Hiob
34 Ɛnna Elihu toaa so kaa sɛ:
2 “Montie me nsɛm, mo a monim nyansa;
Montie me, mo a mowɔ nimdeɛ pii.
4 Momma yɛn ankasa nhwehwɛ mu nhunu deɛ ɛtene;
Momma yɛn ara yɛnkyerɛ deɛ ɛyɛ ma yɛn.
6 Mohwɛ a, mɛdi atorɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa atemmuo a ɛfata mma me anaa?
Mentoo mmara biara, nanso me kuro nni aduro.’+
7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob
A ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?
10 Enti mo a mowɔ nteaseɛ,* montie m’asɛm yi:
Ɛrentumi mma da sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne!+
Na ɛrentumi mma da sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛyɛ adebɔne!+
11 Deɛ onipa yɛ no, ɛno na ɔhwɛ ho tua no ka,+
Na sɛdeɛ onipa akwan teɛ no, ɛho nsunsuansoɔ na ɔde ba ne so.
16 Enti sɛ wowɔ nteaseɛ a, tie wei;
Yɛ aso tie deɛ mereka yi.
17 Deɛ ɔkyiri atɛntenenee na ɛsɛ sɛ ɔdi tumi anaa?
Anaa otumfoɔ a ɔtene no, wobɛbu no fɔ?
18 Wobɛtumi aka akyerɛ ɔhene sɛ, ‘Woyɛ nipahunu’?
Anaa wobɛka akyerɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ abɔnefoɔ’?+
20 Wɔtumi wu prɛko pɛ,+ anadwo dasuom;+
Wɔwoso biribiribiri, na wɔwu;
Atumfoɔ mpo, wɔyi wɔn firi hɔ, nanso ɛnyɛ nnipa nsa na ɛyɛ.+
23 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nhyɛɛ berɛ mmaa onipa biara
Sɛ ɔmmra n’anim mma ɔmmu no atɛn.
26 Wɔn bɔne nti, ɔbobɔ wɔn
Wɔ baabi a obiara bɛhunu,+
27 Ɛfiri sɛ wɔagyae n’akyiri die,+
Na wɔmfa n’akwan nyɛ hwee;+
28 Wɔma ohiani su frɛ no,
Na ɛma ɔte mmɔborɔwa nteamu.+
29 Sɛ Onyankopɔn yɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ?
Sɛ ɔde n’anim sie a, hwan na ɔbɛtumi ahu no?
Sɛ ɔde n’anim sie ɔman oo, sɛ ɔde sie onipa oo, ɛkɔsi hɔ ara.
30 Ɛremma onipabɔnefoɔ* nni tumi,+
Na ɛremma onipabɔnefoɔ nsum nkurɔfoɔ mfidie.
31 Wohwɛ a, obi bɛtumi aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ,
‘Menyɛɛ bɔne biara, nanso wɔatwe m’aso’?+
32 Wohwɛ a, obi bɛtumi aka sɛ, ‘Sɛ mayɛ biribi a mennim a, kyerɛ me;
Sɛ mayɛ bɔne bi a, merenyɛ bio’?
33 Wopɛ sɛ ɔma wo akatua a wopɛ, berɛ a woapo n’atemmuo?
Wo ara na wobɛkyerɛ, na ɛnyɛ me.
Enti deɛ wonim no yie no, ka kyerɛ me.