Yesaia
45 Sei na Yehowa aka akyerɛ Kores, deɛ wasra no no,+
Deɛ masɔ ne nsa nifa mu+
Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+
Na magye ahemfo akodeɛ,*
Na mabue apono a ɛbɔ ho mmienu wɔ n’anim,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrento kuro apono no mu no:
Mɛbubu kɔbere apono mu,
Na mɛtwitwa apono akyi nnadeɛ mu.+
3 Mede agyapadeɛ a ɛwɔ sum mu
Ne agyapadeɛ a ahinta bɛma wo,+
Na ama woahunu sɛ mene Yehowa,
Israel Nyankopɔn no, deɛ wabɔ wo din afrɛ wo no.+
4 M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti,
Mebɔɔ wo din frɛɛ wo.
Memaa wo edin kɛseɛ, ɛwom sɛ na wonnim me.
5 Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.
Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho.+
Mɛhyɛ wo den,* ɛwom sɛ wonnim me,
6 Na ama nnipa ahunu sɛ
Ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ*
Obiara nni hɔ ka me ho.+
Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+
7 Me na mebɔ hann+ na mebɔ sum,+
Mebɔ asomdwoeɛ+ na mede mmusuo ba;+
Me, Yehowa, na meyɛ weinom nyinaa.
Momma asaase mu mmue na ɛnso nkwagyeɛ,
Na ɛmma tenenee mfifi wɔ berɛ korɔ no ara mu.+
Me, Yehowa, na mebɔeɛ.”
9 Deɛ ɔne ne Yɛfoɔ* di asie* no nnue,
Ɛfiri sɛ ɔyɛ kukuo sini kɛkɛ
A ɛka kukuo asinasini foforɔ a ɛgu fam ho!
Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔteɛ ka kyerɛ ne Nwemfoɔ* sɛ: “Deɛn na woreyɛ yi?”+
Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wonni nsa”?*
10 Ɔnnue, deɛ ɔbisa agya sɛ: “Deɛn na wowoeɛ?”
Na ɔbisa ɔbaa sɛ: “Ɛdeɛn na woawo yi?”*
11 Deɛ Yehowa, Israel Kronkronni no,+ ne Nwemfoɔ no seɛ nie:
“Mo na mobɛbisa me deɛ ɛbɛba?
Anaa mo na mobɛkyerɛ me deɛ menyɛ wɔ me mma+ ne me nsa ano adwuma ho?
12 Me na meyɛɛ asaase+ na mebɔɔ onipa too so.+
Ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,+
Na ɔbɛgyaa me nkurɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii wɔn man mu no.+ Ɔrennye akatua anaa adanmudeɛ* biara,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
14 Deɛ Yehowa aka nie:
Wɔbɛdi w’akyi berɛ a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn.
Wɔbɛba wo nkyɛn na wɔabɛkoto wo.+
Wɔbɛbɔ wo mpaeɛ aka sɛ, ‘Ampa, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+
Na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ.’”
17 Nanso Israel deɛ, Yehowa de daa nkwagyeɛ bɛgye no.+
Mo ani renwu, na mo anim rengu ase da biara da.+
18 Ɛfiri sɛ Yehowa,
Deɛ ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokorɛ Nyankopɔn no,
Deɛ ɔnwenee asaase, na ɔyɛeɛ, na ɔde tim hɔ,+
Deɛ wammɔ no kwa* na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so+ no, n’anom asɛm nie:
“Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.
19 Mankasa wɔ ahintaeɛ mu,+ asaase a esum wɔ soɔ so;
Manka ankyerɛ Yakob asefoɔ* sɛ,
‘Monhwehwɛ me kwa.’*
Mene Yehowa, deɛ ɔka asɛntenenee, na ɔka deɛ ɛtene.+
20 Mommoa mo ano na mommra.
Montwe mmɛn, mo a moadwane afiri amanaman mu.+
Wɔn a wɔsoso ahoni a wɔde dua ayɛ
Na wɔbɔ onyame a ɔntumi nnye wɔn nkwa mpaeɛ no, wɔnnim hwee.+
21 Monkasa, momfa mo asɛm nto dwa.
Momma wɔmmom ntu agyina.
Hwan na ɔkaa weinom too hɔ firi teteete,
Na ɔkaa ho asɛm firi tete?
Ɛnyɛ me Yehowa?
M’akyi no, Onyankopɔn foforɔ biara nni hɔ;
22 Mo a mowɔ asaase afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na monnya nkwa,+
Ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+
Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,
Kɛtrɛma nyinaa bɛka ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ ama me+
24 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ampa, Yehowa mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.
Wɔn a wɔn bo afu no nyinaa de aniwuo bɛba n’anim.