Yesaia
28 Due! Efraim asabofoɔ ahenkyɛ* kɛseɛ,*+
N’animuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren bi a ɛretwintwam
A wɔde abɔ kuro a ɛda asaase pa subɔn no atifi, baabi a wɔn a nsã* de wɔn ayɛ nkoa no teɛ no!
2 Hwɛ! Yehowa wɔ ɔhoɔdenfoɔ bi a ɔyɛ katakyie.
Na ɔbɛto ato fam ahoɔden so
Te sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ a aprannaa nam mu, te sɛ mframa gyampantrudu a ɛsɛe adeɛ,
Te sɛ nsuo a ɛretɔ dendeenden a aprannaa nam mu a ayiri rebu fa so.
4 Na n’animuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam
A wɔde abɔ kuro a ɛda asaase pa subɔn no atifi no,
Ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛdi kan ba ansa na ahuhuro berɛ aduru no.
Sɛ obi hunu a, ɔte, na ntɛm ara na wamene.
5 Saa da no, asafo Yehowa bɛyɛ sɛ animuonyam ahenkyɛ ne nhwiren abotire fɛfɛɛfɛ ama ne manfoɔ a wɔaka no.+ 6 Na ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama deɛ ɔtena ase bu atɛn, na wama wɔn a wɔbɔ kuro pono ho ban firi atamfo nsam no ahoɔden.+
Ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ nso, nsã a ɛborɔ ama wɔafom kwan;
Nsã* ama wɔn adwene atu afra.
8 Na ɛfeɛ pɔtɔɔ ayɛ wɔn apono so ma;
Baabiara nni hɔ a ebi nnie.
9 Hwan na obi bɛkyerɛ no nimdeɛ,
Na hwan na obi bɛma no ate asɛm no ase?
Wɔn a wɔtwaa wɔn nufoɔ nkyɛeɛ anaa?
Anaasɛ wɔn a afei ara na wɔate wɔn afiri nufoɔ ano?
11 Enti ɔnam wɔn a wɔworo dodoɔ* ne ahɔhoɔ kasa so na ɛbɛkasa akyerɛ ɔman yi.+ 12 Berɛ bi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahomegyebea nie. Momma deɛ wabrɛ nhome; ahotɔbea nie,” nanso wɔantie.+ 13 Enti wɔbɛbu Yehowa asɛm sɛ:
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔrenante a,
Wɔbɛsunti na wɔabu ahwe wɔn akyi,
Na wɔabubu wɔn na wɔatɔ fidie mu ama ayi wɔn.+
14 Ɛno nti, montie Yehowa asɛm, mo a mohoahoa mo ho,
Mo a modi ɔman yi so wɔ Yerusalem,
15 Na moaka sɛ:
Sɛ nsuo a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,
Ɛremma yɛn so,
Ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwankɔbea,
Na yɛde nkontompo ayɛ yɛn hintabea.”+
16 Enti deɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka nie:
“Mede boɔ a wɔasɔ ahwɛ+ reto fapem wɔ Sion,
Na obiara a ɔnya mu gyidie no remmɔ hu.+
Asukɔtweaa bɛpra atorɔ dwankɔbea no akɔ,
Na nsuo ayiri afa hintabea no.
Sɛ nsuo a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,
Ɛbɛtwi afa mo so.
Ehu nko ara na ɛbɛma wɔate deɛ wɔteeɛ no ase.”*
20 Mpa no yɛ tia, enti obi ntumi ntene ne nan mu wɔ so,
Na ntoma* no sua, enti ɛntumi nkata ne ho nyinaa.
21 Na Yehowa bɛsɔre agyina sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Perasim Bepɔ so no;
Ɔbɛwoso ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon bɔn mu* no,+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ n’adeɛ, n’anwanwadeɛ no,
Na wadi ne dwuma, n’anwanwadwuma no.+
Na wɔansan ammia mo ahoma no mu,
Ɛfiri sɛ mate afiri Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa hɔ sɛ,
Wasi gyinaeɛ sɛ ɔbɛsɛe asaase no nyinaa pasaa.+
23 Monyɛ aso na montie me;
Monyɛ komm na montie deɛ mɛka.
24 Okuafoɔ funtum asaase da mu nyinaa ansa na wagu aba anaa?
Ɔfuntum asaase siesie so daa anaa?+
25 Sɛ ɔsiesie asaase no ani wie a,
Ɔpete pɛprɛ wɔ so na ɔdua nketenkete* wɔ so, ɛnte saa?
Ɔdua hwiit ne ayuo* ne baali* wɔ baabi a wɔatwa ato hɔ, ɛnte saa?
Mmom abaa na wɔde boro pɛprɛ,
Na poma na wɔde boro nketenkete.
28 Sɛ obi reboro hwiit* a ɔde bɛyɛ paanoo a, ɔboro ma ɛyɛ muhumuhu anaa?