Yoel
1 Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Petuel ba Yoel* nie:
2 “Mpanimfoɔ, montie,
Na asaase sofoɔ nyinaa, monyɛ aso.
Saa adeɛ yi, ebi asi wɔ mo berɛ so
Anaa mo agyanom berɛ so pɛn?+
3 Monka ho asɛm nkyerɛ mo mma,
Na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,
Na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi hɔ.
4 Deɛ ntutummɛ a wɔsɛe nneɛma di maa no kaeɛ no, ntutummɛ a wɔtu yuu adi;+
Deɛ ntutummɛ a wɔtu yuu di maa no kaeɛ no, ntutummɛ a wɔnni ntaban adi;
Deɛ ntutummɛ a wɔnni ntaban di maa no kaeɛ no, ntutummɛ a wɔdidi fuu adi.+
5 Asabofoɔ, monnyane+ na monsu!
6 Ɔman bi aba m’asaase so; emu nnipa ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano.+
Wɔn se te sɛ gyata se,+ na wɔwɔ gyata apantan.
7 Wɔasɛe me bobe na wɔama me borɔdɔma ayɛ dunsini,
Wɔapempan ho ama no ayɛ kwabokwabo, na wɔato agu
Ama ne mman ho ayɛ fitafita.
9 Aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ+ a wɔde ba Yehowa fie no, afei deɛ wɔagyae;
Yehowa asomfoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no resu.
11 Hwiit ne baali* nti, akuafoɔ aboto,
Na bobefuo* mu adwumayɛfoɔ twa adwo,
Ɛfiri sɛ afuo mu nnɔbaeɛ asɛe.
12 Bobe akyenkyene,
Na borɔdɔma nso akusa.
Me Nyankopɔn asomfoɔ, momfira awerɛhoɔ ntoma* anadwo mũ nyinaa,
Ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔde aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ+ ba mo Nyankopɔn fie bio.
14 Momma wɔnyɛ akɔnkyene.* Momma wɔnyɛ nhyiamu titire.+
Mommoaboa mpanimfoɔ no ne asaase no sofoɔ nyinaa ano
Mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na monsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.
15 “Ɛda no nti monnue!
Yehowa da no abɛn,+
Na ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nkyɛn!
16 Aduane nyera mfirii yɛn anim anaa?
Na anigyeɛ ne ahurisie nso mfirii yɛn Nyankopɔn fie?
17 Aba* a wɔadua a wɔde sofi reyɛ ho adwuma no atwintwam.
Adekora adan ada mpan.
Aburopata adwiri agu, ɛfiri sɛ nnɔbaeɛ asɛe.
18 Nyɛmmoa mpo si apini!
Anantwikuo nnya adidibea, enti wɔnenam basabasa.
Na nnwankuo hunu amane.