Yesaia
20 Afe a Asiria hene Sargon somaa Tartan* kɔɔ Asdod+ no, ɔne Asdod koe, na ɔfaa kuro no.+ 2 Saa berɛ no, Yehowa nam Amus ba Yesaia+ so kaa sɛ: “Kɔ na kɔyi awerɛhoɔ ntoma* no firi w’asene, na worɔ wo nan ase mpaboa.” Ɔyɛɛ saa, na ɔde adagya nantee.* Ná ɔnhyɛ mpaboa.
3 Na Yehowa kaa sɛ: “Sɛdeɛ m’akoa Yesaia de adagya nantee mfeɛ mmiɛnsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakye wɔn afiri Egypt,+ ne Etiopiafoɔ a wɔatu wɔn afiri wɔn man mu, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagya mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho bɛgu hɔ, na Egypt bɛda adagya.* 5 Na wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da ne so ne Egypt a wɔde hoahoa wɔn ho no nti.* 6 Saa da no, nnipa a wɔte mpoano asaase yi so bɛka sɛ, ‘Monhwɛ deɛ ato wɔn a yɛde yɛn ani too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔtoaa wɔn sɛ wɔnnye yɛn mfiri Asiria hene nsam no! Afei yɛbɛyɛ dɛn adwane?’”