Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
4 Yɛpɛ sɛ nnipa hu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ* ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron so ahwɛfoɔ.*+ 2 Wei mu no, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ wɔbɛhu sɛ ɔdi nokorɛ. 3 Na me deɛ, ɛho nhia me pii sɛ mo anaa nnipa badwa* bi bɛsi me ho nkonnwa ahwehwɛ m’asɛm mu.* Deɛ ɛwom ne sɛ, me ara mpo, menhwehwɛ me mu. 4 Ɛfiri sɛ menhu asɛm biara a ɛwɔ me ho. Nanso wei nkyerɛ sɛ meyɛ ɔteneneeni. Deɛ ɔhwehwɛ me mu* ne Yehowa.*+ 5 Enti mommmu biribiara ho atɛn+ ansa na berɛ no aduru, kɔsi sɛ Awurade bɛba. Ɔno na ɔde deɛ ahinta wɔ sum mu bɛba hann mu, na wayi akomam nsɛm adi; ɛno na afei obiara bɛnya n’ayeyie a ɛfata no afiri Onyankopɔn hɔ.+6 Afei anuanom, mo yie mu nti na maka asɛm yi afa me ne Apolo+ ho, na monam yɛn so asua saa asɛm yi: “Monnyɛ adeɛ nntra deɛ wɔatwerɛ no,” na moamma mo ho so+ ampɛ obi asɛm ankyɛn ne yɔnko. 7 Na hwan na ɔma wokyɛn obi? Ɛdeɛn koraa na wowɔ a woannya?+ Na sɛ nya na wonyaeɛ a, adɛn nti na wodwa w’anom te sɛ deɛ woannya yi?
8 Sɛ́ moamee dada? Sɛ́ moanya mo ho dada? Sɛ́ moafiri aseɛ redi hene+ a yɛnka ho? Me yam paa a, anka moafiri aseɛ redi hene, na yɛn nso yɛaka mo ho ne mo adi hene.+ 9 Na yɛn a yɛyɛ asomafoɔ no deɛ, ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn atwa toɔ ayi yɛn akyerɛ sɛ nnipa a wɔabu wɔn fɔ sɛ wɔnkɔku wɔn,+ ɛfiri sɛ yɛadane adeɛ a wiase ne abɔfoɔ ne nnipa nyinaa rehwɛ.+ 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ,+ na mo deɛ, moyɛ anyansafoɔ wɔ Kristo mu; yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, moyɛ den; mowɔ animuonyam, na yɛn deɛ, nkurɔfoɔ mfa yɛn nyɛ hwee. 11 Ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, yɛdi kɔm+ ne sukɔm,+ yɛdeda adagya,* wɔboro yɛn,+ yɛnni baabi te, 12 na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔdidi yɛn atɛm a, yɛhyira wɔn;+ sɛ wɔtan yɛn ani a, yɛto yɛn bo ase de animia gyina mu;+ 13 sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛde ntoboaseɛ kasa+ kyerɛ wɔn;* ɛde bɛsi nnɛ nyinaa, yɛayɛ sɛ sumina* wɔ wiase, nneɛma nyinaa mu nwura.
14 Ɛnyɛ sɛ meretwerɛ nsɛm yi de abɛhyɛ mo aniwuo, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma a medɔ mo. 15 Sɛ mowɔ akwankyerɛfoɔ* 10,000 wɔ Kristo mu mpo a, agyanom deɛ, monni bebree; na menam asɛmpa no so ayɛ mo agya wɔ Kristo Yesu mu.+ 16 Enti metu mo fo sɛ, monsuasua me.+ 17 Ɛno nti na meresoma Timoteo aba mo nkyɛn no, ɛfiri sɛ ɔyɛ me ba a medɔ no na ɔdi nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo sɛdeɛ meyɛ me nneɛma* wɔ Kristo Yesu mu,+ sɛdeɛ merekyerɛkyerɛ baabiara wɔ asafo biara mu no.
18 Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ meremma mo nkyɛn, enti ahomasoɔ ahyɛ wɔn ma. 19 Nanso sɛ Yehowa* pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn, na mabɛhu wɔn a wɔama wɔn ho so no tumi, ɛnyɛ wɔn kasa. 20 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ahennie nnyina kasa so, na mmom tumi so. 21 Deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa mmra mo nkyɛn,+ anaa memfa ɔdɔ ne ɔdwoɔ?*