Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
1 Ahab wuo akyi no, Moab+ tee atua tiaa Israel.
2 Saa berɛ no, Ahasia firi ne fie a ɛwɔ Samaria no atifi dan mu bɛhwee fam, na ɔpiraeɛ. Enti ɔsomaa nkurɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ nkɔbisa mma me sɛ pira a mapira yi, mɛsan anya ahoɔden anaa.”+ 3 Nanso Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia*+ sɛ: “Sɔre kɔhyia nkurɔfoɔ a Samaria hene asoma wɔn no, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi?+ 4 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.”’” Ɛnna Elia firii hɔ kɔeɛ.
5 Berɛ a nkurɔfoɔ a ɔsomaa wɔn no san baa ne nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moasan aba?” 6 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima bi bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Onyankopɔn nni Israel nti na morekɔ Ekron nyame Baal-Sebub hɔ abisa yi? Wei nti mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’”’”+ 7 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɔbarima a ɔbɛhyiaa mo a ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ mo no, na ɔte sɛn?” 8 Na wɔbuaa no sɛ: “Ɔyɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ ataadeɛ a wɔde aboa nwi ayɛ,+ na ɔde aboa nwoma abɔsoɔ* abɔ ne mu.”+ Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Tisbini Elia.”
9 Na ɔhene somaa 50 so panin ne n’asraafoɔ 50 kɔɔ ne nkyɛn. Berɛ a ɔkɔeɛ no, ɔkɔtoo no sɛ ɔte bepɔ no so. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa,+ ɔhene se, ‘Siane bra.’” 10 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ 50 so panin no sɛ: “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya mfiri soro mmɛhye wo ne w’asraafoɔ 50 no.” Na egya firii soro+ bɛhyee ɔne n’asraafoɔ 50 no.
11 Afei ɔhene somaa 50 so panin foforɔ ne n’asraafoɔ 50 kɔɔ ne nkyɛn. Ɔno nso kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɔhene se, ‘Siane bra ntɛm.’” 12 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa a, ɛnneɛ egya mfiri soro mmɛhye wo ne w’asraafoɔ 50 no.” Na Onyankopɔn gya firii soro bɛhyee ɔne n’asraafoɔ 50 no.
13 Ɛnna ɔhene san somaa 50 so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’asraafoɔ 50. Berɛ a 50 so panin a ɔtɔ so mmiɛnsa no kɔeɛ no, ɔkɔbuu nkotodwe wɔ Elia anim paa no kyɛw sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, mesrɛ wo, ma me nkwa ne wo nkoa 50 yi nkwa* nsom bo wɔ w’ani so. 14 Egya firii soro bae, na ɛbɛhyee 50 so mpanimfoɔ mmienu a wɔdii kan baeɛ no ne asraafoɔ 50 a wɔn mu biara de wɔn baeɛ no. Nanso me deɛ, ma me nkwa* nsom bo wɔ w’ani so.”
15 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Siane na wo ne no nkɔ. Nsuro no.” Enti ɔsɔreeɛ, na ɔsiane ne no kɔɔ ɔhene nkyɛn. 16 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wosomaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ abisa. Onyankopɔn nni Israel anaa?+ Adɛn nti na woammisa n’anom asɛm? Wei nti mpa a woda so no, worensi mfiri so, ɛfiri sɛ owuo na wobɛwuo.’” 17 Enti ɔwuiɛ, na Yehowa asɛm a Elia kaeɛ no baa mu. Na ɛsiane sɛ na ɔnni ɔbabarima nti, Yehoram*+ bɛdii n’adeɛ wɔ Yuda hene Yehosafat ba Yehoram ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no mu.+
18 Ahasia+ ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.