Yesaia
43 Afei asɛm a Yehowa,
Deɛ ɔbɔɔ wo, O Yakob, deɛ ɔnwenee wo, O Israel,+ aka nie;
“Nsuro, na magye wo.+
Mabɔ wo din afrɛ wo.
Woyɛ me dea.
Sɛ wofa egya mu a, ɛrenhye wo,
Na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.
3 Ɛfiri sɛ mene Yehowa wo Nyankopɔn,
Israel Kronkronni no, wo Gyefoɔ no.
Mede Egypt ayɛ agyedeɛ ama wo,
Na mede Etiopia ne Seba asi w’ananmu.
Ɛno nti mede nnipa bɛsi w’ananmu,
Na mede aman asi wo nkwa* ananmu.
5 Nsuro, ɛfiri sɛ meka wo ho.+
6 Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Gyaa wɔn!’+
Na maka akyerɛ anaafoɔ fam sɛ, ‘Nnye wɔn nka hɔ.
Fa me mma mmarima firi akyirikyiri bra, na fa me mma mmaa firi asaase ano bra,+
Ne deɛ mabɔ no de ahyɛ me ho animuonyam,
Deɛ manwene no, ne deɛ mayɛ no biara.’+
Wɔn mu hwan na ɔbɛtumi aka wei?
Anaa wɔbɛtumi ama yɛate kane nneɛma* no ho asɛm?+
Ma wɔmfa wɔn adansefoɔ mmra na wɔmfa mmɛbu wɔn ho bem,
Anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokorɛ!’”+
10 Yehowa asɛm nie: “Mone m’adansefoɔ,+
Aane, m’akoa a mayi no,+
Na ama moahunu, na moagye me adi,*
Na moahunu sɛ me ara mene no.+
Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,
Na m’akyi nso, obi nni hɔ.+
11 Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ɔgyefoɔ biara nni hɔ.”+
12 Yehowa asɛm nie: “Me na mekaeɛ, na megyee nkwa, na memaa wɔteeɛ,
Berɛ a na onyame foforɔ biara nni mo mu no.+
Enti mone m’adansefoɔ, na mene Onyankopɔn.+
Sɛ mekeka me ho a, hwan na ɔbɛtumi asi me kwan?”+
14 Yehowa, mo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni+ no asɛm nie:
“Mo nti, mɛsoma akɔ Babilon akɔbubu apono akyi nnadeɛ nyinaa,+
Na ahoyera nti, Kaldeafoɔ a wɔte po so ahyɛn mu no bɛsu buei! buei!+
15 Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfo+ no, mo Hene+ no.”
16 Deɛ Yehowa
A ɔpae kwan to po mu,
Deɛ ɔyi kwan to nsuo a ɛrebu fa so mu,+
17 Deɛ ɔma ɛko nteaseɛnam ne apɔnkɔ firi adi,+
Na ɔma asraafoɔdɔm ne mmarima a wɔnim ko firi adi no aka nie:
“Wɔbɛda fam, na wɔrensɔre.+
Wɔbɛdum wɔn, wɔbɛdum wɔn te sɛ deɛ wɔdum ntomaban a ɛredɛre.”
18 “Monnkae kane nneɛma no,
Na monnnwene tete nneɛma ho.
Monhunu anaa?
20 Wuram mmoa bɛhyɛ me animuonyam,
Sakraman ne nsohori,
Ɛfiri sɛ mɛma nsuo aba serɛ so,
Na nsubɔnten asene anwea pradadaa so,+
Na me man, deɛ mayi no+ no, anom,
21 Ɔman a manwene wɔn afa no,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛka m’ayeyie akyerɛ.+
23 Womfaa odwan mmɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mmaa me,
Na womfaa w’afɔreɛ nhyɛɛ me animuonyam.
Na mmom wo bɔne ayɛ adesoa wɔ me so,
Na wo mfomsoɔ ama mabrɛ.+
26 Kaakae me; ma yɛnhyia nni asɛm;
Ka w’asɛm na fa kyerɛ sɛ wodi bem.