Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
2 Enti wo, onipa, sɛ woyɛ hwan mpo,+ na sɛ wobu atɛn a, wonni anoyie biara. Sɛ wobu obi atɛn a, wobu wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo nso, wokɔ so yɛ nneɛma korɔ no ara bi.+ 2 Yɛnim sɛ Onyankopɔn atemmuo yɛ nokorɛ, na ɛda hɔ ma wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no.
3 Na wo onipa, sɛ wobu wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no atɛn, na berɛ korɔ no ara woyɛ bi a, wogye di sɛ wobɛtumi adwane Onyankopɔn atemmuo anaa? 4 Adɛn, wonnim sɛ Onyankopɔn ayamyɛ nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wonya adwensakra+ anaa? Ɛno nti na wobu n’ayamyɛ,+ ne ntoboaseɛ,+ ne n’aboterɛ+ bebrebe no animtia no anaa? 5 Nanso w’akoma a ɛyɛ den na apirim no nti, woreboaboa abufuo ano aba wo so abufuo da no ne ɛda a Onyankopɔn bɛyi n’atemmuo a ɛtene no adi no.+ 6 Na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ:+ 7 Wɔn a wɔde animia yɛ nnwuma pa, a wɔnam so hwehwɛ animuonyam ne anidie ne deɛ ɛmporɔ+ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; 8 nanso wɔn a wɔpɛ ntɔkwa a wɔntie nokorɛ no na wɔyɛ nneɛma bɔne no, asotwe ne abufuo bɛba wɔn so.+ 9 Obiara* a ɔyɛ adebɔne no, amanehunu ne ɔhaw bɛba ne so; Yudani na ɛdi kan, na afei Greeceni adi hɔ; 10 nanso obiara a ɔyɛ adepa no, ɔbɛnya animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ; Yudani na ɛdi kan,+ na afei Greeceni adi hɔ.+ 11 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.+
12 Na wɔn a wɔnni mmara a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nso wɔbɛsɛe wɔn;+ na wɔn a wɔhyɛ mmara ase a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, wɔde saa mmara no na ɛbɛbu wɔn atɛn.+ 13 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtie mmara no, ɛnyɛ wɔn na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom wɔn a wɔdi mmara so no, wɔn na wɔbɛbu wɔn ateneneefoɔ.+ 14 Sɛ amanaman mufoɔ a wɔnni mmara+ no firi awoɔ mu yɛ nneɛma a ɛwɔ mmara no mu a, ɛwom, saa nnipa yi nni mmara deɛ, nanso deɛ wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ankasa. 15 Deɛ wɔn ankasa yɛ no kyerɛ sɛ, wɔatwerɛ nneɛma a ɛwɔ mmara no mu no wɔ wɔn akomam. Na wɔn ahonim* nso di wɔn adanseɛ, na wɔn ankasa nsusuiɛ bu wɔn fɔ anaa ɛbu wɔn bem. 16 Wei bɛba ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu nneɛma a nnipa de asie ho atɛn,+ sɛdeɛ asɛmpa a meka no teɛ no.
17 Sɛ wɔfrɛ wo Yudani,+ na wode wo ho to mmara so, na wode Onyankopɔn hoahoa wo ho, 18 na wonim n’apɛdeɛ, na wogye nneɛma a ɛho hia paa* no tom ɛsiane sɛ wɔde Mmara no akyerɛkyerɛ wo nti,+ 19 na wogye di sɛ wokyerɛ anifirafoɔ kwan, na woyɛ hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu, 20 na wotete* wɔn a wɔnni adwene,* na wokyerɛkyerɛ mmɔfra nkumaa, na wote Mmara no mu nsɛntitire ase, na wonim nokwasɛm a ɛwɔ Mmara no mu a, 21 wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?+ Wo a woka sɛ, “Mmɔ korɔno”+ no, wobɔ korɔno anaa? 22 Wo a woka sɛ, “Nsɛe awareɛ”+ no, wosɛe awareɛ anaa? Wo a wokyiri abosom no, wowia abosom dan mu nneɛma anaa? 23 Wo a wode mmara hoahoa wo ho no, woto Mmara no de bu Onyankopɔn animtia anaa? 24 Na “mo nti, wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ wɔatwerɛ no.+
25 Nokorɛm no, sɛ twetiatwa*+ so bɛba mfasoɔ a, gye sɛ wodi mmara so.+ Nanso sɛ wobu mmara so a, na wo twetiatwa no abɛyɛ sɛ deɛ wontwaa twetia. 26 Ne saa nti, sɛ obi a ɔntwaa twetia+ di nneɛma a ɛtene a Mmara no hwehwɛ no so a, wɔbɛbu no sɛ obi a watwa twetia, ɛnte saa?+ 27 Sɛ obi a ɔntwaa twetia wɔ honam mu di Mmara no so, na sɛ wo a woatwa twetia a wonim mmara a wɔatwerɛ no, wobu so a, ɔbɛbu wo fɔ. 28 Yɛka Yudani ankasa a, ɛnyɛ ani so deɛ,+ na yɛka twetiatwa nso a, ɛnyɛ ani so deɛ anaa honam mu deɛ.+ 29 Na mmom Yudani ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu,+ na ne twetiatwa nso yɛ akomam deɛ+ a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ so.+ Saa nipa no ayeyie firi Onyankopɔn, na ɛmfiri nnipa.+