Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Maskil.* Dawid dwom.
2 Wɛn w’aso ma me, na gye me so.+
Wɔde mmusuo ba me so daa,
Na abufuo nti, wɔnya me ho menasepɔ.+
5 Ehu ne ahopopoɔ ahyɛ me so,
Na me ho woso biribiri.
6 Daa meka sɛ: “Sɛ mewɔ ntaban te sɛ aburuburo a,
Anka mɛtu akɔtena baabi a me ho bɛtɔ me.
7 Hwɛ! Anka mɛtu akɔ akyirikyiri;+
Anka mɛtena serɛ so.+ (Sela)
8 Anka mɛtu mmirika akɔ me dwankɔbea,
Afiri mframa kɛseɛ ne ahum no mu.”
9 O Yehowa, ma wɔn adwene ntu mfra, na ma wɔn agyinatuo nyɛ kwa,*+
Na mahunu aniɛdensɛm ne akasakasa wɔ kuro no mu.
Ɛnyɛ ɔtamfo na wasɔre atia me;
Anka mɛtumi de me ho ahinta no.
14 Ná woyɛ me yɔnko berɛboɔ;
Yɛne nnipadɔm bɔɔ anan kɔɔ Onyankopɔn fie.
Ma wɔmfa anikan nkɔ Adamena* mu,
Ɛfiri sɛ bɔne wɔ wɔn akoma mu ne baabi a wɔteɛ.
17 Meyɛ basaa anwummerɛ, anɔpa, ne awia, na mesi apini,*+
Na ɔte me nne.+
Wɔn deɛ, wɔrensesa;
Wɔnsuro Onyankopɔn.+
Ɔremma ɔteneneeni nhwe ase* da.+
23 Nanso wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amena mu tɔnn.+
Awudifoɔ* ne nkontompofoɔ renni wɔn nna mu fã.+
Me deɛ, mede me ho bɛto wo so.