Ɔde Kɔmaa Efesofoɔ
3 Me Paul, Kristo Yesu ne mo a moyɛ amanaman mufoɔ no nti na meda afiase.+ 2 Ampa ara moate sɛ Onyankopɔn de adwuma+ ahyɛ me nsa sɛ memmoa mo na monnya n’adom no so mfasoɔ. 3 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Onyankopɔn ayi n’ahintasɛm kronkron no adi akyerɛ me, sɛdeɛ madi kan atwerɛ mo ɛho asɛm kakra no. 4 Enti sɛ mokenkan saa asɛm yi a, mobɛhu sɛ mete Kristo ahintasɛm kronkron+ no ase. 5 Awoɔ ntoatoasoɔ a abɛsene kɔ mu no, wɔamma nnipa mma anhu ahintasɛm yi sɛdeɛ seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.+ 6 Ahintasɛm no ne sɛ asɛmpa no bɛma amanaman mufoɔ ne Kristo Yesu abɛyɛ baako, na wɔn nso abɛyɛ adedifoɔ* ne nipadua no akwaa,+ na wɔne yɛn nyinaa abom anya bɔhyɛ no mu kyɛfa. 7 Onyankopɔn adom nti, mebɛyɛɛ ahintasɛm yi ho somfoɔ. Akyɛdeɛ yi, ɔde maa me de kyerɛɛ sɛdeɛ ne tumi yɛ adwuma.+
8 Akronkronfoɔ nyinaa mu no, me a mensɛ hwee koraa+ no, me na wɔde adom yi ama me+ sɛ menka Kristo nhyira a ɛnni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no, 9 na memma nnipa nyinaa nhunu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no reda ahintasɛm kronkron no adi;+ saa ahintasɛm no, ahinta wɔ Onyankopɔn mu firi teteete. 10 Ne saa nti, wɔnam asafo no so+ bɛma aban ne tumi a ɛwowɔ soro ahu Onyankopɔn nyansa a ɛda adi wɔ akwan pii so no.+ 11 Wei ne daa atirimpɔ a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so bɛdi ho dwuma no hyia;+ 12 ɔno na yɛnam ne so kasa a yɛnsuro, na ne mu gyidie a yɛwɔ nti yɛtumi de ahotɔsoɔ kɔ Onyankopɔn anim.+ 13 Enti mesrɛ mo, mommma ahohia a mo nti merehyia no mmmu mo abam, ɛfiri sɛ animuonyam na ɛde bɛbrɛ mo.+
14 Wei nti mebu nkotodwe wɔ Agya no anim; 15 ne hɔ na abusua biara a ɛwɔ soro ne asaase so nyaa ne din firiiɛ. 16 Mebɔ mpaeɛ sɛ n’animuonyam bebrebe nti, ɔde ne honhom no tumi bɛma mo akoma ne mo adwene* anya ahoɔden,+ 17 na afei mo gyidie nti, Kristo atena mo akomam na ɔdɔ nso atena mo mu.+ Mesrɛ nso sɛ mobɛgye nhini,+ na moatim wɔ fapem no so,+ 18 na mo ne akronkronfoɔ nyinaa atumi ahu nokorɛ no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛdeɛ emu dɔ no yie, 19 na moahu Kristo dɔ+ a ɛkyɛn nimdeɛ no, na su a Onyankopɔn de dom nnipa no ayɛ mo ma.
20 Deɛ ne tumi a ɛyɛ adwuma wɔ yɛn mu+ no nti, ɔtumi yɛ adeɛ ma no boro deɛ yɛsrɛ anaa yɛsusu koraa no,+ 21 ɔno na animuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.