Hiob
27 Ɛnna Hiob toaa n’asɛm* no so sɛ:
2 “Sɛ́ Onyankopɔn a ɔne me anni no yie no te ase yi,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a ɔne me* adi no nwonwoonwono no te ase yi,+
3 Berɛ a me home da so wɔ me mu,
Na honhom a ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ me hwenem yi,+
4 Meremfa m’ano nka amumuyɛsɛm,
Na meremfa me kɛtrɛma nka nnaadaasɛm!
5 Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem!
Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akɔsi sɛ mɛwuo!+
7 Ma me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ,
Na ma wɔn a wɔsɔre tia me no nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ.
8 Sɛ Onyankopɔn sɛe ɔbɔnefoɔ* a, anidasoɔ bɛn na ɔwɔ,+
Sɛ ɔgye ne nkwa* firi ne nsam a, anidasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma no?
10 Adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nti, n’ani bɛgye anaa?
Ɔbɛfrɛ Onyankopɔn daa anaa?
12 Hwɛ! Sɛ mo nyinaa moanya anisoadehunu a,
Adɛn nti na aba biara nni mo nsɛm mu yi?
13 Wei na ɔbɔnefoɔ bɛnya afiri Onyankopɔn hɔ,+
Na wei ne agyapadeɛ a atirimuɔdenfoɔ bɛnya afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no hɔ.
15 Ne ho nnipa a ɛbɛka no, owuyareɛ na ɛbɛkunkum wɔn,
Na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.
16 Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfuturo,
Na ɔboaboa ntaade pa pii ano sɛ dɔteɛ de sie mpo a,
17 Boa deɛ, ɔbɛboaboa ano,
Nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ,+
Na nnipa a wɔn ho nni asɛm bɛkyɛ ne dwetɛ no afa.
19 Sɛ ɔrekɔda a ɔyɛ sikani, nanso ɔremmoaboa hwee ano;
Ɔbɛbue n’ani no, na hwee nni hɔ.