Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto wɔ Seminit so. Dawid dwom.
6 O Yehowa, mfa abufuo nka m’anim,
Na mfa abufuhyeɛ ntene me so.+
2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mayɛ mmerɛ.
O Yehowa, sa me yareɛ,+ na me nnompe rewoso.
3 Maboto dodo;+
O Yehowa, mese, ɛnkɔsi da bɛn?+
4 O Yehowa, san bra bɛgye me;+
Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, gye me ɛ.+
5 Awufoɔ ntumi mmɔ wo din;
Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ wɔ Adamena mu?+
6 Masi apini abrɛ;+
Me nisuo fɔ me mpa anadwo mũ nyinaa;
Me nisuo yiri fa me kɛtɛ.+
7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ wisiwisi;+
Nkurɔfoɔ reteetee me nti m’ani so atan me.
8 Amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so nkɔ,
Na Yehowa bɛte me su.+
9 Yehowa bɛtie me nkotosrɛ;+
Yehowa bɛbua me mpaebɔ.
10 M’atamfo nyinaa ani bɛwu na ehu atɔ wɔn so;
Aniwuo nti, wɔbɛsan wɔn akyi prɛko pɛ.+