔ Haman yi.”
Na Haman akoma tui, ɔhene ne ɔhemmaa no nti. 7 Ɛnna ɔhene no de abufuo sɔre firii nsã apontoɔ no ase, na ɔkɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔree sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester kyɛw sɛ ɔmfa ne ho nkyɛ no, ɛfiri sɛ ɔhuu sɛ ɔhene ani abere sɛ ɔbɛtwe n’aso. 8 Berɛ a ɔhene no firi ahemfie turom hɔ baa efie a nsã apontoɔ no rekɔ so wom no mu no, ɔhuu sɛ Haman butu Ester ho wɔ mpa no so. Ɛnna ɔhene no teaam sɛ: “Ei! Ɔresan nso abɛto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ me ara me fie?” Ɔhene kaa saa pɛ na wɔkataa Haman anim. 9 Ɛnna Harbona,+ ɔhene mpanimfoɔ no baako kaa sɛ: “Haman korɔ yi ara ayɛ dua bi sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so,+ Mordekai a n’asɛm gyee ɔhene nkwa no.+ Dua no si Haman fie, na ne tenten yɛ basafa 50.”* Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.” 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua a ɔyɛ maa Mordekai no so, na ɔhene no bo dwoe.