Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
3 Asɛm yi yɛ nokorɛ: Sɛ ɔbarima bi rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛfoɔ+ a, na ɔrepɛ adwuma pa. 2 Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfoɔ yɛ obi a ne ho nni asɛm, ɛsɛ sɛ ɔyɛ okunu a ɔwɔ yere baako, ɔnyɛ nneɛma ntra so,* n’adwene mu da hɔ,*+ ɔyɛ n’adeɛ pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ,+ ɔtumi kyerɛkyerɛ,+ 3 ɔnyɛ kɔwensani,+ ɔmpɛ ntɔkwa,* na mmom ɔte asɛm ase,+ ɔnyɛ obi a ɔne nkurɔfoɔ ham,+ ɔnyɛ sikaniberɛ,+ 4 ɔyɛ ɔbarima a ɔdi* ɔno ankasa fiefoɔ so yie, ne mma ani da fam paa, na wɔbrɛ wɔn ho ase ma no+ 5 (na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔbɛdi* ɔno ankasa fiefoɔ so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?), 6 ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a waba gyidie no mu foforɔ,*+ ɛfiri sɛ anhwɛ a ɔbɛyɛ ahomasoɔ na wahwe atemmuo a wɔde ama Ɔbonsam no mu. 7 Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnni asafo no mu di ne ho adanse pa,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a n’anim rengu ase na ɔntɔ Ɔbonsam fidie mu.
8 Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, sɛ wɔka asɛm a, ɛnsɛ sɛ wɔdane wɔn ano,* ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã boro so, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adufudepɛ hwehwɛ mfaso bɔne,+ 9 na ɛsɛ sɛ wɔde ahonim* a emu teɛ kura gyidie no ho ahintasɛm kronkron no mu.+
10 Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔdi kan sɔ weinom hwɛ sɛ wɔfata, na sɛ asɛm biara nni wɔn ho+ a, wɔama wɔasom sɛ asomfoɔ.
11 Mmaa nso, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da fam, wɔnnsɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔnnyɛ nneɛma nntra so;* ɛsɛ sɛ wɔdi nokorɛ wɔ biribiara mu.+
12 Asafo mu somfoɔ nyɛ okunu a ne yere yɛ baako, obi a ɔdi ne mma ne ɔno ankasa fiefoɔ so yie. 13 Na mmarima a wɔsom yie no nya din pa,* na wɔtumi de ahotɔsoɔ kɛseɛ kasa wɔ gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.
14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn nnansa yi ara, nanso meretwerɛ weinom abrɛ wo, 15 na sɛ ɛba sɛ mekyɛ a, woahunu kwan a ɛsɛ sɛ wofa so bɔ wo bra wɔ Onyankopɔn fie,+ kyerɛ sɛ, Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛne nokorɛ no dum ne ne nnyinasoɔ no. 16 Nokorɛm no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ onyamesom pa ho ahintasɛm kronkron yi sõ: ‘Wɔyii no adi ɔhonam mu,+ wɔbuu no bem honhom mu,+ ɔyii ne ho adi kyerɛɛ abɔfoɔ,+ wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,+ wɔgyee no dii wɔ wiase,+ wɔgyee no kɔɔ ɔsoro wɔ animuonyam mu.’