Hiob
20 Ɛnna Sofar+ a ɔfiri Naama no kaa sɛ:
2 “Me ho yera me,
Enti deɛ ɛrekɔ so wɔ me tirim no pusuu me sɛ menkasa.
4 Sɛdeɛ wonim biribiara yi deɛ, ɛnneɛ wonim wei dadaada,
Ɛfiri sɛ ɛfiri berɛ a wɔde onipa* too asaase so nyinaa saa ara na ɛteɛ;+
5 Ɛne sɛ, omumuyɛfoɔ nni ahurisie nkyɛ,
6 Sɛ ne kɛseyɛ kɔduru soro,
Na ne tiri kɔka mununkum mpo a,
7 Ɔbɛyera koraa te sɛ ɔno ara ne tiafi.
Wɔn a berɛ bi na wɔhu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
10 Ɔno ara ne mma bɛsrɛ ahiafoɔ sɛ wɔmmoa wɔn,
Na ɔno ankasa ne nsa bɛsan de n’ahonyadeɛ akɔ baabi a ɔnya firiiɛ.+
12 Sɛ adebɔne yɛ n’anom dɛ,
Na ɔde sie ne kɛtrɛma ase,
13 Sɛ ɔma ɛyɛ no dɛ, na wampu angu,
Na ɔma ɛkɔ so da n’anom a,
14 N’aduane bɛyɛ nwono wɔ ne yam;
Ɛbɛyɛ sɛ ɔprammire borɔ* wɔ ne mu.
15 Wamemene ahonyadeɛ, nanso ɔbɛfe aba;
Onyankopɔn bɛyi afiri ne yam.
17 Ɔrenhunu nsuo a ɛretene no da,
Ɛwoɔ ne bɔta a ɛrebu fa so sɛ nsuo no.
19 Ɛfiri sɛ watiatia ahiafoɔ so agya wɔn hɔ,
Na wagye efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.
20 Nanso n’asom rennwo no;
N’ahonyadeɛ rentumi nnye no.
21 Biribiara nni hɔ a aka a ɔbɛmene;
Ɛno nti na ne yiedie renkyɛ no.
22 Berɛ a wanya ahonyadeɛ ama abu so no, adwendwene bɛhyɛ ne so;
Mmusuo kɛseɛ bɛba ne so.
24 Sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a,
Kɔbere agyan bɛwɔ ne mu.
26 N’agyapadeɛ bɛyera wɔ esum kabii mu;
Egya a obiara mfite mu bɛhye no;
Obiara a waka wɔ ne ntomadan mu no, amanehunu bɛto no.
27 Ɔsoro bɛma ne mfomsoɔ ada adi;
Asaase bɛsɔre adi adanseɛ atia no.
29 Wei na nipabɔnefoɔ bɛnya afiri Onyankopɔn hɔ,
Wei ne agyapadeɛ a Onyankopɔn de ato hɔ ama no.”