Yesaia
27 Saa da no, Yehowa de ne sekan kɛseɛ dendeenden a ɛdi awuo no+
Bɛba Lewiatan* so, ɔwɔ a ne ho yɛ hare no.
Ɔde bɛba Lewiatan so, ɔwɔ a ɔkyinkyim ne ho no,
Na ɔbɛkum aboa kɛseɛ a ɔwɔ po mu no.
2 Ɛda no, monto dwom mma no* sɛ:
“Bobefuo* a emu nsã* pu ahuro!+
3 Me, Yehowa, me na mehwɛ no.+
Megugu ne so nsuo berɛ nyinaa.+
Mehwɛ no awia ne anadwo,
Na obi anyɛ no bɔne.+
Hwan na ɔde nkasɛɛ ne nwura bɛba m’anim wɔ ɛko mu?
Mɛtiatia so na mede gya ato ne nyinaa mu.
5 Gye sɛ ɔsɔ m’abandenden mu dendeenden.
Ma ɔne me mmɛka asomdwoeɛsɛm;
Asomdwoeɛsɛm na ɔne me mmɛka.”
6 Nna bi bɛba a Yakob bɛgye nhini,
Israel bɛfefɛ agu nhye rɛnee,+
Na wɔde nnɔbaeɛ bɛhyɛ asaase no so ma.+
7 Ɛsɛ sɛ wɔhwe no sɛdeɛ ne hwefoɔ hwee no no anaa?
Ɛsɛ sɛ wɔku no sɛdeɛ wɔkuu ne nkurɔfoɔ no anaa?
8 Sɛ worepamo no akɔ a, wobɛteam ne no adi asie.
Ɔbɛhu mframa denden apia no akɔ, ɛda a apueeɛ mframa bɛbɔ no.+
9 Enti saa kwan yi na wɔnam so bɛpata Yakob bɔne,+
Na sɛ wɔyi ne bɔne kɔ a, aba a ɛbɛfiri mu aba nyinaa nie:
Ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa
Ayɛ sɛ akaadoo a wɔayam,
Ɛhɔ na nantwie ba bɛdidi na wabutu
Awe ne mman.+
Ɛfiri sɛ ɔman yi nni nteaseɛ.+
Ɛno nti wɔn Yɛfoɔ no yam renhyehye no mma wɔn,
Na wɔn Nwemfoɔ no renhu wɔn mmɔbɔ.+
12 Saa da no, Yehowa bɛporo aba no afiri Asubɔnten no* ano akɔsi Egypt Subɔn+ ano. Na mo Israelfoɔ nso, wɔbɛtase mo mmaako mmaako.+ 13 Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛseɛ bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkoto Yehowa wɔ bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.+