Yesaia
46 Bel butu hɔ,+ na Nebo abɔ ne mu ase.
Wɔde wɔn ahoni asoa mmoa, wɔde asoa mmoa a wɔde wɔn soa nneɛma,+
Te sɛ nnesoa duruduro a wɔde asoa mmoa a wɔabrɛ.
2 Wɔbɔ wɔn mu ase, na wɔbom butu hɔ;
Wɔrentumi nnye wɔn nnesoa no,*
Na wɔn ankasa* nso, wɔbɛkye wɔn akɔ.
3 “Montie me, O Yakob fie, ne mo a moaka wɔ Israel fie nyinaa,+
Mo a meboaa mo firii awoɔ mu, na mesoaa mo firii yafunu mu no.+
Sɛdeɛ mayɛ no, mɛturu wo, mɛsoa wo, na magye wo.+
Wɔbɔ ɔtomfoɔ paa, na ɔde yɛ onyame.+
Afei wɔbɔ wɔn mu ase, aane, wɔsom no.*+
Ɛntumi ntu ne nan nkɔ baabiara.+
Wɔteam frɛ no, nanso ɛmmua;
Ɛrentumi nnye obi mfiri amanehunu mu.+
8 Monkae wei na monnya akokoɔduro.
Momfa nhyɛ mo akomam, mo mmaratofoɔ.
Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.+
11 Mɛfrɛ ɔkɔdeɛ kɛseɛ afiri apueeɛ,*+
Na mɛfrɛ ɔbarima bi afiri akyirikyiri; ɔno na ɔbɛma me gyinaeɛsie* aba mu.+
Makasa, na mɛma no aba mu.
Mabɔ me tirim, na mɛyɛ nso.+
12 Montie me, mo a mo akoma apirim,
Mo a mo ne tenenee ntam kwan ware.
Mede nkwagyeɛ bɛba Sion, na mede m’animuonyam ama Israel.”+