Hesekiel
8 Afe a ɛtɔ so nsia, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so nnum a mete fie na Yuda mpanimfoɔ tete m’anim no, Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom* baa me so wɔ hɔ. 2 Afei mehuu obi a ɔte sɛ gya; ɛfiri baabi a ayɛ sɛ n’asene reba fam no yɛ gya,+ na ɛfiri n’asene rekɔ soro nso mehuu biribi a ɛhyerɛn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra.+ 3 Na ɔtenee biribi a ɛte sɛ nsa de sɔɔ me tiri nwi mu, na honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn anisoadehunu mu, na ɛde me faa asaase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem kɔpuee ɛponkɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam no ano; ɛno na ɛkɔ adihɔ a ɛwɔ mfimfini no.+ Ɛhɔ na na ninkuntwe bosom* a ɛma Onyankopɔn twe ninkunu no si.+ 4 Na mehuu Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ+ te sɛ deɛ mehuu no asaasetraa no so no.+
5 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ atifi fam.” Ɛnna memaa m’ani so hwɛɛ atifi fam, na mehuu ninkuntwe bosom* bi sɛ ɛsi afɔrebukyia no pono ano wɔ atifi fam. 6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha?+ Nneɛma yi ama matwe me ho afiri me kronkronbea no ho kɔ akyirikyiri.+ Nanso wobɛhu akyiwadeɛ a ɛkyɛn wei koraa.”
7 Ɛnna ɔde me kɔɔ adihɔ pono no ano, na mehuu tokuro bi wɔ fasuo no mu. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma tokuro a ɛwɔ fasuo no mu nyɛ kɛseɛ.” Enti metuu fasuo no mu maa tokuro no yɛɛ kɛseɛ, na mehuu ɛpono bi wɔ hɔ. 9 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ mu kɔhwɛ akyiwadeɛ paa a wɔreyɛ wɔ hɔ.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehuu mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwunu+ nyinaa bi ne Israel fie abosom fĩ* nyinaa+ mfoni* wɔ fasuo no ho baabiara. 11 Ná Israel fie mpanimfoɔ 70 a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina fasuo no anim. Ná obiara kura adeɛ a wɔhye aduhwam wom, na na aduhwam no wisie reforo kɔ soro.+ 12 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ no reyɛ wɔ sum mu? Obiara hyɛ pia mu, baabi a n’abosom wɔ. Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agya asaase no hɔ.’”+
13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Wobɛhu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛkyɛn wei koraa a wɔreyɛ.” 14 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fie pono a ɛhwɛ atifi fam no ano, na mehuu sɛ mmaa bi tete hɔ resu onyame Tamus.
15 Na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ ɛrekɔ so? Wobɛhu akyiwadeɛ akɛseɛ a ɛkyɛn wei koraa.”+ 16 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fie adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no.+ Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔrebukyia no ntam no, mehuu mmarima 25 a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie no na wɔn anim hwɛ apueeɛ fam sɛ wɔrekoto awia wɔ apueeɛ fam.+
17 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu deɛ ɛrekɔ so? Ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha yi? Wɔde amumuyɛ ahyɛ asaase no so ma+ na wɔrehyɛ me abufuo. Afei deɛ wɔde dubaa* no rebɛhyɛ me hwene mu. 18 Me nso, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhu wɔn mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wɔn. Sɛ wɔsu teateam gu m’asom mpo a, merentie wɔn.”+