Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 6:11, 12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?” Na ɔbuaa sɛ:

      “Ɛnkɔsi sɛ nkuro yi bɛsɛe adane amamfo a obi nte mu,

      Na afie ada mpan a nnipa nni mu,

      Na asaase no asɛe na ayɛ amamfo;+

      12 Ɛnkɔsi sɛ Yehowa bɛyi nnipa akɔ akyirikyiri,+

      Na asaase no adane amamfo koraa.

  • Yeremia 26:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda hene Hesekia berɛ so,+ na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie:

      “Wɔbɛfuntum Sion sɛ afusaase,

      Yerusalem bɛyɛ aboɔ akuakuo,+

      Na Efie no bepɔ* no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.”’+

  • Kwadwom 2:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo;+

      Wamene Israel.

      Wamemene n’aban atenten nyinaa;

      Wasɛe ne nkuro a ɛyɛ den no nyinaa.

      Wama awerɛhoɔ ne benabɔ adɔɔso wɔ Yuda babaa mu.

  • Hesekiel 36:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Enti O Israel mmepɔ, montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm! Wei na Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ, nkokoɔ, nsutene, abɔn, ne amamfo nkuro a ɛdeda mpan no;+ wɔn na aman a atwa ahyia no afom wɔn nneɛma adi wɔn ho fɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane