Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 30:1-3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ no aman a Yehowa wo Nyankopɔn apamo wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfoɔ a wɔakɔdi aman foforɔ so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ so no nyinaa mu.+

  • Dwom 106:47
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+

      Boaboa yɛn ano firi amanaman no nsam+

      Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,

      Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.*+

  • Yesaia 66:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa mu abrɛ Yehowa+ sɛ akyɛdeɛ. Wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, ɛko nteaseɛnam mu, nteaseɛnam a wɔakuru so mu, ne mfunumupɔnkɔ ne yoma a wɔn ho yɛ hare so, na wɔaba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn akyɛdeɛ gu adeɛ* a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,” Yehowa na aka.

  • Hesekiel 36:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Mɛyi mo afiri aman so na maboaboa mo ano afiri nsaase nyinaa so de mo asan aba mo asaase so.+

  • Mika 2:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 O, Yakob, mɛboaboa mo nyinaa ano:

      Mɛboaboa Israelfoɔ a aka no nyinaa ano.+

      Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nnwan a wɔwɔ nnwammuo mu,

      Te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea;+

      Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+

  • Sakaria 8:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛgye me man afiri apueeɛ asaase so ne atɔeɛ asaase so.*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane