Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1426-1428
  • Luka Nwoma No Mu Nsɛntitire

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Luka Nwoma No Mu Nsɛntitire
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mateo Nwoma No Mu Nsɛntitire
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Marko Nwoma No Mu Nsɛntitire
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Yohane Nwoma No Mu Nsɛntitire
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Luka Nwoma No Mu Nsɛntitire

LUKA

EMU NSƐNTITIRE

  • 1

    • Ɔtwerɛ kɔmaa Teofilo (1-4)

    • Gabriel bɛkaa sɛ wɔbɛwo Yohane Suboni (5-25)

    • Gabriel bɛkaa sɛ wɔbɛwo Yesu (26-38)

    • Maria kɔsraa Elisabet (39-45)

    • Maria kamfoo Yehowa (46-56)

    • Wɔwoo Yohane, na wɔtoo ne din (57-66)

    • Sakaria hyɛɛ nkɔm (67-80)

  • 2

    • Wɔwoo Yesu (1-7)

    • Abɔfoɔ yii wɔn ho adi kyerɛɛ nnwanhwɛfoɔ (8-20)

    • Wɔtwaa no twetia, na wɔtee wɔn ho (21-24)

    • Simeon huu Kristo no (25-35)

    • Hana kaa abɔfra no ho asɛm (36-38)

    • Wɔsan kɔɔ Nasaret (39, 40)

    • Yesu a wadi mfeɛ 12 no wɔ asɔrefie hɔ (41-52)

  • 3

    • Berɛ a Yohane hyɛɛ n’adwuma ase (1, 2)

    • Yohane kaa asubɔ ho asɛm (3-20)

    • Yesu asubɔ (21, 22)

    • Yesu Kristo abusuasanten (23-38)

  • 4

    • Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe (1-13)

    • Yesu firii asɛnka ase wɔ Galilea (14, 15)

    • Wɔannye Yesu antom wɔ Nasaret (16-30)

    • Ɔkɔɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum (31-37)

    • Ɔsaa Simon asebaa ne nnipa binom yareɛ (38-41)

    • Nnipadɔm kɔhuu Yesu wɔ baabi a ate ne ho (42-44)

  • 5

    • Ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa wɔyii mpataa pii; asuafoɔ a wɔdi kan (1-11)

    • Ɔsaa kwatani bi yareɛ (12-16)

    • Yesu saa obubuafoɔ bi yareɛ (17-26)

    • Yesu frɛɛ Lewi (27-32)

    • Wɔbisaa no akɔnkyene ho asɛm (33-39)

  • 6

    • Yesu yɛ “Homeda Wura” (1-5)

    • Ɔsaa ɔbarima bi a ne nsa awu yareɛ (6-11)

    • Asomafoɔ 12 no (12-16)

    • Yesu kyerɛkyerɛe na ɔsaa yareɛ (17-19)

    • Nneɛma a ɛde anigyeɛ ba ne deɛ ɛde amanehunu ba (20-26)

    • Monnɔ mo atamfo (27-36)

    • Monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ atɛn (37-42)

    • Dua biara aba na wɔde hunu dua korɔ (43-45)

    • Ɛdan a wɔsii no yie; ɛdan a ɛnni fapem pa (46-49)

  • 7

    • Ɔsraani panin bi gyidie (1-10)

    • Yesu nyanee okunafoɔ bi ba wɔ Nain (11-17)

    • Ɔkamfoo Yohane Suboni (18-30)

    • Ɔkaa awoɔ ntoatoasoɔ asoɔdenfoɔ no anim (31-35)

    • Ɔde ɔbaa debɔneyɛfoɔ bi bɔne kyɛɛ no (36-50)

      • Mmarima mmienu a na wɔde ka ho mfatoho no (41-43)

  • 8

    • Mmaa bi a na wɔka Yesu ho (1-3)

    • Ogufoɔ ho mfatoho no (4-8)

    • Deɛ enti a Yesu yɛɛ mfatoho (9, 10)

    • Ogufoɔ ho mfatoho no nkyerɛkyerɛmu (11-15)

    • Ɛnsɛ sɛ wɔkata kanea so (16-18)

    • Yesu maame ne ne nua mmarima (19-21)

    • Yesu maa mframa yɛɛ dinn (22-25)

    • Yesu maa ahonhommɔne kɔhyɛɛ mprako mu (26-39)

    • Yairo babaa; ɔbaa bi de ne nsa kaa Yesu ataadeɛ ngugusoɔ (40-56)

  • 9

    • Ɔde asɛnka ho akwankyerɛ maa Dumienu no (1-6)

    • Yesu nti, Herode adwene tu frae (7-9)

    • Yesu maa nnipa 5,000 aduane (10-17)

    • Petro kaa sɛ Yesu ne Kristo no (18-20)

    • Yesu kaa ne wuo ho asɛm (21, 22)

    • Deɛ ɛkyerɛ sɛ obi yɛ Yesu suani ampa (23-27)

    • Yesu ahosakra (28-36)

    • Ɔsaa abarimaa bi a honhommɔne wɔ ne so yareɛ (37-43a)

    • Yesu kaa ne wuo ho asɛm bio (43b-45)

    • Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ wɔ deɛ ɔyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho (46-48)

    • Deɛ ɔnsɔre ntia yɛn no wɔ yɛn afã (49, 50)

    • Samariafoɔ akuraa bi mufoɔ annye Yesu (51-56)

    • Sɛdeɛ yɛdi Yesu akyi (57-62)

  • 10

    • Yesu somaa asuafoɔ 70 no (1-12)

    • Nkuro a wɔansakra no nnue (13-16)

    • Asuafoɔ 70 no san bae (17-20)

    • Yesu yii n’Agya ayɛ sɛ wadom ahobrɛasefoɔ (21-24)

    • Samariani mmɔborɔhunufoɔ ho mfatoho no (25-37)

    • Yesu kɔsraa Marta ne Maria (38-42)

  • 11

    • Sɛdeɛ yɛbɔ mpaeɛ (1-13)

      • Mpaeɛ ho nhwɛsoɔ (2-4)

    • Ɔde Onyankopɔn nsateaa na ɛtu ahonhommɔne (14-23)

    • Sɛ honhom fĩ san ba a . . . (24-26)

    • Deɛ ɛde anigyeɛ ankasa ba (27, 28)

    • Yona sɛnkyerɛnne no (29-32)

    • Nipadua kanea (33-36)

    • Nyamesomfoɔ a wɔyɛ nyaatwom nnue (37-54)

  • 12

    • Farisifoɔ mmɔka (1-3)

    • Suro Onyankopɔn, na ɛnyɛ nnipa (4-7)

    • Obiara a ɔbɔ Kristo din wɔ nnipa anim no (8-12)

    • Osikani kwasea ho mfatoho no (13-21)

    • Monnyae sɛ modwendwene (22-34)

      • Nnwankuo ketewa (32)

    • Monwɛn (35-40)

    • Efiehwɛfoɔ nokwafoɔ ne efiehwɛfoɔ a ɔnni nokorɛ (41-48)

    • Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom mpaapaemu (49-53)

    • Ɛhia sɛ yɛhwɛ berɛ a yɛwom yi hunu deɛ ɛreba (54-56)

    • Sɛdeɛ yɛbɛsiesie yɛne obi ntam asɛm (57-59)

  • 13

    • Sɛ moansakra a, wɔbɛsɛe mo (1-5)

    • Borɔdɔma dua a ɛnso aba ho mfatoho no (6-9)

    • Ɔsaa ɔbaa bi a ne mu akuntunu yareɛ Homeda (10-17)

    • Sinapi aba ne mmɔka ho mfatoho no (18-21)

    • Gye sɛ yɛyere yɛn ho dendeenden ansa na yɛatumi afa ɛpono teatea no mu (22-30)

    • Herode, “saa sakraman no” (31-33)

    • Yesu dii Yerusalem ho awerɛhoɔ (34, 35)

  • 14

    • Ɔsaa ɔbarima bi a wahonhono yareɛ Homeda (1-6)

    • Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ apontoɔ ase a, brɛ wo ho ase (7-11)

    • To nsa frɛ wɔn a wɔrentumi ntua wo ka (12-14)

    • Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a wɔyii wɔn ho ano ho mfatoho no (15-24)

    • Deɛ yɛde bɔ afɔreɛ bɛyɛ Yesu suani (25-33)

    • Sɛ nkyene dɛ firi mu a . . . (34, 35)

  • 15

    • Odwan a ɔyeraeɛ ho mfatoho no (1-7)

    • Drakma a ɛyeraeɛ ho mfatoho no (8-10)

    • Ɔba a ɔyeraeɛ ho mfatoho no (11-32)

  • 16

    • Efiehwɛfoɔ a ɔntene ho mfatoho no (1-13)

      • “Onipa a ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no, ɔdi pii mu nokorɛ nso” (10)

    • Mmara no ne Onyankopɔn Ahennie (14-18)

    • Osikani ne Lasaro ho mfatoho no (19-31)

  • 17

    • Suntidua, bɔnefakyɛ, ne gyidie (1-6)

    • Nkoa a mfasoɔ nni yɛn so (7-10)

    • Ɔsaa akwatafoɔ du yareɛ (11-19)

    • Onyankopɔn Ahennie reba (20-37)

      • Onyankopɔn Ahennie “wɔ mo mfimfini” (21)

      • “Monkae Lot yere no” (32)

  • 18

    • Okunafoɔ a wampa aba no ho mfatoho no (1-8)

    • Farisini ne obi a ɔgyegye toɔ (9-14)

    • Yesu ne mmɔfra no (15-17)

    • Otumfoɔ sikani bi bisaa no asɛm (18-30)

    • Yesu kaa ne wuo ho asɛm bio (31-34)

    • Onifirani bi a ɔsrɛsrɛ adeɛ hunuu adeɛ (35-43)

  • 19

    • Yesu kɔsraa Sakeo (1-10)

    • Mmɛnnaa du ho mfatoho no (11-27)

    • Yesu de nkonimdie kɔwuraa Yerusalem (28-40)

    • Yesu suu Yerusalem (41-44)

    • Yesu tee asɔrefie no ho (45-48)

  • 20

    • Wɔbisaa baabi a Yesu nyaa ne tumi firiiɛ (1-8)

    • Akuafoɔ awudifoɔ ho mfatoho no (9-19)

    • Onyankopɔn ne Kaesare (20-26)

    • Owusɔreɛ ho asɛmmisa (27-40)

    • Kristo yɛ Dawid ba anaa? (41-44)

    • Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ no ho (45-47)

  • 21

    • Okunafoɔ hiani no nkaprɛ mma mmienu no (1-4)

    • DEƐ ƐBƐBA HO NSƐNKYERƐNNE (5-36)

      • Akokoakoko, asaasewosoɔ akɛseɛ, nsanyareɛ a ɛdi awuo, ɛkɔm (10, 11)

      • Asraafoɔdɔm bɛtwa Yerusalem ho ahyia (20)

      • Mmerɛ a wɔde ama amanaman no (24)

      • Onipa Ba no mmaeɛ no (27)

      • Borɔdɔma dua ho mfatoho no (29-33)

      • Monkɔ so nwɛn (34-36)

    • Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie hɔ (37, 38)

  • 22

    • Asɔfoɔ bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Yesu (1-6)

    • Twam a ɛtwa toɔ no ho ntotoeɛ (7-13)

    • Awurade Anwummerɛ Aduane no (14-20)

    • “Deɛ ɔbɛyi me ama no ne me te pono ho” (21-23)

    • Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ dendeenden wɔ deɛ ɔyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho (24-27)

    • Yesu ne wɔn yɛɛ ahennie bi ho apam (28-30)

    • Yesu kaa sɛ Petro bɛka sɛ ɔnnim no (31-34)

    • Ɛhia sɛ wɔboaboa wɔn ho; sekan mmienu no (35-38)

    • Yesu kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ Ngodua Bepɔ so (39-46)

    • Wɔkyee Yesu (47-53)

    • Petro kaa sɛ ɔnnim Yesu (54-62)

    • Wɔdii Yesu ho agorɔ (63-65)

    • Wɔdii n’asɛm wɔ Sanhedrin no anim (66-71)

  • 23

    • Wɔde Yesu kɔgyinaa Pilato ne Herode anim (1-25)

    • Wɔbɔɔ Yesu ne akorɔmfo-werɛmfoɔ mmienu asɛndua mu (26-43)

      • “Wobɛka me ho wɔ Paradise” (43)

    • Yesu wui (44-49)

    • Wɔsiee Yesu (50-56)

  • 24

    • Wɔnyanee Yesu (1-12)

    • Emaus kwan so (13-35)

    • Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no (36-49)

    • Yesu foro kɔɔ soro (50-53)

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane