Dwom
O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛseɛ paa.+
3 Nsuo mu na ɔbobɔɔ nnua wɔ wiem de sii ne dan;+
Ɔde mununkum ayɛ ne teaseɛnam,+
Na ɔnante mframa ntaban so.+
6 Wode subunu kataa ho sɛ ntoma.+
Mmepɔ atifi na na nsuo no gyina.
W’aprannaa mmobom nti, ɛde ahopopoɔ dwaneeɛ;
8 Mmepɔ memaa wɔn ho so,+ na abɔn nso sanesaneeɛ,
Ɛkɔɔ faako a woasiesie ama wɔn no.
10 Ɔsoma nsuo kɔ abɔn mu;
Ɛsene fa mmepɔ ntam.
11 Ɛma wuram mmoa nyinaa nya nsuo nom;
Serɛ so mfunumu de kum wɔn sukɔm.
12 Nnua a ɛsisi ho no, ɛso na wiem nnomaa yɛ wɔn mpirebuo;
Nnubaa no mu na wɔto dwom.
13 Woma nsuo firi wo dan mu bɛgugu mmepɔ so.+
Aba a ɛfiri wo nsam na ɛma asaase mee.+
14 Ɔma serɛ fifi ma anantwie,
Na afifideɛ pue ma adasamma;+
Ɔma asaase bɔ aduane,
15 Ɔma ɔdasani nya nsã* ma n’akoma ani gye,+
Ɔde ngo ma no ma n’anim yɛ sɔɔsɔɔ,
Asukɔnkɔn nso,+ wɔn fie wɔ papao nnua so.
22 Sɛ awia pue a,
Wɔsan wɔn akyi kɔbutubutu wɔn abɔn mu.
23 Onipa kɔ ne nnwuma so,
Na ɔyɛ adwuma kɔsi anwummerɛ.
24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso!+
Nyansa na wode ayɛ ne nyinaa.+
Wo nsa ano adwuma ahyɛ asaase so ma.
Wobue wo nsam a, wɔnya nneɛma pa di mee.+
29 Sɛ wode w’anim hinta a, wɔyɛ basaa;
Sɛ woyi wɔn honhom a, wɔwu na wɔsan kɔ dɔteɛ mu.+
31 Yehowa animuonyam bɛtena hɔ afebɔɔ.
Yehowa bɛdi ne nnwuma ho ahurisie.+
34 Ma deɛ medwendwene ho nyɛ no fɛ.*
Mɛdi Yehowa mu ahurisie.