Amos
1 Amos* a ɔka Tekoa nnwanhwɛfoɔ ho no nsɛm nie.+ Ɔnyaa nsɛm no berɛ a ɔnyaa anisoadehunu bi faa Israel ho no. Ɔnyaa no wɔ Yuda hene Usia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no berɛ so, mfeɛ mmienu ansa na asaasewosoɔ no reba.+ 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa bɛbobom wɔ Sion,
Na ɔbɛteam wɔ Yerusalem.
3 “Deɛ Yehowa aka nie,
‘“Damasko bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔde dadeɛ a wɔde poro ayuo faa Gilead so.+
5 Mɛbubu nnadeɛ a ɛgu Damasko apono akyi;+
Mɛsɛe wɔn a wɔtete Bikat-Awen,
Ne deɛ ɔdi hene* wɔ Bet-Eden no.
Na wɔbɛtu Siriafoɔ ase akɔ Kir,”+ Yehowa asɛm nie.’
6 Deɛ Yehowa aka nie,
‘“Gasa bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu+ kɔmaa Edom.
8 Na mɛsɛe wɔn a wɔtete Asdod,+
Ne deɛ ɔdi hene* wɔ Askelon no;+
Na mɛtene me nsa wɔ Ekron so,*+
Na Filistifoɔ a aka no bɛyera,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’
9 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Tiro bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afiri wɔn man mu kɔmaa Edom,
Na wɔankae anuanom apam no.+
11 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Edom bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ ɔde sekan dii ɔno ara ne nua akyi,+
Na wanhu no mmɔbɔ.
Ɔde abufuo tetee wɔn mu daa,
Na ne bo fuu wɔn dendeenden berɛ nyinaa.+
13 Deɛ Yehowa aka nie,
‘“Ammonfoɔ bɔne* a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔpaapaee Gilead mmaa a wɔnyem mu de trɛɛ wɔn ahyeɛ mu.+
14 Enti mede egya bɛto Raba fasuo mu,+
Na ɛbɛhye n’aban a ɛyɛ den no.
Berɛ a ɛko nteateamu rekɔ so ɛko da no,
Berɛ a mframa kɛseɛ rebɔ ɛda a ahum bɛtu no.
15 Na wɔbɛtu wɔn hene ase akɔ obi man so, ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa,”+ Yehowa asɛm nie.’