Hiob
23 Ɛnna Hiob kaa sɛ:
3 Menyae a, anka menim baabi a mɛhunu Onyankopɔn!+
Anka mɛkɔ baabi a ɔteɛ no.+
4 Anka mede m’asɛm bɛto n’anim,
Na mɛka nsɛm pii de akyerɛ sɛ m’asɛm yɛ dɛ;
5 Anka mɛhwɛ mmuaeɛ a ɔde bɛma me,
Na matie deɛ ɔbɛka akyerɛ me.
6 Anka ɔde n’ahoɔden kɛseɛ no ne me bɛko anaa?
Daabi; anka deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛtie me.+
7 Ɛhɔ na wɔbɛsiesie ɔteneneeni no asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
Anka me Temmufoɔ no bɛbu me bem ama asɛm no atwa koraa.
8 Nanso mekɔ apueeɛ a, ɔnni hɔ;
Mesan m’akyi nso a, menhu no.
9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ benkum so a, menhu no;
Sɛ ɔmane fa nifa a, ɛhɔ nso menhu no.
10 Nanso ɔnim ɛkwan a menam so.+
Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho bɛfi sɛ sika kɔkɔɔ amapa.+
12 Mentwee me ho mfirii n’anom mmara ho.
Mede n’anom asɛm+ ato m’akoma so asene deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ mpo.*
13 Ɔsi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi asi no kwan?+
14 Ɛfiri sɛ deɛ wahyɛ ato hɔ ama me nyinaa, ɔbɛyɛ,
Na nneɛma a ɛtete saa deɛ, ɔfa no kwa.
15 Ɛno nti na ne nti adwendwene abɛtɔ me so yi;
Medwene ne ho a, ɛma mesuro no pii.
16 Onyankopɔn ama m’akoma atu,
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ama mabɔ hu.
17 Nanso esum mmaa menyɛɛ dinn,
Na esum kabii a akata m’anim no mmaa menkaa m’ano ntoom.