Hesekiel
41 Afei ɔde me baa kronkronbea* hɔ, na ɔsusuu ɛho adum no. Ná ɛfã baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa* nsia, na ɛfã baako nso tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia. 2 Ná ɛkwan a ɛda ano no tɛtrɛtɛ yɛ basafa du, na adum a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no yɛ basafa nnum wɔ ɛfã ha, ɛnna basafa nnum nso wɔ ɛfã ha. Ɔsusuu ɛdan no tenten, na na ɛyɛ basafa 40, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa 20.
3 Afei ɔkɔɔ mu* kɔsusuu ɛkwan no ano adum no; ná ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ɛkwan no nso, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia, na ɛkwan no ano adum no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nson. 4 Afei ɔsusuu ɛdan a ne kwan hwɛ kronkronbea no; ná ne tenten yɛ basafa 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 20.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne Kronkron Mu Kronkronbea no.”+
5 Ɛnna ɔsusuu asɔredan no fasuo, na na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nsia. Nkyɛnmu mpia no, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan.+ 6 Ná nkyɛnmu mpia no yɛ aborosan a ɛtoa so mmiɛnsa; ɛfã biara, mpia 30 na ɛwɔ hɔ. Ná wɔayeyɛ biribi ahyehyɛ ɛdan no mu a ɛkurakura mpia no, nanso na ɛmpue.+ 7 Akwan* mmienu na wɔfa so foro kɔ mpia no mu; baako wɔ asɔredan no fã ha na baako nso wɔ ɛfã nohoa. Akwan no nwonwan;+ aseɛ hɔ mpia no mu na ɛfiri kɔfa mfimfini deɛ no mu kɔ soro, na ɛrekɔ soro nyinaa na emu retrɛ.
8 Mehuu sɛ bamma bi atwa asɔredan no ho nyinaa ahyia. Nkyɛnmu mpia no fapem, ɛfiri fam kɔsi ne ntwea so yɛ demmire baako, kyerɛ sɛ, basafa nsia. 9 Fasuo a ɛwɔ nkyɛnmu mpia no akyi tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na na ɛkwan* da asɔredan no nkyɛnmu mpia ho a ɛka dan no ho.
10 Ɛkwan a ɛdeda asɔredan no ne adidibea no ntam no+ yɛ basafa 20 wɔ ɛfã biara. 11 Ɛfiri nkyɛnmu mpia no so bɛsi baabi a wɔagya ato hɔ no, apono ano kwan da hɔ; baako hwɛ atifi fam na baako hwɛ anaafoɔ fam. Baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnum, na ɛtwa ɛdan no ho hyia.
12 Ɛdan a ɛwɔ atɔeɛ fam a ɛhwɛ baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 70, na ne tenten yɛ basafa 90. Ɛdan no fasuo pipiripie yɛ basafa nnum wɔ baabiara.
13 Ɔsusuu asɔredan no; ná ne tenten yɛ basafa 100. Baabi a wɔagya ato hɔ no ne ɛdan no* ne n’afasuo no nso tenten yɛ basafa 100. 14 Asɔredan no anim a ɛhwɛ apueeɛ fam ne baabi a wɔagya ato hɔ no tɛtrɛtɛ yɛ basafa 100.
15 Ɔsusuu ɛdan no akyi, deɛ ɛhwɛ baabi a wɔagya ato hɔ no ne n’abrannaa a ɛwɔ ɛfã ha ne ɛfã ha no; ná ne tenten yɛ basafa 100.
Afei ɔsusuu Kronkronbea no, Kronkron Mu Kronkronbea no,+ ne adihɔ hɔ abrannaa no nyinaa, 16 ɛne apono no ano kwan, mpomma a aka apua,+ ne abrannaa a ɛwowɔ mmeaeɛ mmiɛnsa no nyinaa. Ná wɔde nnua asɛm ɛpono no ano nyinaa ahyia,+ ɛfiri fam kɔpem mpomma no ano, na na wɔde adeɛ agye mpomma no ho. 17 Ɔsusuu ɛpono no atifi, asɔredan no mu ne akyire, ne ɛdan no ho nyinaa hyiaeɛ. 18 Ná wɔayeyɛ kerubim+ ne mmɛdua agu dan no ho nyinaa,+ na abɛdua baako wɔ kerubim mmienu biara ntam; kerubim no biara wɔ anim mmienu. 19 Ná anim a ɛyɛ onipa anim no kyerɛ abɛdua no fã ha, ɛnna anim a ɛyɛ gyata* anim no kyerɛ abɛdua no fã ha;+ wɔayeyɛ wɔ asɔredan no mu nyinaa. 20 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmɛdua wɔ asɔredan no ho, ɛfiri fam kɔpem ɛpono no atifi.
21 Asɔredan no aponnwa* no afã nnan nyinaa yɛ pɛ.+ Ná biribi wɔ kronkronbea* no anim te sɛ 22 afɔrebukyia a wɔde dua ayɛ,+ na ɛfiri soro bɛsi fam yɛ basafa mmiɛnsa, na ne tenten yɛ basafa mmienu. Ɛwɔ adum wɔ ne ntwea so, na wɔde dua ayeyɛ aseɛ* ne ne nkyɛnmu nyinaa. Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei ne ɛpono a ɛsi Yehowa anim no.”+
23 Asɔredan no Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no, apono mmienu na na ɛda ebiara ano.+ 24 Apono a ɛda ano no mu biara bɔ ho mmienu, na ɛtumi bue kɔ animu ne akyire. 25 Ná wɔayeyɛ kerubim ne mmɛdua agu asɔredan no apono ho, te sɛ deɛ wɔayɛ no ɛdan no ho no.+ Afei nso, na wɔabobɔ nnua* akata abrannaa a ɛwɔ akyire hɔ no atifi. 26 Ná mpomma a aka apua+ nso wowɔ abrannaa no ho, na na wɔayeyɛ mmɛdua agu abrannaa no ho wɔ ɛfã ha ne ɛfã ha. Ná wɔayeyɛ bi nso agu asɔredan no nkyɛnmu mpia ne abrannaa no akyi nkatasoɔ no ho.