-
Hesekiel 1:27, 28Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 Mehuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika ne dwetɛ a adi afra,+ na wohwɛ baabi a ayɛ sɛ n’asene rekɔ soro no a, na ɛte sɛ gya; ɛfiri n’asene reba fam nso, mehunuu biribi te sɛ gya.+ Ná ne ho nyinaa hyerɛn 28 te sɛ nyankontɔn+ a ɛwɔ mununkum mu sutɔ da. Saa na na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Ná ɛte sɛ Yehowa animuonyam.+ Berɛ a mehunuiɛ no, mede m’anim butuu fam, na metee sɛ obi rekasa.
-