Mika
Ɛnyɛ mo na anka ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛtene?
3 Mowe me nkurɔfoɔ honam nso,+
Na moworɔ wɔn wedeɛ firi wɔn ho,
Mobubu wɔn nnompe mu, na motwitwa mu nketenkete,+
Te sɛ nnompe a wɔde gu dadesɛn* mu noa, te sɛ nam a ɛgu kwansɛn mu.
4 Saa berɛ no, wɔbɛsu afrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn,
Nanso ɔremmua wɔn.
5 Wei ne asɛm a Yehowa aka atia adiyifoɔ a wɔdi me nkurɔfoɔ anim ma wɔfom kwan no,+
Wɔn a wɔnya biribi de wɔn se ka* a,+ wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ!’+
Nanso sɛ obi amfa biribi anhyɛ wɔn anom a, wɔde ɛko tentam no:*
6 ‘Adeɛ bɛsa mo;+ morennya anisoadehunu biara;+
Esum nko ara na ɛbɛba mo so, na morenhyɛ nkɔm a ɛyɛ atorɔ bio.
Awia bɛtɔ wɔ adiyifoɔ no so,
Na adekyeeɛ adane sum ama wɔn.+
Wɔn nyinaa bɛkata wɔn mfemfem so,*
Ɛfiri sɛ wɔrennya mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ.’”
8 Nanso me deɛ, Yehowa honhom ama tumi ayɛ me ma;
Ama atɛntenenee ne akokoɔduro ayɛ me ma,
Sɛ menka Yakob atuateɛ nkyerɛ no, na memma Israel nhunu ne bɔne.
9 Mepa mo kyɛw montie wei, mo, Yakob fie atitire
Ne mo, Israel fie atumfoɔ,+
Mo a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,+
10 Mo a mode mogyahwieguo kyekyere Sion na mode amumuyɛ kyekyere Yerusalem.+
Nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so* ka sɛ:
“Ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho yi?+
Mmusuo biara remma yɛn so.”+