Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Luka 1:1-24:53
  • Luka

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Luka
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Luka

LUKA TWERƐTOHƆ

1 Nnipa bebree abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyehyɛ nokwasɛm ahodoɔ a yɛagye atom no.+ 2 Saa nokwasɛm no, adansefoɔ a wɔde wɔn ani huu deɛ ɛkɔɔ so+ firi mfitiaseɛ, ne wɔn a asɛmpa no nti wɔsomeeɛ no+ na wɔde maa yɛn. 3 Ɛno nti, me nso mabɔ me tirim saa ara, ɛfiri sɛ mahwehwɛ nneɛma nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afiri mfitiaseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ abrɛ wo, onimuonyamfoɔ Teofilo,+ 4 na ama woahunu sɛ, nsɛm a wɔde akyerɛkyerɛ wo a wote firii nkurɔfoɔ anom+ no yɛ nokorɛ.

5 Yudea hene Herode* berɛ so no,+ na ɔsɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia+ asɔfokuo no mu. Ná ne yere yɛ Aaron mma mmaa* no mu baako, na na ne din de Elisabet. 6 Ná wɔn mmienu nyinaa tene wɔ Onyankopɔn anim, na na wɔdi Yehowa* mmara ne n’ahyɛdeɛ nyinaa so pɛpɛɛpɛ a asɛm biara nni wɔn ho. 7 Nanso na wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet nwo,* na na wɔn mmienu nyinaa anyinyini paa.

8 Ɛduruu asɔfokuo+ a Sakaria wom no so sɛ wɔyɛ asɔfodwuma wɔ Onyankopɔn anim. 9 Na sɛdeɛ asɔfodwuma no ho nhyehyɛeɛ* teɛ no, na aduru Sakaria so sɛ ɔkɔ Yehowa* kronkronbea+ hɔ kɔhye aduhwam.+ 10 Berɛ a ɔrehye aduhwam no, na nnipadɔm no nyinaa wɔ abɔnten* rebɔ mpaeɛ. 11 Ɛnna Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa aduhwam afɔrebukyia no nifa. 12 Berɛ a Sakaria huu no no, ne ho yeraa no, na ehu kaa no. 13 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakaria, nsuro, ɛfiri sɛ wɔatie wo nkotosrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.+ 14 W’ani bɛgye na wo ho asɛpɛ wo, na nnipa pii bɛdi n’awoɔ ho ahurisie,+ 15 ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Yehowa* anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsã a ɛborɔ biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no ma mpo ansa na wɔawo no,*+ 16 na ɔbɛdane Israel mma pii asan aba Yehowa* wɔn Nyankopɔn nkyɛn.+ 17 Afei nso, ɔde Elia honhom ne ne tumi bɛdi Onyankopɔn anim,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so,+ ne asoɔdenfoɔ aba ateneneefoɔ nyansa ho, na wasiesie nkurɔfoɔ bi ama Yehowa.”*+

18 Ɛnna Sakaria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: “Deɛn na ɛkyerɛ sɛ deɛ woreka yi bɛba mu? Ɛfiri sɛ mabɔ akɔkoraa, na me yere nso anyini paa.” 19 Ɔbɔfoɔ no buaa no sɛ: “Mene Gabriel,+ deɛ ɔgyina Onyankopɔn anim;+ wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa, na menka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20 Hwɛ! wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de kɔsi da a weinom bɛba mu, ɛfiri sɛ woannye me nsɛm anni, nsɛm a ɛbɛba mu wɔ berɛ a wɔahyɛ mu no.” 21 Saa berɛ no nyinaa, na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ wɔ kronkronbea hɔ saa. 22 Berɛ a ɔbaeɛ no, na ɔntumi ne wɔn nkasa, na wɔhuu sɛ wakɔhunu n’ani so adeɛ* wɔ kronkronbea hɔ. Ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛɛ wɔn, nanso wantumi ankasa. 23 Berɛ a nna a ɔde reyɛ adwuma kronkron* no baa awieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ne fie.

24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee. Elisabet de ne ho siee abosome nnum, na ɔkaa sɛ: 25 “Deɛ Yehowa* ayɛ ama me wɔ nna yi mu nie. Watwa n’ani abɛhwɛ me, na wayi m’animguaseɛ afiri hɔ.”*+

26 Berɛ a Elisabet nyinsɛn no dii abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel+ kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, 27 na ɔmaa no kɔɔ ɔbaabunu+ bi nkyɛn. Ná wɔde ɔbaabunu no ama Yosef a ɔfiri Dawid fie no sɛ ɔbaa a ɔbɛware no. Ná ɔbaabunu no din de Maria.+ 28 Berɛ a ɔbɔfoɔ no kɔɔ Maria nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ Maria sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, wo a wɔahyira* wo, Yehowa* ka wo ho.” 29 Na asɛm no haa Maria yie, na ɔdwendwenee ho sɛ: “Nkyea bɛn nie?” 30 Enti ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ayɛ wo adom. 31 Hwɛ! wobɛnyinsɛn, na woawo ɔbabarima,+ na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu.+ 32 Ɔbɛyɛ onipa titire,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no,+ 33 na ɔbɛdi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’Ahennie remma awieeɛ da.”+

34 Na Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yie, ɛfiri sɛ me ne ɔbarima nnae?”+ 35 Ɛnna ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so,+ na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nti, wɔbɛfrɛ deɛ wobɛwo no no kronkron,+ Onyankopɔn Ba.+ 36 Hwɛ! wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu. Deɛ nkurɔfoɔ se ɔnwo* no, ne bosome nsia mu nie, 37 ɛfiri sɛ asɛm biara nni hɔ a Onyankopɔn aka a, ɛremma mu.”+ 38 Ɛnna Maria kaa sɛ: “Hwɛ! meyɛ Yehowa* abaawa!* Ɛnyɛ hɔ mma me sɛdeɛ woaka no.” Ɛnna ɔbɔfoɔ no firii ne nkyɛn kɔeɛ.

39 Ɛno akyi no, Maria siim de ahoɔherɛ kɔɔ Yuda kuro bi mu wɔ bepɔ so, 40 na ɔkɔɔ Sakaria fie, na ɔkyeaa Elisabet. 41 Berɛ a Elisabet tee Maria nkyea no ara pɛ, abɔfra a ɔhyɛ ne yam no hurii, na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet ma, 42 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wɔahyira abɔfra a ɔhyɛ wo yam no!* 43 Mene hwan na me Wura maame aba me nkyɛn yi? 44 Hwɛ! berɛ a metee wo nkyea ara pɛ na abɔfra a ɔhyɛ me yam no de anigyeɛ huriiɛ. 45 Anigyeɛ nso ne ɔbaa a wagye adie no, ɛfiri sɛ nsɛm a Yehowa* ama wɔaka akyerɛ no nyinaa bɛba mu.”

46 Ɛnna Maria kaa sɛ: “Me kra* bɛkamfo Yehowa,*+ 47 na me honhom bɛdi ahurisie wɔ m’Agyenkwa Nyankopɔn ho,+ 48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’abaawa*+ hianiwaa. Hwɛ! ɛfiri nnɛ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛka sɛ mewɔ anigyeɛ,+ 49 ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron;+ 50 ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so no, ɔhu wɔn a wɔsuro no no mmɔbɔ.+ 51 Ɔde ne basa ayɛ nneɛma akɛseɛ; wɔn a wɔdi ahantansɛm wɔ wɔn akoma mu no, wabɔ wɔn apansam.+ 52 Watu atumfoɔ afiri nhennwa so,+ na wama mmɔborɔwafoɔ so;+ 53 wama nneɛma pa amee wɔn a ɛkɔm de wɔn,+ na wama wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ de nsapan kɔ. 54 Wabɛboa n’akoa Israel, na wakae ne mmɔborɔhunu+ 55 sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom sɛ ɔbɛhu Abraham ne n’asefoɔ*+ mmɔbɔ daa no.” 56 Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa, na ɔsan kɔɔ ne fie.

57 Elisabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima. 58 Berɛ a mpɔtamu hɔfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛ Yehowa* mmɔborɔhunu adɔɔso wɔ ne so no, wɔne no dii ahurisie.+ 59 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra kumaa no twetia,*+ na anka wɔde no reto ne papa Sakaria. 60 Nanso abɔfra no maame kaa sɛ: “Daabi! mmom wɔbɛfrɛ no Yohane.” 61 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo busuani biara nni hɔ a ne din de saa.” 62 Enti wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa ne papa sɛdeɛ ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no. 63 Ɛnna ɔgyee biribi* twerɛɛ so sɛ: “Ne din de Yohane.”+ Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64 Ɛhɔ ara na n’ano bueeɛ, na ne kɛtrɛma yɛɛ yie ma ɔfirii aseɛ kasae,+ na ɔhyiraa Onyankopɔn. 65 Ehu kaa wɔn a wɔte mpɔtamu hɔ nyinaa, na wɔfirii aseɛ kaa weinom nyinaa ho asɛm wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu. 66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa dwendwenee ho sɛ: “Deɛn koraa na abɔfra kumaa yi bɛyɛ?” Ɛfiri sɛ na Yehowa* di n’akyi.*

67 Na honhom kronkron hyɛɛ ne papa Sakaria ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: 68 “Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa,*+ ɛfiri sɛ watwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ, na wagye wɔn.+ 69 Wapagya nkwagyeɛ abɛn*+ wɔ n’akoa Dawid+ fie ama yɛn, 70 sɛdeɛ ɔnam n’adiyifoɔ kronkron a wɔtenaa ase tete no so aka sɛ+ 71 ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfo ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam,+ 72 sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae n’apam+ kronkron no, 73 ntam a ɔkaa yɛn agya Abraham sɛ,+ 74 sɛ ɔgye yɛn firi atamfo nsam a, yɛbɛnya kwan asom no a yɛrensuro, 75 na yɛde nokorɛdie ne tenenee bɛsom no wɔ n’anim, yɛn nkwa nna nyinaa no. 76 Na wo abɔfra kumaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ, ɛfiri sɛ wobɛdi Yehowa* anim akɔsiesie n’akwan,+ 77 na woama ne nkurɔfoɔ anya nimdeɛ sɛ, ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn+ na wagye wɔn nkwa, 78 yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti. Saa mmɔborɔhunu yi nti, adekyeeɛ hann firi soro bɛpue yɛn so, 79 ama wɔn a wɔtete sum ne owuo sunsum mu+ no anya hann, na agye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.”

80 Na abɔfra kumaa no nyinii, na Onyankopɔn honhom nti, ɔyɛɛ den,* na ɔtenaa serɛ so kɔsii da a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.

2 Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ wɔntwerɛ asaase sofoɔ nyinaa din. 2 (Dintwerɛ a ɛdi kan yi kɔɔ so berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.) 3 Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din. 4 Yosef+ nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea foro kɔɔ Yudea, na ɛsiane sɛ ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem+ mu. 5 Ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔtwerɛ ɔne ne yere Maria*+ din. Saa berɛ no, na aka kakra ama Maria awo.+ 6 Berɛ a wɔwɔ hɔ no, awoɔ kaa no. 7 Na ɔwoo ɔbarima, ne ba a ɔdi kan,+ na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu,+ ɛfiri sɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan no mu.

8 Saa berɛ no, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ asaase no so a wɔrewɛn wɔn nnwan anadwo wɔ wuram. 9 Amonom hɔ ara, Yehowa* bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn anim, na Yehowa* animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae, na ehu kaa wɔn yie. 10 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, hwɛ! mede asɛmpa bi rebrɛ mo. Ɛfa anigyeɛ kɛseɛ a nnipa nyinaa bɛnya ho. 11 Ɛfiri sɛ ɛnnɛ, wɔawo agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo wɔ Dawid kurom.+ 12 Na deɛ mode bɛhu no nie: Mobɛhunu abɔfra kumaa bi a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Ɛhɔ ara na ɔsoro asraafoɔdɔm*+ bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: 14 “Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asaase so.”

15 Na berɛ a abɔfoɔ no gyaa wɔn hɔ kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara nkɔhwɛ deɛ asi a Yehowa* ayi akyerɛ yɛn yi.” 16 Na wɔyɛɛ ntɛm kɔe, na wɔkɔhuu Maria ne Yosef, ne abɔfra kumaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Berɛ a nnwanhwɛfoɔ no huu wei no, nsɛm a na ɔbɔfoɔ no aka akyerɛ wɔn afa abɔfra kumaa no ho no, wɔkaa ne nyinaa. 18 Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa, 19 na Maria firii aseɛ de nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwendwenee ho wɔ n’akoma mu.+ 20 Na nnwanhwɛfoɔ no san kɔe, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam yii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔhunuiɛ nyinaa ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no, saa ara na wɔkɔhunuiɛ.

21 Berɛ a nnawɔtwe duruu sɛ wɔtwa abɔfra no twetia*+ no, wɔtoo ne din Yesu, edin a ɔbɔfoɔ no de maa no ansa na wɔrenyinsɛn+ no no.

22 Bio nso, berɛ a ɛduruu sɛ wɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no,+ wɔde abɔfra no foro baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa* 23 sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yehowa* Mmara mu no. Wɔatwerɛ sɛ: “Ɔbarima biara a wɔbɛdi kan awo no no,* ɛsɛ sɛ wɔhyira ne so* ma Yehowa.”*+ 24 Na wɔbɔɔ afɔreɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Yehowa* Mmara mu no: “mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.”+

25 Hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon. Ná saa ɔbarima no yɛ onipa tenenee a nyamesuro wɔ ne mu. Ná ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ,+ na na honhom kronkron wɔ ne so. 26 Bio nso, na Onyankopɔn nam honhom kronkron so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu, gye sɛ wahunu Kristo a Yehowa* asoma no no ansa. 27 Na honhom no de Simeon baa asɔrefie hɔ, na berɛ a abɔfra kumaa Yesu awofoɔ de no baa sɛ wɔrebɛyɛ deɛ Mmara no hwehwɛ+ ama no no, 28 Simeon gyee abɔfra no too ne nsa so, na ɔhyiraa Onyankopɔn sɛ: 29 “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu+ sɛdeɛ w’asɛm teɛ, 30 ɛfiri sɛ m’ani ahunu deɛ wonam so bɛgye nkwa+ 31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no,+ 32 hann+ a wode bɛyi deɛ akata amanaman no+ so, na ɔbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.” 33 Na deɛ ɔka faa abɔfra no ho no yɛɛ ne papa ne ne maame nwanwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ abɔfra no maame Maria sɛ: “Hwɛ! Abɔfra yi nti, Israelfoɔ bebree bɛhwe ase,+ na ebi nso bɛsɔre.+ Ɔno na wɔayi no sɛ nsɛnkyerɛnne a nnipa bɛkasa atia+ 35 (aane, wɔde sekan tenten bɛwɔ wo* mu),+ na ama deɛ nnipa bebree susu wɔ wɔn akoma mu no ada adi.”

36 Ná odiyifoɔbaa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Hana, Fanuel babaa a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Ná saa ɔbaa yi anyini paa. Berɛ a ɔwareeɛ no,* ɔne ne kunu tenaa mfeɛ nson pɛ. 37 Saa berɛ yi, na ɔyɛ okunafoɔ a wadi mfeɛ 84. Ná ɔmpa asɔrefie hɔ da, na na ɔde akɔnkyene* ne nkotosrɛ som Onyankopɔn awia ne anadwo. 38 Saa berɛ no ara, ɔbaa hɔ, na ɔfirii aseɛ daa Onyankopɔn ase, na ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn sɛ wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.+

39 Berɛ a Yosef ne Maria yɛɛ deɛ Yehowa* Mmara hwehwɛ+ nyinaa wieeɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret+ wɔ Galilea. 40 Na abɔfra kumaa no kɔɔ so nyinii, na ne ho yɛɛ den. Nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom wɔ ne so.+

41 Afe biara, deɛ na n’awofoɔ yɛ ne sɛ, wɔkɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no.+ 42 Berɛ a ɔdii mfeɛ 12 no, wɔforo kɔɔ Yerusalem sɛdeɛ afahyɛ no ho nhyehyɛeɛ teɛ.+ 43 Berɛ a afahyɛ nna no baa awieeɛ a wɔresan aba no, abɔfra Yesu kaa Yerusalem, nanso n’awofoɔ anhunu. 44 Wɔfaa no sɛ ɔka nnipadɔm a wɔrekɔ no ho, enti wɔtwaa da koro kwan, na afei wɔfirii aseɛ kyini hwehwɛɛ no wɔ abusuafoɔ ne amannifoɔ mu. 45 Nanso wɔanhu no, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no dendeenden. 46 Nnansa akyi no, wɔkɔhuu no wɔ asɔrefie hɔ. Ná ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn, na na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Sɛdeɛ na n’adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano nti, wɔn a na wɔretie no no nyinaa ho dwirii wɔn+ yie. 48 Afei berɛ a n’awofoɔ huu no no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na ne maame bisaa no sɛ: “Me ba, adɛn nti na woayɛ yɛn saa? Me ne wo papa ahwehwɛ wo abrɛ.” 49 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na na morehwehwɛ me? Monnim sɛ m’Agya fie na mobɛhu me anaa?”+ 50 Nanso wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

51 Na ɔne wɔn siane kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase* maa wɔn.+ Na ne maame de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.+ 52 Na Yesu kɔɔ so nyinii, na ɔnyaa nyansa pii, na Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.

3 Tiberio Kaesare ahennie afe a ɛtɔ so 15 mu no, na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado. Ná Herode*+ di Galilea mantam so,* ɛnna ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so. Ná Lisania di Abilene mantam so, 2 ɛnna Anas ne Kaiafa+ nso yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ. Saa berɛ no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+

3 Enti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ ma, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyimmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”*+

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔreba sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: “Nhuritia* mma, hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. Ɛnsɛ sɛ mofiri aseɛ keka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 9 Nokorɛm no, akuma no da nnua no nhini ho dada. Enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa de agu gya mu.”+

10 Na nnipadɔm no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ, deɛn na yɛnyɛ?” 11 Na ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔwɔ ntaadeɛ mmienu no mma deɛ ɔnni bi no bi, na deɛ ɔwɔ biribi di no, ɔno nso nyɛ saa ara.”+ 12 Wɔn a wɔgyegye toɔ mpo baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu,+ na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛn na yɛnyɛ?” 13 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛtoɔ a wɔatwa ato hɔ no, monnnye mmmoro so.”+ 14 Asraafoɔ nso bisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnteetee obiara,* na mommfa asɛm nnto obiara so.+ Mmom momma mo ani nsɔ deɛ mowɔ.”*

15 Saa berɛ no, na nnipa no rehwɛ Kristo no kwan. Ɛno nti, na wɔn nyinaa resusu Yohane ho wɔ wɔn akoma mu sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?”+ 16 Yohane buaa wɔn nyinaa sɛ: “Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, nanso deɛ ɔwɔ tumi sene me reba; ne mpaboa ahoma mpo memfata sɛ mesane.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne egya bɛbɔ mo asu.+ 17 Ne sofi a ɔde hu hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu n’adekoradan mu, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde gya a ɛnnum da bɛhye.”

18 Yohane san de afotuo bebree maa nkurɔfoɔ no, na ɔkɔɔ so kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 19 Ɛsiane ɔmantam sodifoɔ Herode ne ne nua yere Herodia asɛm no, ne nneɛma bɔne pii a Herode yɛeɛ nti, Yohane kaa n’anim. 20 Ɛno nti deɛ Herode san yɛ kaa ne bɔne ho ne sɛ, ɔkyee Yohane too afiase.+

21 Berɛ a Yohane bɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu.+ Na berɛ a Yesu rebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ,+ 22 na honhom kronkron siane baa ne so te sɛ aburuburo, na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.”+

23 Berɛ a Yesu+ hyɛɛ n’adwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ 30,+ na na nkurɔfoɔ bu no sɛ,

Yosef+ ba,

Heli ba,

24 Matat ba,

Lewi ba,

Melki ba,

Yanai ba,

Yosef ba,

25 Matatia ba,

Amos ba,

Nahum ba,

Esli ba,

Nagai ba,

26 Mahat ba,

Matatia ba,

Semein ba,

Yosek ba,

Yoda ba,

27 Yoanan ba,

Resa ba,

Serubabel+ ba,

Sealtiel+ ba,

Neri ba,

28 Melki ba,

Adi ba,

Kosam ba,

Elmadam ba,

Er ba,

29 Yesu ba,

Elieser ba,

Yorim ba,

Matat ba,

Lewi ba,

30 Simeon ba,

Yuda ba,

Yosef ba,

Yonam ba,

Eliakim ba,

31 Melea ba,

Mena ba,

Matata ba,

Natan+ ba,

Dawid+ ba,

32 Yese+ ba,

Obed+ ba,

Boas+ ba,

Salmon+ ba,

Naason+ ba,

33 Aminadab ba,

Arni ba,

Hesron ba,

Peres+ ba,

Yuda+ ba,

34 Yakob+ ba,

Isak+ ba,

Abraham+ ba,

Tera+ ba,

Nahor+ ba,

35 Serug+ ba,

Reu+ ba,

Peleg+ ba,

Eber+ ba,

Sela+ ba,

36 Kainan ba,

Arfaksad+ ba,

Sem+ ba,

Noa+ ba,

Lamek+ ba,

37 Metusala+ ba,

Enok ba,

Yared+ ba,

Mahalaleel+ ba,

Kainan+ ba,

38 Enos+ ba,

Set+ ba,

Adam+ ba,

Onyankopɔn ba.

4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no ma no danee ne ho firii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ serɛ so+ 2 nnafua 40, na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe.+ Wanni hwee saa berɛ no, enti berɛ a nnafua 40 no baa awieeɛ no, na ɛkɔm de no. 3 Ɛnna Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɛboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase.’”+

5 Enti Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no asaase so ahennie nyinaa prɛko.+ 6 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi yi nyinaa ne ɛho animuonyam bɛma wo, ɛfiri sɛ wɔde ama me,+ na obiara a mepɛ no, mede ma no. 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede ne nyinaa bɛma wo.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+

9 Afei ɔde Yesu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa asɔredan no atifi,* na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho firi ha kɔhwe fam,+ 10 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɛbɔ wo ho ban,’ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 12 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti berɛ a Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔsii berɛ foforɔ a ɛfata.+

14 Na Yesu san kɔɔ Galilea,+ na na honhom no tumi ahyɛ no ma. Na ne ho asɛmpa trɛ kɔɔ nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa mu. 15 Afei nso, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu, na wɔn nyinaa kamfoo no.

16 Na ɔbaa Nasaret,+ baabi a wɔtetee no no. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ Homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu,+ na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan adeɛ. 17 Enti wɔde odiyifoɔ Yesaia nwoma mmobɔeɛ no maa no, na ɔbuee nwoma mmobɔeɛ no mu, na ɔhuu baabi a wɔatwerɛ sɛ: 18 “Yehowa* honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakye wɔn, na memma anifirafoɔ nhunu adeɛ, na memma wɔn a wɔabubu mfa wɔn ho nni,+ 19 na menka Yehowa* adom berɛ* nkyerɛ nkurɔfoɔ.”+ 20 Na ɔbobɔɔ nwoma mmobɔeɛ no, na ɔsan de maa ɔsomfoɔ no, na ɔtenaa ase. Na wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21 Ɛnna ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi a motee no seesei ara no aba mu.”+

22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma a ɛfiri n’anom+ no maa wɔn ho dwirii wɔn. Na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa, mobɛbu me bɛ yi sɛ: ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yareɛ. Nneɛma a yɛtee sɛ woyɛɛ no Kapernaum+ no, yɛ bi wɔ wo kurom ha nso.’” 24 Na ɔkaa sɛ: “Nokorɛ mese mo sɛ, odiyifoɔ biara nni hɔ a wɔgye no tom wɔ ne kurom.+ 25 Mereka nokorɛ akyerɛ mo: Elia berɛ so sei, berɛ a wɔtoo ɔsoro mu mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia maa ɛkɔm kɛseɛ baa asaase no nyinaa so+ no, na akunafoɔ bebree wɔ Israel. 26 Nanso wɔansoma Elia ankɔ mmaa yi mu biara nkyɛn, gye okunafoɔ bi a ɔwɔ Sarefat, Sidon asaase so+ no. 27 Bio nso, odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ bebree wɔ Israel; nanso wɔansa wɔn mu biara yareɛ,* gye Siriani Naaman.”+ 28 Berɛ a wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa tee saa nsɛm no, wɔn bo fui.+ 29 Ɛnna wɔsɔre piapiaa no firii kuro no mu, na wɔde no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no gu so no ano sɛ wɔrekɔsum no ahwe ama ne kɔn akɔwɔ hɔ. 30 Nanso ɔfaa wɔn mfimfini, na ɔtoaa so kɔɔ ne kwan.+

31 Na ɔsiane kɔɔ Kapernaum, Galilea kuro bi mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Homeda,+ 32 na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ ɔde tumi na ɛkasaeɛ. 33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a honhom fĩ wɔ ne so, na ɔteaam dendeenden sɛ:+ 34 “Adɛn! Nasaretni+ Yesu, deɛn na yɛne wo wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa korɔ a woyɛ. Wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ+ no.” 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ.” Enti honhom fĩ no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfimfini, na ɔfirii ne mu kɔe a wanyɛ no hwee. 36 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔfirii aseɛ keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Asɛm bɛn nie? Ɔde tumi ne ahoɔden hyɛ ahonhom fĩ ma wɔpue kɔ!” 37 Enti ne ho asɛm trɛ kɔɔ nkuro a ɛbembɛn hɔ no mu baabiara.

38 Berɛ a ɔfirii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fie. Ná Simon asebaa yare atiridii a emu yɛ den, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+ 39 Enti ɔkɔgyinaa ne nkyɛn teateaa atiridii no, na ɛgyaee. Ɛhɔ ara na ɔbaa no sɔreeɛ, na ɔfirii aseɛ som wɔn.

40 Na berɛ a awia rekɔtɔ no, wɔn a wɔwɔ nkurɔfoɔ a nyarewa ahodoɔ ayɛ wɔn no de wɔn brɛɛ no. Na ɔde ne nsa guu wɔn mu biara so saa wɔn yareɛ.+ 41 Ahonhommɔne nso firii wɔn mu pii mu, na ahonhommɔne no teateaam sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ Nanso ɔkaa wɔn anim, na wamma wɔn kwan amma wɔankasa,+ ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɔno ne Kristo no.+

42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi a ate ne ho.+ Nanso nnipadɔm no firii aseɛ hwehwɛɛ no, na wɔbaa baabi a ɔwɔ no. Na wɔyɛɛ sɛ wɔremma no mfiri wɔn nkyɛn nkɔ. 43 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ wei nti na wɔsomaa me.”+ 44 Enti ɔtoaa so kaa asɛmpa no wɔ Yudea hyia adan mu.

5 Berɛ bi, na Yesu gyina Genesaret tadeɛ*+ no ho, na na nnipadɔm akyere ne so retie Onyankopɔn asɛm. 2 Na ɔhuu kodoɔ mmienu sɛ ɛsisi tadeɛ no ho, nanso na mpataayifoɔ* no asisi afiri mu rehohoro wɔn asau mu.+ 3 Ɔkɔforoo kodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmpia kodoɔ no mfiri asaase so nkɔ akyiri kakra. Afei ɔtenaa kodoɔ no mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no. 4 Berɛ a ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Pia kɔ baabi a emu dɔ, na mongu mo asau no mfa nyi nam.” 5 Ɛnna Simon ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛayɛ adwuma anadwo no nyinaa nso yɛannya hwee.+ Nanso deɛ woaka yi nti, mɛgu asau no.” 6 Na berɛ a wɔyɛɛ saa no, wɔyii mpataa pii. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn asau no firii aseɛ tetee.+ 7 Enti wɔhim wɔn nsa kyerɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu sɛ wɔmmɛboa wɔn. Na wɔbae, na wɔde mpataa no hyɛɛ kodoɔ mmienu no nyinaa mama, na ɛfirii aseɛ sɛ ɛremem. 8 Berɛ a Simon Petro hunuu wei no, ɔkotoo Yesu nan ase kaa sɛ: “Awurade, firi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.” 9 Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ mpataa a wɔyiiɛ no maa ɔne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa ho dwirii wɔn. 10 Sebedeo mma+ Yakobo ne Yohane, a wɔne Simon yɛ adwuma no nso ho dwirii wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Nsuro. Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, wobɛyi nnipa.”+ 11 Enti wɔsan de akodoɔ no baa asaase so, na wɔgyaa biribiara hɔ kɔdii Yesu akyi.+

12 Berɛ foforɔ a ɔwɔ nkuro no baako mu no, hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ hɔ a kwata ayɛ ne ho nyinaa!* Berɛ a ɔhuu Yesu no, ɔde n’anim butuu fam srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 13 Enti ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔkaa sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”* Na amonom hɔ ara, ne kwata no tu yerae.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara. Ɔka kaa ho sɛ: “Mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no, na ɛsiane sɛ wo ho atɔ wo nti,* fa afɔrebɔdeɛ a Mose kyerɛeɛ no+ ma asɔfoɔ no, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”+ 15 Nanso Yesu ho asɛm trɛɛ pii, na nnipadɔm pii baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.+ 16 Nso, ná ɔtaa kɔ baabi a ate ne ho kɔbɔ mpaeɛ.

17 Ɛda bi a na ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ a wɔfiri nkuraa a ɛwowɔ Galilea ne Yudea ne Yerusalem nyinaa ase aba no tete hɔ, na na Yehowa* tumi wɔ ne so a ɔde bɛsa yareɛ.+ 18 Na hwɛ! ná mmarima bi so obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ so, na na wɔrehwehwɛ kwan a wɔbɛfa so de no abɛto Yesu anim.+ 19 Nnipadɔm no nti, wɔannya kwan amfa no amma mu. Enti wɔforo kɔɔ ɛdan no atifi, na wɔgyaagyaa ɔne kɛtɛ no mu faa dan no soro bɛtoo Yesu anim.* 20 Berɛ a Yesu huu wɔn gyidie no, ɔkaa sɛ: “Ɔbarima, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 21 Ɛnna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ kekaa sɛ: “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a Yesu huu wɔn adwene no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na moresusu ho wɔ mo akoma mu yi? 23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nante’? 24 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Mese wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 25 Ɛnna obubuafoɔ no sɔre gyinaa wɔn anim, na ɔfaa deɛ na ɔda so no. Afei ɔkɔɔ ne fie, na ɔrekɔ nyinaa, na ɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam. 26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Ehu kaa wɔn maa wɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ!”

27 Wei akyi no, ɔpue kɔhuu obi a ɔgyegye toɔ a wɔfrɛ no Lewi sɛ ɔte baabi a wɔgyegye toɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”+ 28 Ɛnna ɔgyaa biribiara hɔ, na ɔsɔre dii n’akyi. 29 Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi wɔ ne fie maa no, na na wɔn a wɔgyegye toɔ no bebree ne nnipa foforɔ ka wɔn ho ne wɔn redidi.*+ 30 Enti Farisifoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ no firii aseɛ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom?”+ 31 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔ no nhia ɔyaresafoɔ; wɔn a wɔyare mmom na wɔhia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ. Mmom mebaa sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”+

33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yohane asuafoɔ no taa yɛ akɔnkyene,* na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara, nanso w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi, na wɔnom.”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu no wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, mobɛtumi ama ne nnamfonom no ayɛ akɔnkyene anaa? 35 Berɛ bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu+ no afiri wɔn nkyɛn, saa berɛ no na wɔbɛyɛ akɔnkyene.”+

36 Afei, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛtwa ntoma foforɔ de atare ataadeɛ dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, ataadeɛ foforɔ no bɛte, na foforɔ no bɛyɛ soronko wɔ dada no ho.+ 37 Bio nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforɔ gu nsã kotokuo dada mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa foforɔ no bɛpae nsã kotokuo no ama bobesa no ahwie agu, na nsã kotokuo no bɛsɛe. 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa foforɔ gu nsã* kotokuo foforɔ mu. 39 Obiara a wanom bobesa dada no mpɛ bobesa foforɔ, ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Dada no na ɛyɛ.’”

6 Berɛ bi, na ɔnam hwiit* afuo mu homeda, na n’asuafoɔ no tetee* hwiit mmɛtem no bi,+ na wɔposaa no wɔn nsam+ wee. 2 Ɛnna Farisifoɔ no bi bisaa sɛ: “Adɛn nti na moreyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda+ yi?” 3 Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee da?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fie, na ɔkɔgyee paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim* no; ɔdii bi, na ɔde bi maa mmarima a wɔka ne ho no. Ná mmara mma kwan sɛ obiara di bi, gye asɔfoɔ no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee da?” 5 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+

6 Berɛ a homeda+ foforɔ duruiɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.*+ 7 Na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no hwɛɛ Yesu komm sɛ ebia ɔbɛsa yareɛ Homeda no anaa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kwan bi so abɔ no soboɔ. 8 Ná Yesu nim wɔn adwene,+ enti ɔka kyerɛɛ onipa a ne nsa awu* no sɛ: “Sɔre gyina mfimfini hɔ.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merebisa mo, ɛdeɛn na mmara ma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda, adepa anaa adebɔne? Sɛ́ wɔbɛgye obi nkwa* anaa wɔbɛku obi?”+ 10 Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa hyiae. Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Ɔyɛɛ saa, na ne nsa no san yɛɛ yie. 11 Nanso atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bo fuu dendeenden, na wɔkɔbɔɔ pɔ hwɛɛ deɛ wɔde bɛyɛ Yesu.

12 Saa berɛ no, ɛda bi, ɔpue kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo no nyinaa.+ 13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔyii wɔn mu 12, na ɔsan frɛɛ wɔn asomafoɔ. Wɔn din nie:+ 14 Simon, a ɔsan frɛɛ no Petro, ne ne nua Andrea, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo+ ne Bartolomeo, 15 Mateo ne Toma,+ ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a wɔfrɛ no “nsiyɛfoɔ no,” 16 Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii no maeɛ no.*

17 Na ɔne wɔn siane bɛgyinaa baabi a ɛhɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm kɛseɛ a wɔfiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa, baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ. 18 Wɔn a ahonhom fĩ ha wɔn mpo, ɔsaa wɔn yareɛ. 19 Ná nnipadɔm no nyinaa pɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no, ɛfiri sɛ na tumi firi ne mu ba,+ na ɛsaa wɔn nyinaa yareɛ.

20 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔfrii aseɛ kaa sɛ:

“Anigyeɛ ne mo a moyɛ ahiafoɔ, ɛfiri sɛ mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea.+

21 “Anigyeɛ ne mo a seesei ɛkɔm de mo, ɛfiri sɛ mobɛmee.+

“Anigyeɛ ne mo a seesei moresu, ɛfiri sɛ mobɛsere.+

22 “Anigyeɛ ne mo, berɛ biara a nnipa bɛtan mo,+ na wɔapamo mo afiri wɔn mu,+ na wɔadidi mo atɛm, na wɔasɛe mo din* aka sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ, onipa Ba no nti. 23 Momma mo ani nnye saa da no na monni ahurisie, na hwɛ! mo akatua so wɔ soro, ɛfiri sɛ saa nneɛma no ara bi na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifoɔ no.+

24 “Na mo a moyɛ asikafoɔ no, monnue,+ ɛfiri sɛ moanya mo awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.+

25 “Mo a seesei moamee no, monnue, ɛfiri sɛ ɛkɔm bɛde mo.

“Mo a seesei moresere no, monnue, ɛfiri sɛ mo werɛ bɛho na moasu.+

26 “Sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, monnue,+ ɛfiri sɛ saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ atorɔ adiyifoɔ no.

27 “Nanso mo a moretie yi, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa;+ 28 monkɔ so nhyira wɔn a wɔdome mo, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔdidi mo atɛm.+ 29 Sɛ obi bɔ w’aso baako mu a, dane baako no nso ma no; na sɛ obi fa w’ataadeɛ ngugusoɔ a, fa ataadeɛ a ɛwɔ aseɛ no nso ka ho ma no.+ 30 Obiara a ɔbisa wo biribi no, fa ma no,+ na deɛ wafa wo nneɛma no, nka nkyerɛ no sɛ ɔnsan mfa mma wo.

31 “Afei nso, sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.+

32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn.+ 33 Na sɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no na moyɛ wɔn papa a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma mo? Abɔnefoɔ mpo yɛ saa ara. 34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfoɔ, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya?+ Abɔnefoɔ mpo ma abɔnefoɔ bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfoɔ a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, ɛfiri sɛ ɔda ayamyɛ adi kyerɛ bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.+ 36 Monkɔ so nhu nnipa mmɔbɔ sɛdeɛ mo Agya hu nnipa mmɔbɔ+ no.

37 “Bio nso, monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ atɛn, na wɔremmu mo atɛn da.+ Monnyae sɛ mokasa tia nkurɔfoɔ,* na nkurɔfoɔ renkasa ntia mo* da. Monkɔ so mfa bɔne nkyɛ, na wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo.+ 38 Monkɔ so mma, na nkurɔfoɔ bɛma mo.+ Wɔbɛhyɛ susukuruwa ma, amia so, awoso no ama abu so, na wɔde agu mo ntoma mu. Ɛfiri sɛ adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.”

39 Ɔsan maa wɔn mfatoho bi sɛ: “Nifirani bɛtumi akyerɛ nifirani kwan anaa? Anka wɔn mmienu nyinaa bɛtɔ amena mu, ɛnte saa?+ 40 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yie no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ. 41 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, na wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so?+ 42 Wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ: ‘Me nua, ma menyi ntɛtɛ a ɛda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so? Nyaatwomni! Di kan yi dua* no firi wo ankasa w’ani so; ɛno bɛma woahunu adeɛ yie na woayi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.

43 “Na dua pa biara nso aba bɔne, na dua bɔne biara nso aba pa.+ 44 Dua biara aba na wɔde hu dua korɔ.+ Nkurɔfoɔ ntete borɔdɔma mfiri nkasɛɛ so, na wɔntwa bobe mfiri nkasɛɛ so, ɛnte saa? 45 Nneɛma pa a onipa pa de asie n’akoma mu no, ɛno bi na ɔyi pue, na onipabɔnefoɔ nso, nneɛma bɔne a ɔde asie no, ɛno bi na ɔyi ba; ɛfiri sɛ deɛ ayɛ onipa akoma ma aboro so no, ɛno na n’ano ka.+

46 “Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ deɛ meka?+ 47 Obiara a ɔba me nkyɛn, na ɔte me nsɛm, na ɔde yɛ adwuma no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:+ 48 Ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔresi dan, a ɔtutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ ɔbotan so. Enti berɛ a nsuo yiriiɛ no, ɛbɛbɔɔ dan no nanso antumi anwoso no, ɛfiri sɛ ɔsii no yie.+ 49 Nanso, deɛ ɔte me nsɛm na ɔmfa nyɛ adwuma no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔsii dan sii asaase so a wanto fapem. Na nsuo yiri bɛbɔɔ dan no, na ɛbubuu ntɛm ara, na ɛdan no sɛee koraa.”

7 Berɛ a ɔkaa ne nsɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Ná ɔsraani panin bi wɔ akoa bi a ɔdɔ no paa. Ná akoa no yare dendeenden a ɔreyɛ awu.+ 3 Enti berɛ a ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no mma ɔmmɛsa n’akoa no yareɛ. 4 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔfirii aseɛ srɛɛ no dendeenden sɛ: “Ɔfata sɛ woyɛ wei ma no, 5 ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man no, na ɔno ankasa na ɔsii yɛn hyiadan no.” 6 Enti Yesu ne wɔn kɔe. Na berɛ a ɔreyɛ aduru fie hɔ no, na ɔsraani panin no adi kan asoma ne nnamfo sɛ wɔmmɛka nkyerɛ no sɛ: “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ woba me fie.+ 7 Ɛno nti, mansusu sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn. Wo deɛ, ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no. 8 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase. Meka kyerɛ wei sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɛ wei!’ na wayɛ.” 9 Berɛ a Yesu tee wei no, ɔbarima no ho yɛɛ no nwanwa. Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi n’akyi no kaa sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, menhuu gyidie a ɛso saa wɔ Israel mpo.”+ 10 Berɛ a wɔn a wɔsomaa wɔn no san wɔn akyi kɔɔ fie no, wɔkɔhuu sɛ akoa no ho atɔ no.+

11 Wei akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na na n’asuafoɔ no ne nnipadɔm kɛseɛ bi ka ne ho. 12 Berɛ a ɔbɛn kuro no pono ano no, hwɛ! ná nkurɔfoɔ so ɔbarima bi a wawu de no repue afiri kuro no mu. Ná ɔbarima no yɛ ne maame ba baako pɛ,*+ na na maame no yɛ okunafoɔ. Ná nnipadɔm kɛseɛ bi a wɔfiri kuro no mu nso ka maame no ho. 13 Berɛ a Awurade huu maame no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.”+ 14 Enti Yesu bɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa adeɛ a efunu no da so no. Na wɔn a ɛso wɔn no gyinae. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Aberanteɛ, mese wo sɛ, sɔre!”+ 15 Na aberanteɛ a wawu no sɔre tenaa ase, na ɔfirii asɛe kasae, na Yesu de no maa ne maame.+ 16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ kɛseɛ bi so wɔ yɛn mu.”+ Wɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn atwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ.”+ 17 Na ne ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu.

18 Na Yohane asuafoɔ no kɔkaa weinom nyinaa kyerɛɛ no.+ 19 Enti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu mmienu somaa wɔn Awurade nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no,+ anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?” 20 Berɛ a mmarima no kɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔkaa sɛ: “Yohane Suboni asoma yɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, ‘Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?’” 21 Saa berɛ no ara mu, ɔsaa wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den ne wɔn a wɔn yareɛ mu nyɛ den nyinaa yareɛ,+ na ɔsaa wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nso yareɛ, na ɔdom anifirafoɔ pii ma wɔhunuu adeɛ. 22 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: Seesei anifirafoɔ hunu adeɛ,+ mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asi te asɛm,+ wɔnyane awufoɔ, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.+ 23 Anigyeɛ ne obi a ɔmma me ho biribiara nto no suntidua.”+

24 Berɛ a wɔn a Yohane somaa wɔn no kɔeɛ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Deɛn na mokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Demmire* a mframa rewoso no anaa?+ 25 Ɛnneɛ, deɛn na mopue kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa*+ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaadeɛ fɛfɛɛfɛ a wɔdi dɛ no, wɔte ahemfie. 26 Deɛn koraa na mopue kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔsene odiyifoɔ mpo.+ 27 Wei ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu ama wo.’+ 28 Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane, nanso deɛ ɔsua wɔ Onyankopɔn Ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.”+ 29 (Berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa ne wɔn a wɔgyegye toɔ no tee wei no, wɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ teneneeni, ɛfiri sɛ na Yohane abɔ wɔn asu.+ 30 Nanso Farisifoɔ ne wɔn a wɔnim Mmara no amfa Onyankopɔn afotuo* a ɔde ama wɔn no anyɛ hwee,+ ɛsiane sɛ Yohane ammɔ wɔn asu nti.)

31 “Hwannom ho na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtoto, na wɔte sɛ hwannom?+ 32 Wɔte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa so a wɔrekeka kyerɛ wɔn ho sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansa; yɛsui na yɛteateaam, nanso moansu bi.’ 33 Saa ara nso na Yohane Suboni baeɛ no, wannidi* na wannom nsã,*+ na mokaa sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Onipa Ba no aba, ɔdidi na ɔnom, nanso moka sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ* ne kɔwensani, wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’+ 35 Nanso, nyansa nam ne mma* nyinaa so di bem.”*+

36 Na Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi. Enti ɔkɔɔ Farisini no fie kɔtenaa ase didii.* 37 Na hwɛ! ɔbaa bi a wɔnim no kuro no mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ tee sɛ Yesu redidi* wɔ Farisini no fie, na ɔde alabasta toa a ngo hwamhwam wom bae.+ 38 Na ɔbɛgyinaa ne nan ho wɔ n’akyi sui, na ɔfirii aseɛ de ne nisuo fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tiri nwi pepae. Afei ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no srasraa ho. 39 Berɛ a Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hunuiɛ no, ɔkaa wɔ ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifoɔ ampa a, anka ɔbɛhunu onii korɔ a ɔde ne nsa reka no no. Anka ɔbɛhunu sɛ ɔbaa yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”+ 40 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Na ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka!”

41 “Mmarima mmienu kɔbɔɔ bosea wɔ owura bi hɔ. Baako gyee denare* 500, ɛnna ɔfoforɔ no nso gyee 50. 42 Ná wɔnni hwee a wɔde bɛtua ka no, enti ɔde wɔn aka no kyɛɛ wɔn korakora. Wohwɛ a, wɔn mu hwan na ɔbɛdɔ owura no kɛse?” 43 Simon buaa no sɛ: “Mesusu sɛ deɛ ɔde pii kyɛɛ no no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie.” 44 Ɛnna ɔdanee n’ani hwɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahunu ɔbaa yi? Berɛ a mebaa wo fie no, woamma me nsuo anhohoro me nan ho. Nanso ɔbaa yi de ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tiri nwi apepa. 45 Woamfe m’ano, nanso ɔbaa yi deɛ, ɛfiri berɛ a mebaeɛ no, ɔnnyaee me nan ho fe. 46 Woanhwie ngo angu me tirim, nanso ɔbaa yi deɛ, wahwie ngo hwamhwam agu me nan ho. 47 Enti mereka akyerɛ wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso* deɛ, nanso wɔde akyɛ no.+ Ɛno nti, wakyerɛ ɔdɔ kɛseɛ. Nanso deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔkyerɛ ɔdɔ kakraa bi.” 48 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 49 Na wɔn a wɔne no redidi* no firii aseɛ kekaa sɛ: “Onipa bɛn koraa nie a ɔde bɔne mpo kyɛ yi?”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wo gyidie agye wo nkwa;+ fa asomdwoeɛ kɔ.”

8 Wei akyi berɛ tiaa bi no, ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛmpa.+ Ná Dumienu no ka ne ho, 2 ɛne mmaa bi a na wasa wɔn yareɛ, ne wɔn a na watu ahonhommɔne afiri wɔn so. Saa mmaa yi ne: Maria a wɔfrɛ no Magdalene, deɛ ahonhommɔne nson firii ne mu pueeɛ no, 3 ɛne Yoana,+ Herode fie so panin Kusa yere no, ne Susana ne mmaa foforɔ pii a na wɔde wɔn ahodeɛ resom wɔn no.+

4 Afei nnipadɔm kɛseɛ bi bɛkaa wɔn a wɔne no kokɔɔ nkuro nkuro so no ho, na ɔde mfatoho bi kasa kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 5 “Ogufoɔ bi kɔɔ sɛ ɔrekɔgu n’aba. Berɛ a ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn maa nkurɔfoɔ tiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛdii.+ 6 Ebi kɔguu ɔbotan so, na ɛfifii, nanso ɛsiane sɛ annya nsuo nti, ɛwui.+ 7 Ebi kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no ne no nyinii, na ɛmiaa no.+ 8 Na ebi nso kɔguu asaase pa mu. Berɛ a ɛfifiiɛ no, ɛsoo aba mmɔho 100.”+ Berɛ a ɔkaa weinom no, ɔmaa ne nne so kaa sɛ: “Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+

9 Na n’asuafoɔ no bisaa no deɛ mfatoho yi kyerɛ.+ 10 Ɔkaa sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm kronkron no ase, na wɔn a aka no deɛ, mfatoho na wɔde ka kyerɛ wɔn.+ Enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔbɛhwɛ no kwa, na wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ.+ 11 Afei deɛ mfatoho no kyerɛ nie: Aba no ne Onyankopɔn asɛm.+ 12 Deɛ ɛkɔguu kwankyɛn no ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso Ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni annya nkwa.+ 13 Deɛ ɛkɔguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigyeɛ gye tom, nanso weinom nni nhini. Wɔgye di, nanso ɛnkyɛ; ɛduru sɔhwɛ berɛ a, na wɔagyae.+ 14 Deɛ ɛkɔguu nkasɛɛ mu no, weinom ne wɔn a wɔte asɛm no, nanso asetena yi mu dadwene ne ahonyadeɛ+ ne anigyeɛ+ twetwe wɔn, na ɛmia wɔn koraa ma enti aba a wɔso no ntumi nnyini nwie.+ 15 Na deɛ ɛkɔguu asaase pa mu no deɛ, weinom ne wɔn a wɔde akoma pa+ a emu teɛ tie asɛm no, na wɔde sie wɔn akoma mu, na wɔde animia so aba.+

16 “Obiara nni hɔ a ɔsɔ kanea a, ɔde adeɛ kata so anaasɛ ɔde si mpa ase, na mmom ɔde si kaneadua so, na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahunu hann+ no. 17 Na biribiara nni hɔ a ahinta a ɛrenna adi, na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrempue na ɛremma petee mu.+ 18 Enti monhwɛ sɛdeɛ motie asɛm yie; na obiara a ɔwɔ nteaseɛ no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho,+ na deɛ ɔnni nteaseɛ no deɛ, nteaseɛ kakra a ɔsusu sɛ ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn bɛgye afiri ne nsam.”+

19 Afei Yesu maame ne ne nua mmarima+ baa ne nkyɛn, nanso nnipadɔm+ no nti, wɔantumi annuru baabi a ɔwɔ no. 20 Na nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wɔhu wo.” 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me maame ne me nua mmarima ne weinom a wɔte Onyankopɔn asɛm na wɔdi so no.”+

22 Da bi, ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛntwa nkɔ tadeɛ no agya.” Enti wɔsiim kɔe.+ 23 Na berɛ a wɔwɔ nsuo no so no, ɔdae. Ɛnna mframa kɛseɛ bi bɔ faa tadeɛ no so, na nsuo firii aseɛ bu faa wɔn kodoɔ no so maa anka wɔreyɛ amem.+ 24 Enti wɔkɔnyanee no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛrebɛwuwu!” Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔteateaa mframa no ne nsuo a ɛrebu fa so no, na ano brɛɛ ase, na ɛyɛɛ dinn.+ 25 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo gyidie wɔ he?” Nanso ehu kaa wɔn, na wɔn ho dwirii wɔn, na wɔbisaa wɔn ho sɛ: “Hwan koraa nie? Ɔtumi hyɛ mframa ne nsuo mpo ma wɔtie no.”+

26 Na wɔde kodoɔ no kɔduruu mpoano wɔ Gerasafoɔ asaase so,+ baabi a ɛne Galilea di nhwɛanimu, na wɔgyinae. 27 Berɛ a Yesu sii fam no, ɔbarima bi a ɔfiri kurom hɔ a ahonhommɔne wɔ ne so bɛhyiaa no. Ná ɔhyɛɛ ataadeɛ akyɛ paa, na na ɔnte fie, mmom, na ɔte asieeɛ.*+ 28 Berɛ a ɔhuu Yesu no, ɔteaam, na ɔkotoo n’anim. Afei ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Deɛn na me ne wo wɔ yɛ, Yesu, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba? Mesrɛ wo, nha me.”+ 29 (Ná Yesu aka akyerɛ honhom fĩ no sɛ ɔmfiri ɔbarima no mu. Ná honhom no taa kɔhyɛ ɔbarima no mu,+ na na wɔtaa de nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa ne ne nan, na wɔwɛn no. Nanso na ɔtete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu, na na honhommɔne no twe no kɔ baabi a obiara nni.) 30 Yesu bisaa no sɛ: “Wo din de sɛn?” Ɔkaa sɛ: “Asafodɔm,” ɛfiri sɛ na ahonhommɔne pii hyɛ ne mu. 31 Na wɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔmmfiri ne mu nnkɔ amena donkodonko no mu.+ 32 Saa berɛ no, ná mprako pii+ wɔ bepɔ no so a wɔredidi. Enti wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔhyɛ mprako no mu. Na ɔmaa wɔn kwan.+ 33 Enti ahonhommɔne no pue firii ɔbarima no mu, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na mprako no de mmirika firii bepɔ no so kɔguu tadeɛ no mu, na wɔwuwui. 34 Berɛ a wɔn a wɔhwɛ mmoa no hunuu deɛ asie no, wɔdwane kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu ne ne nkuraaseɛ.

35 Ɛnna nkurɔfoɔ baa sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ asie. Na wɔbaa Yesu nkyɛn bɛhuu ɔbarima a ahonhommɔne afiri ne mu no sɛ ɔhyɛ ataadeɛ te Yesu nan ase a n’adwenem da hɔ, na ehu kaa wɔn. 36 Na wɔn a wɔhuu deɛ ɛsiiɛ no kaa deɛ ɛyɛeɛ a ɔbarima a na ahonhommɔne wɔ ne so no ho tɔɔ no no kyerɛɛ nkurɔfoɔ no. 37 Enti nnipadɔm a wɔfiri Gerasafoɔ nsaase a ɛbembɛn hɔ no so no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Ɛnna ɔtenaa kodoɔ no mu siim sɛ ɔrekɔ. 38 Na ɔbarima a ahonhommɔne firii ne mu no kɔɔ so srɛɛ Yesu sɛ ɔne no bɛkɔ, nanso ɔmaa ɔbarima no sanee, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ 39 “San kɔ fie, na kɔ so ka deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo.” Enti ɔfirii hɔ kɔe, na ɔkaa deɛ Yesu ayɛ ama no no wɔ kuro no mu nyinaa.

40 Berɛ a Yesu san baeɛ no, nnipadɔm no gyee no fɛ so, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa rehwɛ no kwan.+ 41 Na hwɛ! ɔbarima bi a ne din de Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin bae. Na ɔkotoo Yesu nan ase, na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔmmra ne fie,+ 42 ɛfiri sɛ na ne babaa baako pɛ* a wadi bɛyɛ mfe 12 reyɛ awu.

Berɛ a Yesu rekɔ no, nnipadɔm no kyeree ne so. 43 Ná ɔbaa bi wɔ hɔ a mogya atu no+ mfeɛ 12, na na obiara ntumi nsaa no yareɛ.+ 44 Ɔbaa no faa Yesu akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano,+ na amonom hɔ ara, mogya no twae. 45 Enti Yesu bisaa sɛ: “Hwan na ɔde ne nsa kaa me?” Obiara kaa sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛnna Petro kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho,* na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kaa sɛ: “Obi de ne nsa aka me; mahunu sɛ tumi+ afiri me mu kɔ.” 47 Berɛ a ɔbaa no huu sɛ Yesu ahu no no, ɔde ahopopoɔ bɛkotoo n’anim. Na ɔkaa deɛ enti a ɔde ne nsa kaa no, ɛne sɛdeɛ ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoeɛ kɔ.”+

49 Na Yesu gu so rekasa no, hyiadan mu panin no nanmusini bi bɛkaa sɛ: “Wo babaa no awu; nha Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio.”+ 50 Berɛ a Yesu teeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ: “Nsuro. Wo deɛ, nya gyidie, na wo babaa no bɛnya nkwa.”+ 51 Berɛ a ɔduruu fie hɔ no, wamma obiara ne no anwura hɔ gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abaayewa no papa ne ne maame. 52 Nanso na nkurɔfoɔ resu abaayewa no, na na wɔde awerɛhoɔ repempem wɔn koko. Enti ɔkaa sɛ: “Monnyae su,+ ɔnwui na mmom wada.”+ 53 Ɔkaa saa no, wɔfirii aseɛ seree no, ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ wawu. 54 Ɛnna ɔsɔɔ abaayewa no nsa, na ɔkaa sɛ: “Abaayewa, sɔre!”+ 55 Na nkwa*+ san baa ne mu, na ntɛm ara ɔsɔree.+ Na Yesu kaa sɛ wɔmma abaayewa no biribi nni. 56 Na n’awofoɔ ani gye boroo so, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka deɛ asie no nnkyerɛ obiara.+

9 Na ɔfrɛɛ Dumienu no hyiae, na ɔmaa wɔn ahoɔden ne tumi a wɔde bɛtu ahonhommɔne+ nyinaa, ɛne tumi a wɔde bɛsa yareɛ.+ 2 Ɛnna ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa yareɛ, 3 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa hwee nntu kwan no; mommfa poma anaa aduane kotokuo, paanoo anaa sika;* mommfa ntaadeɛ+ mmienu nso. 4 Na baabiara a mobɛkɔ no, sɛ mokɔ fie bi mu a, montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akɔ.+ 5 Na baabiara a nnipa annye mo no, sɛ morefiri kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mma ɛnyɛ adanseɛ ntia wɔn.”+ 6 Na wɔsiim kɔfaa asaase no so, na wɔkɔɔ akuraa biara ase. Na wɔkaa asɛmpa no, na wɔsaa nyarewa wɔ baabiara.+

7 Na Herode* a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ* no tee nneɛma a na ɛrekɔ so no nyinaa, na n’adwene tu frae, ɛfiri sɛ na ebinom rekeka sɛ wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,+ 8 na ebinom nso kaa sɛ Elia na aba, ɛnna ebinom nso se tete adiyifoɔ no mu baako na asɔre.+ 9 Herode kaa sɛ: “Matwa Yohane ti.+ Ɛnneɛ hwan na meretete ne ho asɛm sei yi?” Enti, na ɔpɛ sɛ ɔhu no.+

10 Berɛ a asomafoɔ no san baeɛ no, wɔkaa nneɛma a wɔayɛ nyinaa kyerɛɛ Yesu.+ Enti ɔfaa wɔn ne wɔn kɔhyɛɛ baabi a ate ne ho, wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Betsaida+ mu. 11 Nanso berɛ a nnipadɔm no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi. Na ɔgyee wɔn fɛ so, na ɔfirii aseɛ kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔsaa wɔn a wɔhia ayaresa no yareɛ.+ 12 Afei na adeɛ resa. Ɛnna Dumienu no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa ne mfuo a atwa ahyia yi mu akɔpɛ daberɛ ne nneɛma a wɔbɛhia, ɛfiri sɛ baabi a yɛwɔ yi ate ne ho.”+ 13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnni hwee sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu. Gye sɛ ebia yɛn ankasa yɛkɔtɔ aduane brɛ nnipa yi nyinaa.” 14 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ mmarima 5,000. Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Momma wɔntenatena ase akuakuo; Ekuo biara mu nnipa nyɛ bɛyɛ 50.” 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro, na ɔhyiraa so. Afei ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa nsisi nnipadɔm no anim. 17 Enti wɔn nyinaa didi mee, na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, wɔnyaa nkɛntɛn 12.+

18 Akyire yi, berɛ a ɔno nko ara rebɔ mpaeɛ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Nnipadɔm no se mene hwan?”+ 19 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni, ebinom se Elia, ɛnna ebinom nso se tete adiyifoɔ no mu baako na asɔre.”+ 20 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, mose meyɛ hwan?” Petro buaa sɛ: “Kristo a Onyankopɔn asoma no no.”+ 21 Na ɔkaa no dendeenden kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ 22 na ɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+

23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ bio.+ Mmom ɔmfa n’asɛndua* da biara da na ɔnni m’akyi daa.+ 24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ɔno na ne nsa bɛka.+ 25 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* anaa ɔsɛe no a, mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya?+ 26 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, sɛ onipa Ba no ba ɔne n’Agya ne abɔfo kronkron no animuonyam mu a, ne ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu.+ 27 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie+ no.”

28 Ampa ara, berɛ a ɔkaa saa nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho, na ɔforo kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 29 Berɛ a ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, n’anim sesae, na n’ataadeɛ yɛɛ hyɛnn te sɛ hann. 30 Na hwɛ! ná mmarima mmienu, Mose ne Elia, ne no rekasa. 31 Mmarima mmienu no de animuonyam na ɛbaeɛ, na wɔfirii aseɛ kaa ne nkɔeɛ ho asɛm, deɛ na ɔbɛma aba mu wɔ Yerusalem no.+ 32 Ná nna wɔ Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ani so. Berɛ a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhuu Yesu animuonyam+ ne mmarima mmienu a wɔne no gyina hɔ no. 33 Na berɛ a Mose ne Elia regya Yesu hɔ akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” Petro deɛ, na ɔnnim deɛ ɔreka. 34 Na berɛ a ɔreka weinom no, mununkum bi bae, na ɛfirii aseɛ kataa wɔn so. Berɛ a mununkum no kataa wɔn so no, wɔsuroeɛ. 35 Na nne bi+ firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ mayi no no.+ Montie no.”+ 36 Na berɛ a ɛnne no baeɛ no, wɔhuu sɛ aka Yesu nko ara. Na wɔyɛɛ komm, na wɔanka deɛ wɔhunuiɛ yi mu biara ankyerɛ obiara wɔ saa nna no mu.+

37 Adeɛ kyeeɛ no, wɔfirii bepɔ no so sianee, na nnipadɔm kɛseɛ bi bɛhyiaa no.+ 38 Na hwɛ! ɔbarima bi firi nnipa no mu teaam sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me babarima yi, ɛfiri sɛ ɔyɛ me ba baako pɛ.+ 39 Na hwɛ! honhom bi ba ne so, na ɔteam prɛko pɛ, na ɛtwa no hwe fam ma ɔsensene, na n’ano pu ahuro. Na sɛ ɛpira no wie mpo a, ɛmpɛ sɛ ɛfiri ne so. 40 Mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu honhom no, nanso wɔantumi.” 41 Yesu kaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ+ abɔnefoɔ* a monni gyidie, me ne mo ntena na mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa wo ba no bra ha.”+ 42 Na berɛ a abarimaa no rebɛn Yesu no, honhommɔne no maa ɔtwa hwee fam, na ɔsensenee. Nanso Yesu kaa honhom fĩ no anim, na ɔsaa abarimaa no yareɛ, na ɔsan de no maa ne papa. 43 Na Onyankopɔn ahoɔden kɛseɛ a wɔhunuiɛ no maa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn.

Na nneɛma a na Yesu reyɛ nyinaa yɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa nwanwa. Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 44 “Monwɛn mo aso ntie saa nsɛm yi na monkae, ɛfiri sɛ wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa.”+ 45 Ná wɔnte n’asɛm no ase. Nokwasɛm ne sɛ, ná wɔde ahinta wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrente aseɛ, na na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no asɛm a ɔkaeɛ no ho biribi.

46 Na akyinnyeɛ bi sɔree wɔn mu sɛ, hwan na ɔyɛ ɔkɛseɛ wɔ wɔn mu?+ 47 Berɛ a Yesu huu deɛ wɔredwene ho wɔ wɔn akoma mu no, ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye Deɛ ɔsomaa me no nso.+ Na deɛ ɔyɛ ne ho kumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛseɛ.”+

49 Na Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhuu obi a ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛyɛɛ sɛ yɛbɛsi no kwan, ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne no na ɛdi w’akyi.”+ 50 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Monnyɛ sɛ mobɛsi no kwan, ɛfiri sɛ obiara a ɔnsɔre ntia mo no, na ɔwɔ mo afã.”

51 Berɛ a nna no rebɛn ama wɔafa no akɔ soro no,+ ɔde sii n’ani so dendeenden sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Enti ɔsomaa nnipa dii n’anim. Na wɔsiim kɔɔ Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no. 53 Nanso wɔannye no,+ ɛfiri sɛ na wasi n’adwene pi* sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 54 Berɛ a asuafoɔ mmienu, Yakobo ne Yohane+ hunuu wei no, wɔkaa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma egya firi soro bɛhye wɔn ase anaa?”+ 55 Nanso ɔdanee ne ho, na ɔkaa wɔn anim. 56 Ɛno nti, wɔkɔɔ akuraa foforɔ ase.

57 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi w’akyi.” 58 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mprebuo, na onipa Ba no deɛ, ɔnni baabi a ɔde ne ti to.”+ 59 Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ: “Di m’akyi.” Ɔbarima no kaa sɛ: “Awurade, ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.”+ 60 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ,+ na wo deɛ, kɔ na kɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm wɔ baabiara.”+ 61 Na obi foforɔ nso kaa sɛ: “Awurade, mɛdi w’akyi, nanso ma me kwan ma menkɔkra me fiefoɔ ansa.” 62 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa sɔ dadeɛ a wɔde funtum asaase mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi+ no, ɔmfata sɛ ɔkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+

10 Weinom akyi no, Awurade yii asuafoɔ 70 foforɔ, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu+ dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a na ɔno ankasa rebɛkɔ no. 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, afuo no mu nnɔbaeɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti monsrɛ afuo Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfoɔ mmɛtwa ne nnɔbaeɛ no bi.+ 3 Monkɔ! Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwan mma akɔ mpataku mu.+ 4 Mommfa sika kotokuo, anaa aduane bɔtɔ, anaa mpaboa,+ na monnkyea obiara* wɔ kwan so. 5 Baabiara a mobɛwura efie bi mu no, monni kan nka sɛ, ‘Asomdwoeɛ mmra efie yi so.’+ 6 Sɛ obi a ɔmpɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsan aba mo so. Na sɛ obi a ɔpɛ asomdwoeɛ* wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so. 7 Enti montena saa fie no mu,+ na deɛ wɔde bɛma mo no, monni na monnom,+ ɛfiri sɛ odwumayɛni akatua sɛ no.+ Monntu mmfiri efie baako mu nnkɔ efie foforɔ mu.

8 “Afei nso, kuro biara a mobɛwura mu no, sɛ wɔgye mo a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim biara; 9 monsa emu ayarefoɔ yareɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’+ 10 Nanso kuro biara a mobɛwura mu no, sɛ wɔannye mo a, mompue nkɔ n’abɔnten so, na monka sɛ: 11 ‘Mo kuro yi mu mfuturo a ɛguu yɛn nan ho mpo, yɛporoporo gu mo so.+ Nanso, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’ 12 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa da no, deɛ ɛbɛto saa kuro no, ɛbɛkyɛn Sodom.+

13 “Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afirafira awerɛhoɔ ntoma* atenatena nsõ mu dadaada.+ 14 Enti deɛ ɛbɛto mo atemmuo mu no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Adamena* mu na wobɛsiane akɔ!

16 “Deɛ ɔtie mo no, ɔtie me.+ Na deɛ ɔntie mo no, ɔntie me nso. Afei nso, deɛ ɔntie me no, ɔntie Deɛ ɔsomaa me no nso.”+

17 Na 70 no de anigyeɛ san ba bɛkaa sɛ: “Awurade, wo din+ a yɛde yɛ adwuma nti, ahonhommɔne mpo brɛ wɔn ho ase ma yɛn.” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mahunu sɛ Satan firi soro abɛhwe fam+ te sɛ anyinam. 19 Hwɛ! mama mo tumi a mode bɛtiatia awɔ ne nyanyankyerɛ so, ne deɛ mode bɛdi ɔtamfo no tumi nyinaa so,+ na biribiara rentumi nyɛ mo. 20 Nanso monnni ahurisie sɛ ahonhom brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom monni ahurisie ɛfiri sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ soro.”+ 21 Saa berɛ no ara, honhom kronkron hyɛɛ Yesu ma, na n’ani gyee papaapa, na ɔkaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ+ fee, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa. O Agya, ɛyɛ ampa, ɛfiri sɛ wei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani.+ 22 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim onipa korɔ a Ɔba no yɛ, gye Agya no, na obiara nnim onipa korɔ a Agya no yɛ, gye Ɔba no,+ ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.”+

23 Afei ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no nko ara, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anigyeɛ ne ani a ɛhunu nneɛma a seesei mohunu yi.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛ sɛ wɔhunu nneɛma a seesei mohunu yi, nanso wɔanhunu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.”

25 Na, hwɛ! ɔbarima bi a ɔnim Mmara no sɔree sɛ ɔresɔ Yesu ahwɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na meyɛ a mɛnya daa nkwa?”+ 26 Yesu bisaa no sɛ: “Deɛn na wɔatwerɛ wɔ Mmara no mu? Berɛ a wokenkaneeɛ no, wotee aseɛ sɛn?” 27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn,’+ na ‘wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie; kɔ so yɛ wei na wobɛnya nkwa.”+

29 Nanso, ná ɔbarima no pɛ sɛ ɔbu ne ho bem,+ enti ɔbisaa Yesu sɛ: “Hwan paa ne me yɔnko?” 30 Yesu buaa sɛ: “Ná ɔbarima bi firi Yerusalem resiane akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mu. Wɔworɔɔ ne ho ntaadeɛ bobɔɔ no, na wɔgyaa no hɔ kɔe a na ɔreyɛ awu. 31 Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ bi siane bɛtwaa mu wɔ saa kwan no so, nanso berɛ a ɔhuu ɔbarima a ɔreyɛ awu no, ɔkɔfaa baabi foforɔ koraa. 32 Na Lewini bi nso bɛfaa hɔ, na berɛ a ɔhuu ɔbarima no, ɔno nso faa baabi foforɔ koraa. 33 Afei Samariani+ bi a ɔnam kwan no so retu kwan bɛpuee ɔbarima no so, na berɛ a ɔhuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Enti ɔbɛn no, na ɔhwiee ngo ne nsã* guu n’akuro no so, na ɔkyekyeree. Afei ɔde no tenaa ɔno ankasa aboa so, na ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu kɔhwɛɛ no. 35 Adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare* mmienu de maa onipa a ɔhwɛ ahɔhodan no so no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ aka ho no, mesan ba a mɛtua ama wo.’ 36 Nnipa mmiɛnsa yi, wɔn mu hwan na wosusu sɛ ɔde ne nneyɛɛ kyerɛɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mu no yɔnko?”+ 37 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhuu no mmɔbɔ no.”+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara.”+

38 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Ɛhɔ na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta+ gyee no kɔɔ ne fie kɔsom no hɔhoɔ. 39 Ná saa ɔbaa yi wɔ nuabaa bi nso a wɔfrɛ no Maria. Na Maria tenaa Awurade nan ase, na Awurade asɛm no ara na na ɔretie. 40 Nanso Marta deɛ, na nnwuma bebree agye n’adwene. Enti ɔbaa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, enti me nuabaa no agya me nko ara ama mereyɛ adeɛ yi, wonhunu? Ka kyerɛ no na ɔmmɛboa me.” 41 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wodwendwene bebree, na wode nneɛma pii ha wo ho. 42 Nanso nneɛma kakraa bi na ɛhia, anaa baako pɛ mpo. Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ papa,*+ na obiara rennye mfiri ne nsam.”

11 Berɛ bi, na ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ, na berɛ a ɔwieeɛ no, n’asuafoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔbɔ mpaeɛ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.”

2 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ biara a mobɛbɔ mpaeɛ no, monka sɛ: ‘Agya, wo din ho nte.*+ W’Ahennie mmra.+ 3 Ma yɛn aduane* da biara sɛdeɛ yɛhia wɔ ɛda no mu.+ 4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛn nso, obiara a ɔde yɛn ka no, yɛde kyɛ no.+ Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.’”+

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛmfa no sɛ mo mu bi wɔ adamfoɔ, ɛnna ɔkɔɔ ne nkyɛn dasuom kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘M’adamfo, ma* me paanoo mmiɛnsa, 6 na seesei ara na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na menni hwee a mede bɛma no.’ 7 Ɛnna w’adamfo no ka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Gyae me haw. Yɛato pono no mu dada, na me ne me mma nkumaa nyinaa adeda. Merentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo nti na ɔbɛsɔre abɛma no biribi; mmom, dwan a ɔredwan ne ho nti,+ ɔbɛsɔre abɛma no deɛ ɔhia biara. 9 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom, na wɔbɛbue mo.+ 10 Ɛfiri sɛ obiara a ɔbisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔbɛhunu, na obiara a ɔbɔ mu no, wɔbɛbue no. 11 Mo mu hwan paa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa?+ 12 Sɛ ɔbisa no kosua nso a, ɔde nyanyankyerɛ bɛhyɛ ne nsam anaa? 13 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, ɛnneɛ mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wɔbisa no no ama no aboro so!”+

14 Akyire yi, Yesu tuu honhommɔne bi a ɔma nkurɔfoɔ yɛ mum firii ɔbarima bi mu.+ Berɛ a ɔtuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ɛyɛɛ nnipadɔm no nwanwa.+ 15 Nanso wɔn mu binom kaa sɛ: “Ɔde ahonhommɔne panin Beelsebub* na ɛtu ahonhommɔne.”+ 16 Ná ebinom nso pɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.+ 17 Berɛ a ɔhuu wɔn adwene no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na efie a ɛko tia ne ho no rennyina. 18 Enti sɛ Satan nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Ɛfiri sɛ moka sɛ menam Beelsebub so na ɛtu ahonhommɔne. 19 Sɛ mede Beelsebub na ɛtu ahonhommɔne a, mo mma* de hwan na ɛtu wɔn? Wei nti, wɔbɛbu mo atɛn. 20 Na sɛ mede Onyankopɔn nsateaa+ na ɛtu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na mo ne Onyankopɔn Ahennie abɔ nsianho.*+ 21 Sɛ ɔbarima hoɔdenfoɔ de akodeɛ hyehyɛ ne ho wɛn n’aban a, n’agyapadeɛ renyera. 22 Nanso sɛ obi a ne ho yɛ den sene no bɛto hyɛ ne so, na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a ɔde ne ho ato so no nyinaa, na ɔkyekyɛ nneɛma a ɔgye firii ne nkyɛn no. 23 Obiara a ɔnni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+

24 “Sɛ honhom fĩ bi firi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, na sɛ wannya bi a, ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fie a metu firii mu no mu.’+ 25 Sɛ ɔbɛduru hɔ a, ɔhunu sɛ wɔaprapra fie no mu asiesie mu kama. 26 Enti ɔkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔdi bɔne sene no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ. Na saa onipa no awieeɛ sɛe sene kane no.”

27 Berɛ a ɔgu so reka weinom no, ɔbaa bi firi nnipadɔm no mu teaam ka kyerɛɛ no sɛ: “Anigyeɛ ne yafunu a ɛnyinsɛn wo, ne nufoɔ a wonomeeɛ!”+ 28 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Daabi, mmom, anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so!”+

29 Berɛ a nnipadɔm no reboaboa wɔn ho ano no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne. Nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no.+ 30 Na sɛdeɛ Yona+ bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefoɔ no, saa ara na onipa Ba no nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama awoɔ ntoatoasoɔ yi. 31 Wɔbɛnyane anaafoɔ fam hemmaa+ ne awoɔ ntoatoasoɔ yi mu nnipa aba atemmuo no mu, na ɔbɛbu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asaase ano bɛtiee Solomon nyansa. Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.+ 32 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛsɔre atemmuo berɛ mu, na wɔbɛbu awoɔ ntoatoasoɔ yi fɔ, ɛfiri sɛ asɛm a Yona kaeɛ no maa wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 33 Sɛ obi sɔ kanea a, ɔmfa nsie, na ɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom ɔde si kaneadua so,+ na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahunu hann no. 34 Nipadua kanea ne w’ani. Sɛ w’ani hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa nso hyerɛn;* nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere adeɛ* a, wo nipadua nso yɛ sum.+ 35 Ɛno nti monhwɛ yie, ebia na hann a ɛwɔ mo mu no yɛ sum. 36 Enti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiara nyɛ sum a, nipadua no nyinaa bɛhyerɛn te sɛ deɛ kanea hyerɛn ma wonya hann no.”

37 Berɛ a Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi. Enti ɔkɔɔ ne fie ne no kɔdidii.* 38 Na berɛ a Farisini no huu sɛ wanhohoro ne nsa* ansa na ɔredidi no,+ ɛyɛɛ no nwanwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo Farisifoɔ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho, nanso mo mu deɛ, adufudepɛ* ne bɔne ayɛ mo ma.+ 40 Mo a monni adwene! Deɛ ɔyɛɛ akyire no, ɛnyɛ ɔno ara na ɔyɛɛ emu nso? 41 Na sɛ moreyɛ adɔeɛ* a, momma no mfiri mo akomam. Sɛ moyɛ saa a, mo ho bɛte adeɛ nyinaa mu. 42 Na mo Farisifoɔ deɛ, monnue, ɛfiri sɛ moyi nunum ne akokɔbɛsa ne nhabamma* foforɔ biara so ntotosoɔ du du,+ nanso Onyankopɔn atɛntenenee ne ne dɔ deɛ, momfa nyɛ hwee! Ɛsɛ sɛ moyi ntotosoɔ du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mobu mo ani gu nneɛma a ɛhia paa no so.+ 43 Mo Farisifoɔ, monnue, ɛfiri sɛ mopɛ nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu ne dwa so nkyea!+ 44 Monnue, ɛfiri sɛ mote sɛ ada* a nnipa nhunu,*+ ada a nkurɔfoɔ nante so a wɔnnim!”

45 Ɛnna wɔn a wɔnim Mmara no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a, yɛn nso woadidi yɛn atɛm.” 46 Na Yesu kaa sɛ: “Mo a monim mmara no, mo nso monnue, ɛfiri sɛ mode nnesoa a emu yɛ duru soa nnipa, nanso mo ankasa deɛ, momfa mo nsateaa baako mpo nka nnesoa no!+

47 “Monnue, ɛfiri sɛ mosiesie adiyifoɔ no adamena,* nanso mo agyanom na ɛkum wɔn!+ 48 Biribiara kyerɛ sɛ monim nneɛma a mo agyanom yɛeɛ, na mopene so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkum adiyifoɔ no,+ na mo na moresiesie wɔn adamena.* 49 Wei nti na Onyankopɔn nyansa nso kaa sɛ: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn nkyɛn, na wɔbɛkum wɔn mu binom, na wɔatan ebinom ani. 50 Ɛno nti, adiyifoɔ mogya a wɔahwie agu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase* no nyinaa, wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi+ hɔ, 51 ɛfiri Habel mogya+ so kɔsi Sakaria a wɔkuu no afɔrebukyia ne asɔrefie no ntam+ no mogya so.’ Aane, mereka akyerɛ mo sɛ wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi hɔ.

52 “Monnue, mo a monim Mmara no, ɛfiri sɛ moagye nimdeɛ safoa no afiri nkurɔfoɔ hɔ. Mo ankasa moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosi wɔn kwan!”+

53 Enti berɛ a ɔfirii hɔ no, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bɛgyinagyinaa ne ho bebree, na wɔbisabisaa no nsɛm foforɔ pii 54 de hwɛɛ sɛ ɔbɛka biribi ama wɔanya no anaa.+

12 Saa berɛ no ara, na nnipa mpempem pii, ɛdɔm kɛseɛ bi, aboaboa wɔn ho ano, na na wɔnnya baabi mpo ntu wɔn nan nsi. Berɛ a ɔrefiri aseɛ akasa no, ɔdii kan ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ mmɔka,* kyerɛ sɛ, wɔn nyaatwom no ho.+ 2 Na biribiara nni hɔ a wɔde asie fee a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+ 3 Enti biribiara a moka no wɔ sum mu no, wɔbɛte no wɔ hann mu, na deɛ moka gu nkurɔfoɔ asom wɔ pia mu no, wɔbɛpae mu aka no adan atifi. 4 Bio nso, me nnamfonom,+ mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum nipadua, a ɛno akyi no wɔntumi nyɛ hwee bio no.+ 5 Na mmom mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no: Monsuro Deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto ato Gehenna.*+ Aane, mereka akyerɛ mo sɛ, Wei na monsuro no.+ 6 Wɔtɔn nkasanoma nnum gye nkaprɛ mmienu,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no.*+ 7 Na mo tiri nwi mpo, wakan ne nyinaa.+ Monnsuro; mo ho hia sene nkasanoma bebree.+

8 “Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 9 Na obiara a ɔpo me wɔ nnipa anim no, mɛpo no wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.+ 10 Obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no, na deɛ ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no.+ 11 Na sɛ wɔde mo kɔ badwafoɔ* ne aban mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛyi mo ano anaa deɛ mobɛka ho,+ 12 na saa berɛ no ara, honhom kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”+

13 Ɛnna obi firi nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ* no.” 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Damfo, hwan na ɔyii me sɛ menyɛ mo temmufoɔ anaa obi a ɔbɛsiesie mo ntam?” 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yie wɔ adufudepɛ* biara ho,+ ɛfiri sɛ sɛ onipa nya agyapadeɛ ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”+ 16 Ɛno nti, ɔkaa mfatoho bi kyerɛɛ wɔn sɛ: “Osikani bi asaase soo aba pii. 17 Enti ɔsusuu wɔ n’akoma mu sɛ, ‘Deɛn na menyɛ? Seesei menni baabiara a mɛboaboa me nnɔbaeɛ ano agu.’ 18 Na ɔkaa sɛ, ‘Deɛ mɛyɛ nie:+ Mɛdwirii m’adekoradan na masisi akɛseɛ, na ɛhɔ na mɛboaboa me hwiit* ne me nneɛma pa nyinaa ano agu, 19 na mɛka akyerɛ me ho* sɛ: “Wowɔ* nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ pii; dwodwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.”’ 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yi wɔregye wo nkwa* afiri wo nsam. Afei, hwan na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne dea?’+ 21 Saa ara na onipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefoɔ wɔ Onyankopɔn fam no teɛ.”+

22 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Wei nti, mereka akyerɛ mo sɛ, monnyae sɛ modwendwene mo nkwa* ho sɛ deɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ deɛn na mobɛhyɛ.+ 23 Ɛfiri sɛ nkwa* som bo sene aduane, na nipadua sene ataadeɛ. 24 Monhwɛ nkwaakwaadabi: Wɔngu aba, na wɔntwa nnɔbaeɛ; wɔnni adekoradan anaa baabi a wɔde aduane gu, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane.+ Mo ho nhia pii nsene nnomaa anaa?+ 25 Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho? 26 Enti sɛ montumi nyɛ ade ketewa sei a, ɛnneɛ adɛn nti na modwendwene nneɛma a aka no ho?+ 27 Monhwɛ sɛdeɛ nhwiren* nyini: Ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntoma; nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon mpo, n’animuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako.+ 28 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu gya mu no ataadeɛ a, hwɛ sɛdeɛ ɔbɛhyɛ mo ataadeɛ aboro so, mo a mo gyidie sua! 29 Enti monnyae sɛ mohwehwɛ* deɛ mobɛdi ne deɛ mobɛnom, na monnyae sɛ modwendwene ma mo ani yɛ mo totɔtotɔ;+ 30 ɛfiri sɛ weinom nyinaa ne nneɛma a aman a ɛwɔ wiase no di akyire dendeenden, na mo Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi.+ 31 Mmom, monkɔ so nhwehwɛ n’Ahennie, na wɔde saa nneɛma yi bɛka ho ama mo.+

32 “Nnwankuo ketewa,+ monnsuro, ɛfiri sɛ mo Agya no apene so sɛ ɔde Ahennie no bɛma mo.+ 33 Montɔn nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔeɛ.*+ Monyɛ sika nkotokuo a ɛnsɛe, kyerɛ sɛ, agyapadeɛ a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a korɔmfoɔ biara rentumi mmɛn hɔ na nweweboaa biara nsɛe no. 34 Ɛfiri sɛ baabi a mo agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ.

35 “Momfa mo adwuma ataadeɛ nhyɛ,* na monyɛ krado,+ na momma mo kanea nnɛre,+ 36 na monyɛ sɛ mmarima a wɔretwɛn wɔn wura+ a ɔrekɔware,+ na sɛ ɔbɛduru na ɔbom a, wɔabue no ntɛm ara. 37 Anigyeɛ ne nkoa a wɔn wura no bɛba abɛhunu sɛ wɔrewɛn! Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, owura no bɛhyɛ adwuma ataadeɛ,* na wama ne nkoa no atenatena didipono ho, na waba abɛsom wɔn. 38 Sɛ owura no ba bɛduru anadwo,* anaasɛ dasuom* mpo, na ɔba bɛhunu sɛ wɔayɛ krado a, wɔn ani bɛgye! 39 Na monhunu wei: Sɛ efiewura nim berɛ pɔtee a korɔmfoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na korɔmfoɔ no ammɛbu ne fie amma mu.+ 40 Mo nso, monyɛ krado, ɛfiri sɛ berɛ a mo ani nna no, saa berɛ no na onipa Ba no bɛba.”+

41 Ɛnna Petro bisaa no sɛ: “Awurade, wode mfatoho yi rema yɛn nko ara, anaa obiara nso ka ho?” 42 Na Awurade kaa sɛ: “Hwan koraa ne efiehwɛfoɔ nokwafoɔ no, ɔbadwemma* a ne wura de no bɛsi n’asomfoɔ* so sɛ ɔnkɔ so mma wɔn aduane a wɔhia wɔ berɛ a ɛsɛ mu no?+ 43 Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa! 44 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so. 45 Nanso sɛ saa akoa no ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛ,’ na ɔfiri aseɛ hwe nkoa* no, na ɔdidi, na ɔnom nsã na ɔboro a,+ 46 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ no kwan ne berɛ a ɔnnim, na ɔbɛtwe n’aso dendeenden, na ɔde no aka wɔn a wɔnni nokorɛ no ho. 47 Enti akoa a ɔnim deɛ ne wura pɛ, nanso wanyɛ krado anaa wanyɛ no sɛdeɛ ne wura pɛ no, wɔbɛtwa no mmaa pii.+ 48 Na deɛ ɔnnim a ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔhwe no no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Nokwasɛm ne sɛ, obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne hɔ, na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, wɔbɛhwehwɛ deɛ ɛboro so afiri ne nkyɛn.+

49 “Meba bɛsɔɔ gya wɔ asaase so, na sɛ asɔ dada a, deɛn bio na merepɛ? 50 Deɛ ɛwom ne sɛ, asubɔ bi da hɔ retwɛn me, na me ho yera me paa kɔsi sɛ wɔbɛbɔ me saa asu no awie!+ 51 Ɛyɛ mo sɛ asomdwoeɛ na mede baa asaase so anaa? Daabi. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mpaapaemu mmom na mede baeɛ.+ 52 Na ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, mpaapaemu bɛba nnipa nnum ntam wɔ efie baako mu; mmiɛnsa bɛsɔre atia mmienu, na mmienu asɔre atia mmiɛnsa. 53 Wɔn mu bɛpaapae: Papa bɛsɔre atia ne babarima, na ɔbabarima asɔre atia ne papa, maame bɛsɔre atia ne babaa, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, asebaa bɛsɔre atia n’ase, na asew asɔre atia n’asebaa.”+

54 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no nso sɛ: “Sɛ mohunu sɛ mununkum apue wɔ atɔeɛ fam a, moka ntɛm ara sɛ, ‘Nsuo kɛseɛ bi rebɛtɔ,’ na ɛba saa nso. 55 Na sɛ mohunu sɛ anaafoɔ fam mframa rebɔ a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba,’ na ɛba mu saa. 56 Nyaatwomfoɔ, motumi hwɛ wiem ne asaase so hunu deɛ ɛbɛsi. Ɛnneɛ adɛn nti na montumi nhwɛ berɛ a yɛwom yi nhunu deɛ ɛreba?+ 57 Adɛn nti na montumi nhunu deɛ ɛfata sɛ moyɛ? 58 Fa no sɛ wo ne obi wɔ asɛm, ɛnna morekɔ otumfoɔ bi anim akɔdi asɛm no. Berɛ a monam kwan so rekɔ no, yere wo ho na siesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ ɔtemmufoɔ anim, na ɔtemmufoɔ no amfa wo anhyɛ asɛnnibea krakye no nsa, na asɛnnibea krakye no nso amfa wo ankɔto afiase.+ 59 Meka kyerɛ wo sɛ, woremfiri hɔ kɔsi sɛ wobɛtua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.”

13 Saa berɛ no, nnipa bi a ɛwɔ hɔ kaa sɛdeɛ Pilato de Galileafoɔ bi mogya fraa wɔn afɔreɛ mu no ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 2 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Amane a saa Galileafoɔ yi hunuiɛ nti, mo adwene yɛ mo sɛ wɔyɛ abɔnefoɔ sene Galileafoɔ a aka nyinaa anaa? 3 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo nyinaa.+ 4 Anaa nnipa 18 a Siloam abantenten no bu guu wɔn so kunkum wɔn no, mosusu sɛ na wɔyɛ abɔnefoɔ sene nnipa a ɛtete Yerusalem nyinaa? 5 Daabi, ɛnte saa. Sɛ moansakra a, mo nyinaa mobɛwuwu te sɛ wɔn ara.”

6 Na ɔtoaa so maa mfatoho yi: “Ná ɔbarima bi wɔ borɔdɔma dua si ne bobefuo* mu, na ɔba bɛhwɛɛ sɛ ɔbɛnya aba wɔ so anaa, nanso wannya bi.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ bobefuo no so no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa nie, maba ha aba aba ara sɛ anka mɛnya aba wɔ borɔdɔma dua yi so, nanso mannya bi. Twa twene! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛgye asaase no bɔ so?’ 8 Ɛnna deɛ ɔhwɛ bobefuo no so no kaa sɛ, ‘Owura, ma no nsi hɔ afe baako nka ho, kɔsi sɛ mɛtutu ho na mede ɔyɛ-asaase-yie agu aseɛ. 9 Sɛ ɛso aba daakye a, asɛmpa; sɛ anso a, ɛnneɛ twa twene.’”+

10 Ɛbaa sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu Homeda. 11 Na hwɛ! ná ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne* bi ama wayare mfeɛ 18. Ná ne mu akuntunu, na na ɔntumi ntene ne mu koraa. 12 Berɛ a Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbaa, mayi wo afiri w’ahoɔmmerɛ no mu.”+ 13 Ɛnna Yesu de ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ne mu tenee, na ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 14 Nanso hyiadan mu panin no bo fuu sɛ Yesu asa yareɛ Homeda no. Enti ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma.+ Saa nna no na ɛsɛ sɛ moba ma ɔsa mo yareɛ, na ɛnyɛ Homeda.”+ 15 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Nyaatwomfoɔ,+ ɛduru Homeda a, mo mu biara sane ne nantwie anaa n’afunumu firi buo mu de no kɔ kɔma no nsuo nom,+ meboa? 16 Ɛnneɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfeɛ 18 yi, ɛmfata sɛ wɔsane no firi nkɔnsɔnkɔnsɔn yi mu Homeda anaa?” 17 Berɛ a ɔkaa weinom no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nnipadɔm no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie wɔ nneɛma akɛseɛ* a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.+

18 Ɛnna ɔtoaa so kaa sɛ: “Onyankopɔn Ahennie te sɛn, na deɛn ho na mede bɛtoto? 19 Ɛte sɛ sinapi aba a obi fa kɔduaa ne turo mu. Ɛnyinii, na ɛbɛyɛɛ dua, na wiem nnomaa bɛtenaa ne mman so.”+

20 Na ɔkaa bio sɛ: “Deɛn ho na mede Onyankopɔn Ahennie bɛtoto? 21 Ɛte sɛ mmɔka* a ɔbaa bi fa de fraa esiam susukuruwa akɛseɛ* mmiɛnsa mu kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”+

22 Na ɔtutuu akwan kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔkyerɛkyerɛe, na ɔtoaa n’akwantuo no so kɔɔ Yerusalem. 23 Afei ɔbarima bi bisaa no sɛ: “Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn no yɛ kakra bi anaa?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Monyere mo ho dendeenden mfa ɛpono teatea no mu,+ ɛfiri sɛ mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛpɛ sɛ wɔfa mu nanso wɔrentumi. 25 Na sɛ efiewura no sɔre na ɔto pono no mu a, mobɛgyina abɔnten abɔ pono no mu aka sɛ, ‘Owura, bue yɛn.’+ Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ: ‘Mennim baabi a mofire.’ 26 Na mobɛfiri aseɛ aka sɛ, ‘Yɛdidii na yɛnomee wɔ w’anim, na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmɔnten so.’+ 27 Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Mennim baabi a mofire. Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!’ 28 Ɛhɔ na mobɛsu na moaka mo se asi so dendeenden,* ɛfiri sɛ mobɛhu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahennie mu, nanso mo deɛ, wɔbɛpamo mo akɔ abɔnten.+ 29 Bio nso, nkurɔfoɔ bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anaafoɔ aba, na wɔbɛtenatena pono ho adidi wɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 30 Na hwɛ! wɔn a wɔaka akyire no bi bɛba abɛdi kan, na wɔn a wɔdi kan no bi aka akyire.”+

31 Saa berɛ no ara, Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ Herode pɛ sɛ ɔku wo.” 32 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ saa sakraman* no sɛ, ‘Hwɛ! meretu ahonhommɔne na masa yareɛ nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na mawie.’ 33 Nanso, ɛsɛ sɛ mesi kwan so nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ, ɛfiri sɛ ɛrentumi mma sɛ wɔbɛkum odiyifoɔ wɔ baabiara, gye Yerusalem.+ 34 Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no aboɔ!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 35 Hwɛ! Wɔagya mo fie ama mo.+ Mereka akyerɛ mo sɛ, morenhu me bio kɔsi sɛ mobɛka sɛ: ‘Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+

14 Berɛ bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ mpanimfoɔ no baako fie Homeda sɛ ɔrekɔdidi, na na nnipa a ɛwɔ fie hɔ no rehwɛ no dinn. 2 Na hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ n’anim a wahonhono. 3 Enti Yesu bisaa wɔn a wɔnim Mmara no ne Farisifoɔ no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ Homeda anaasɛ ɛmma kwan?”+ 4 Nanso wɔyɛɛ dinn. Enti ɔsɔɔ ɔbarima no mu saa no yareɛ, na ɔmaa no kɔe. 5 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ne ba anaa ne nantwie tɔ abura mu+ Homeda+ a, ɔrenyi no mfiri mu ntɛm ara?” 6 Na wɔantumi anyi ano.

7 Berɛ a ɔhuu sɛdeɛ nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no rehwehwɛ baabi a ɛdi mu atena+ no, ɔmaa wɔn mfatoho bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ ayeforɔhyia apontoɔ ase a, nkɔtena baabi a ɛdi mu.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a ɔdi mu sene wo. 9 Ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ mo no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Sɔre ma onipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwuo bɛfiri hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa. 10 Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa, na sɛ deɛ wato nsa afrɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro hɔ.’ Ɛno bɛma woanya anidie wɔ wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nyinaa anim.+ 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.”+

12 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa asikafoɔ a ɛtete wo mpɔtamu. Anyɛ saa a, ebia wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo, na ɛno bɛyɛ w’akatua. 13 Mmom sɛ woto pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ;+ 14 na w’ani bɛgye, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔnni biribiara a wɔde bɛtua wo ka. Na wobɛnya akatua wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ+ no mu.”

15 Berɛ a wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no baako tee wei no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Anigyeɛ ne deɛ ɔdidi* wɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”

16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ná onipa bi reto pono+ kɛseɛ anwummerɛ bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. 17 Berɛ a apontoɔ no berɛ soeɛ no, owura no somaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ, ‘Yɛawie biribiara, enti mommra.’ 18 Nanso wɔn nyinaa firii aseɛ yiyii wɔn ho ano.+ Deɛ ɔdi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asaase, na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’ 19 Na ɔfoforɔ kaa sɛ: ‘Matɔ anantwie du,* na merekɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu.’+ 20 Ɔfoforɔ nso kaa sɛ: ‘Mewareeɛ nkyɛe, enti merentumi mma.’ 21 Enti akoa no bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura. Ɛnna efiewura no bo fuiɛ, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ, ‘Yɛ ntɛm, kɔ kuro no akwan ne ne mmorɔno so, na kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’ 22 Akyire yi, akoa no kaa sɛ, ‘Owura, mayɛ deɛ wokaeɛ no, nanso ɛdan no mu nyɛɛ ma.’ 23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ, ‘Kɔ nkurɔfoɔ a ɛwɔ akwantempɔn ne anammɔnkwan so no nkyɛn, na wo ne wɔn nka mma wɔmmra, na ama me fie ha ayɛ ma.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduane no bi bɛka n’ano.’”+

25 Na ɛbaa sɛ na nnipadɔm bebree ne no nam, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26 “Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan* ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmaa, aane, ne ɔno ara ne nkwa*+ mpo a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 27 Sɛ obi ansoa n’asɛndua,* na wanni m’akyi a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 28 Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi abantenten a ɔnni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛwie? 29 Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa bɛfiri aseɛ adi ne ho fɛ, 30 na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi firii aseɛ sii, nanso wantumi anwie.’ 31 Anaa ɔhene bɛn na sɛ ɔne ɔhene foforɔ rekɔko a, ɔnni kan ntena ase nnwene ho nhwɛ sɛ ɔbɛtumi de asraafoɔ 10,000 akɔhyia deɛ ɔde 20,000 reba ne so no? 32 Sɛ ɔhu sɛ ɔrentumi ne no nko a, ɛnneɛ berɛ a baako no wɔ akyirikyiri nohoa no, ɔhene no soma nkurɔfoɔ* ma wɔkɔpa baako no kyɛw sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛtena wɔn ntam. 33 Saa ara na mo nso, monhunu sɛ, sɛ mo mu bi annya n’ahodeɛ nyinaa hɔ a, ɔrentumi nyɛ me suani.+

34 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ nkyene yɛ. Na sɛ nkyene dɛ* firi mu a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene?+ 35 Wontumi mfa mfra anwea, na wontumi mfa mfra ɔyɛ-asaase-yie. Wɔto gu abɔnten. Ma deɛ ɔwɔ aso a ɔde bɛtie no ntie.”+

15 Na nnipa a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn bɛtiee no.+ 2 Na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa kasakasaa* sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfoɔ ba ne nkyɛn, na ɔne wɔn didi.” 3 Ɛno nti, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 4 “Mo mu hwan na ɔwɔ nnwan 100, na emu baako yera a, ɔrennya 99 no wɔ serɛ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?+ 5 Na sɛ ɔhu no a, ɔde no to ne kɔn ho, na n’ani gye. 6 Na ɔduru fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamufoɔ boa ano, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mommra mma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.’+ 7 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa ara na anigyeɛ pii bɛba ɔsoro wɔ ɔbɔnefoɔ baako a wasakra+ ho sene ateneneefoɔ 99 a wɔnhia adwensakra.

8 “Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ drakma* du, na sɛ drakma baako yera a, ɔrensɔ kanea mpra ne fie na ɔrenhwehwɛ hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? 9 Na sɛ ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo* ne ne mpɔtamufoɔ boa ano, na ɔka sɛ, ‘Mommra mma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ mahunu me drakma* a ɛyeraeɛ no.’ 10 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔbɔnefoɔ baako sakra a, saa ara na Onyankopɔn abɔfoɔ ani gyeɛ.”+

11 Afei ɔkaa sɛ: “Ná ɔbarima bi wɔ mma mmarima mmienu. 12 Na kumaa no ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Paapa, kyɛ w’agyapadeɛ, na fa me deɛ ma me.’ Enti ɔbarima no kyɛɛ n’agyapadeɛ mu maa wɔn. 13 Nna kakra bi akyi no, ɔba kumaa no boaboaa ne nneɛma nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbɔɔ ahuhubra de sɛee n’agyapadeɛ no nyinaa wɔ hɔ. 14 Berɛ a ɔsɛee biribiara no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho kyeree no.* 15 Na ɔtu taree ɔman no muni bi mpo, na ɔde no kɔɔ n’asaase so maa ɔkɔhwɛɛ ne mprako.+ 16 Ná ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi aduane a na mprako no redi no bi, nanso obiara amma no hwee.

17 “Berɛ a n’ani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Me papa apaafoɔ mpo, paanoo abu so ama wɔn mu biara, ɛnna ɛkɔm reku me wɔ ha yi! 18 Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: “Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo. 19 Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.”’ 20 Enti ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne papa nkyɛn. Berɛ a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔyɛɛ no atuu,* na ɔfee n’ano. 21 Ɛnna ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22 Na papa no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monyɛ ntɛm! momfa ataade tenten a ɛdi mu paa no mmra mmɛhyɛ no, na momfa kawa* nhyɛ ne nsa, na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. 23 Na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛku no, na momma yɛnni na yɛnnye yɛn ani, 24 ɛfiri sɛ me ba yi wuiɛ, na wasan aba nkwa mu;+ ɔyeraeɛ, na yɛahu no.’ Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.

25 “Saa berɛ no, na ne ba panin no wɔ afuo mu, na berɛ a ɔreba a ɔbɛn fie no, ɔtee sɛ nnwom ne asa rekɔ so. 26 Enti ɔfrɛɛ nkoa no baako, na ɔbisaa no deɛ ɛrekɔ so. 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no aba, na wo papa akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ wasan aba ne nkyɛn, na ɔte apɔ.’* 28 Na ɔba panin no bo fui, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie hɔ. Na ne papa pue baeɛ, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mu. 29 Ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Mfeɛ bebree nie na masom wo, na memmuu wo mmara baako mpo so da. Nso wommaa me apɔnkye ba mpo da sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔne tuutuufoɔ asɛe* w’agyapadeɛ yi baeɛ ara pɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ 31 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, woatena me nkyɛn berɛ nyinaa, na me nneɛma nyinaa yɛ wo dea. 32 Nanso gye ara na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye na yɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ wo nua yi wuiɛ, na wasan aba nkwa mu; ɔyeraeɛ, na yɛahu no.’”

16 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: “Ná sikani bi wɔ efiehwɛfoɔ bi,* na nkurɔfoɔ kɔkekaa ne ho nsɛm kyerɛɛ sikani no sɛ ɔyɛ n’agyapadeɛ basabasa. 2 Enti ne wura no frɛɛ no bisaa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na meretete fa wo ho yi? Efiehwɛ adwuma a woayɛ no, bɛbu ho akonta kyerɛ me, ɛfiri sɛ meremma wonhwɛ me fie no so bio.’ 3 Ɛnna efiehwɛfoɔ no bisaa ne ho sɛ, ‘Deɛn na menyɛ, ɛfiri sɛ me wura rebɛgye efiehwɛ adwuma no afiri me nsam? Menni ahoɔden a mede bɛtu fam, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Ahãã! Mahunu deɛ mɛyɛ, na sɛ me wura gye efiehwɛ adwuma no firi me nsam a, nkurɔfoɔ agye me akɔ wɔn fie.’ 5 Na ɔfrɛɛ wɔn a wɔde ne wura ka no baa ne nkyɛn mmaako mmaako, na ɔbisaa deɛ ɔdi kan no sɛ, ‘Wode me wura ka sɛn?’ 6 Ɔkaa sɛ, ‘Ngo susuhina* 100.’ Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa nie. Gye na tena ase twerɛ 50 ntɛm ara.’ 7 Afei ɔbisaa ɔfoforɔ sɛ, ‘Wo nso, wode ka sɛn?’ Ɔkaa sɛ, ‘Hwiit susukuruwa akɛseɛ 100.’* Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛka a wode no ho krataa nie. Gye na twerɛ 80.’ 8 Ɛwom sɛ efiehwɛfoɔ no ntene deɛ, nanso ne wura no kamfoo no, ɛfiri sɛ ɔde n’adwene yɛɛ adwuma.* Wiase yi* mu nnipa ani ate wɔ wɔn nkurɔfoɔ* mu sene hann no mma.+

9 “Bio nso, mereka akyerɛ mo sɛ: Momfa ahonyadeɛ a ɛntene no so nnya nnamfoɔ,+ na sɛ ɛsa a, nnamfoɔ no agye mo akɔ daa tenabea.+ 10 Onipa a ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no, ɔdi pii mu nokorɛ nso, na onipa a ɔntene wɔ ade ketewa mu no, ɔntene wɔ pii mu nso. 11 Enti sɛ moanni nokorɛ wɔ ahonyadeɛ a ɛntene mu a, hwan na ɔde ahonyadeɛ pa* bɛhyɛ mo nsa? 12 Na sɛ moanni nokorɛ wɔ deɛ ɛyɛ nkurɔfoɔ dea mu a, hwan na ɔbɛma mo biribi a ɛbɛyɛ mo ara mo dea?+ 13 Akoa biara nni hɔ a ɔbɛtumi asom awuranom mmienu, ɛfiri sɛ ɔbɛtan baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Morentumi nyɛ Onyankopɔn nkoa nsan nyɛ Ahonyadeɛ nkoa.”+

14 Saa berɛ no, na Farisifoɔ a wɔyɛ sikaniberɛ no retie weinom nyinaa, na wɔfirii aseɛ seree no.+ 15 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim,+ nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu.+ Na deɛ nnipa bu no sɛ ɛsom bo no, Onyankopɔn ani so deɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ.+

16 “Mmara no ne Adiyifoɔ no tenaa hɔ bɛsii Yohane so. Ɛfiri hɔ no, wɔreka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa, na onipa biara yere ne ho sɛ ɔbɛkɔ mu.+ 17 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asaase bɛtwam akɔ sene sɛ Mmara no mu ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako bɛyera a ɛremma mu.+

18 “Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na waware foforɔ no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a ne kunu agyaa no no asɛe awareɛ.+

19 “Ná sikani bi wɔ hɔ a ɔtaa hyɛ ataadeɛ afasebire ne nwera. Ná ɔde nneɛma akɛseɛakɛseɛ gye n’ani daa. 20 Ná obi nso wɔ hɔ a ɔsrɛsrɛ adeɛ a wɔfrɛ no Lasaro. Ná ne ho nyinaa atutu akuro, na na wɔtaa de no kɔtena sikani no aboboano. 21 Deɛ na ɛfiri sikani no didipono so gu fam no, na ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi bi amee. Afei nso, na nkraman mpo bɛtafere n’akuro no mu. 22 Berɛ bi akyi no, deɛ ɔsrɛsrɛ adeɛ no wuiɛ, na abɔfoɔ de no kɔɔ Abraham nkyɛn.*

“Sikani no nso wuiɛ, na wɔsiee no. 23 Berɛ a ɔwɔ Adamena* mu no, na ne ho yera no. Na ɔmaa n’ani so huu Abraham wɔ akyirikyiri, na na Lasaro wɔ ne nkyɛn.* 24 Enti ɔteaam sɛ, ‘Agya Abraham, hu me mmɔbɔ na soma Lasaro ma ɔmfa ne nsateaa ano mmɔ nsuo mu na ɔmfa mmɛdwodwo me kɛtrɛma, ɛfiri sɛ merehunu amane wɔ egya a ɛredɛre yi mu.’ 25 Ɛnna Abraham kaa sɛ, ‘Ɔba, kae sɛ berɛ a wote aseɛ no, wonyaa nneɛma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, nneɛma bɔne na ɔnyaeɛ. Seesei wɔrekyekye ne werɛ wɔ ha, ɛnna wo nso worehunu amane. 26 Na weinom nyinaa akyi no, wɔde ɛbɔn kɛseɛ* ato yɛne mo ntam, enti wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn no ntumi, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri hɔ ba yɛn nkyɛn no nso ntumi.’ 27 Na ɔkaa sɛ, ‘Saa na ɛteɛ deɛ a, ɛnneɛ agya, mesrɛ wo, soma no ma ɔnkɔ me papa fie, 28 na mewɔ nua mmarima nnum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ yie, na wɔn nso amma ammɛhunu amane wɔ ha.’ 29 Ɛnna Abraham kaa sɛ, ‘Wɔwɔ Mose ne Adiyifoɔ no; ma wɔntie wɔn.’+ 30 Na ɔkaa sɛ, ‘Daabi, agya Abraham, mmom sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, wɔbɛsakra.’ 31 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wɔantie Mose+ ne Adiyifoɔ no a, ɛnneɛ sɛ obi sɔre firi awufoɔ mu mpo a, wɔrennye nni.’”

17 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɛbɛyɛ biara, nneɛma a ɛto nnipa suntidua bɛba. Nanso, deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! 2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ* bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔakɔto no ato po mu, sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.+ 3 Monhwɛ mo ho yie. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, ka n’anim,+ na sɛ ɔnu ne ho a, fa kyɛ no.+ 4 Sɛ mpo ɔyɛ wo bɔne mprɛ nson da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mprɛ nson bɛka sɛ, ‘Manu me ho’ a, fa kyɛ no.”+

5 Na asomafoɔ no ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ma yɛn gyidie nyɛ kɛse.”+ 6 Ɛnna Awurade kaa sɛ: “Sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, anka mobɛka akyerɛ saa dua* yi sɛ, ‘Tutu na kɔsi po mu!’ na ɛbɛtie mo.+

7 “Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔrefuntum asaase anaasɛ ɔrehwɛ mmoa, na sɛ ɔfiri afuo mu ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm bra bɛtena pono ho didi’? 8 Mmom no, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ biribi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ abɔsoɔ som me kɔsi sɛ mɛdidi anom awie, na ɛno akyi no, wobɛtumi adidi anom,’ ɛnte saa? 9 Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ ɔkaeɛ no anaa? Daabi. 10 Enti mo nso, sɛ moyɛ adwuma a wɔde ama mo no nyinaa wie a, monka sɛ: ‘Yɛyɛ nkoa a mfasoɔ nni yɛn so. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”+

11 Berɛ a ɔrekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12 Na berɛ a ɔreyɛ aduru akuraa bi ase no, mmarima du bi a wɔyare kwata huu no, nanso wɔgyinaa akyirikyiri.+ 13 Na wɔteaam sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hu yɛn mmɔbɔ!” 14 Berɛ a ɔhuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ no.”+ Na berɛ a wɔrekɔ no, wɔn ho tɔɔ wɔn.*+ 15 Berɛ a baako huu sɛ ne ho atɔ no no, ɔsan n’akyi bae, na ɔde nne kɛseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 16 Na ɔde n’anim butuu Yesu nan ase daa no ase. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na ɔyɛ Samariani.+ 17 Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho tɔɔ wɔn?* Na nkron a aka no wɔ he? 18 Enti obi foforɔ biara ansan n’akyi ammɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ ɔbarima a ɔfiri ɔman foforɔ mu yi?” 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ; wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+

20 Na Farisifoɔ no bisaa no berɛ a Onyankopɔn Ahennie bɛba.+ Na ɔbuaa wɔn sɛ: “Onyankopɔn Ahennie no remma mma nnipa mfa wɔn ani nhu no pefee; 21 na nnipa renka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaa ‘Hwɛ hɔ!’ Na hwɛ! Onyankopɔn Ahennie no wɔ mo mfimfini.”*+

22 Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Berɛ bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mohunu onipa Ba no nna no mu baako, nanso morenhunu. 23 Na nnipa bɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monhwɛ hɔ!’ anaasɛ ‘Monhwɛ ha!’ Monnkɔ, na monnni wɔn akyi.+ 24 Na sɛdeɛ anyinam pae a, ɛhyerɛn firi ɔsoro fã bi kɔ ɔsoro fã foforɔ no, saa ara na onipa Ba+ no bɛyɛ wɔ ne da no mu.+ 25 Nanso deɛ ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ ɔhunu amane bebree na awoɔ ntoatoasoɔ yi po no.+ 26 Bio nso, sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ Noa nna no mu no,+ saa ara na ɛbɛyɛ wɔ onipa Ba no nna no nso mu:+ 27 na wɔdidii, wɔnomee, mmarima warewaree, wɔde mmaa memaa awareɛ, kɔsii da a Noa kɔɔ adaka no mu.+ Na Nsuyire no ba bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 28 Afei nso, Lot+ nna no mu no, wɔdidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, wɔduae, wɔsisii adan. 29 Na da a Lot firii Sodom no, egya ne sɔfe* tɔ firii soro bɛsɛee wɔn nyinaa.+ 30 Saa ara na ɛbɛyɛ, ɛda a onipa Ba no bɛyi ne ho adi no.+

31 “Saa da no, mma onipa a ɔwɔ dan atifi a ne nneɛma wɔ fie no nnsi fam mmmɛfa, na onipa a ɔwɔ afuo mu no, mma ɔno nso nnsan mmmɛfa nneɛma a ɛwɔ akyire no. 32 Monkae Lot yere no.+ 33 Obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ɔbɛhwere ne nkwa no, ɔbɛkora so.+ 34 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa anadwo no nnipa mmienu bɛda mpa baako so; wɔbɛfa baako akɔ, na wɔagya baako.+ 35 Mmaa mmienu bɛyam adeɛ wɔ ɛboɔ koro so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako.” 36 *—— 37 Enti wɔbisaa no sɛ: “Awurade, ɛhe?” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ afunu wɔ no, ɛhɔ ara nso na akɔdeɛ bɛboa wɔn ho ano.”+

18 Afei ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi de kyerɛɛ sɛ, ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.+ 2 Ɔkaa sɛ: “Ná ɔtemmufoɔ bi wɔ kuro bi mu. Ná ɔnsuro Onyankopɔn, na na ɔmmu nnipa. 3 Ná ɔbaa kunafoɔ bi nso wɔ kuro no mu, na na ɔtaa kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ bu atɛntenenee ma me wɔ deɛ me ne no anya asɛm no ntam.’ 4 Ɔtemmufoɔ no twentwɛn ne nan ase kyɛe, nanso akyire yi, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, na memmu onipa biara deɛ, 5 nanso, sɛdeɛ ɔbaa kunafoɔ yi kɔ so ha me nti, mɛhwɛ ama wanya atɛntenenee, na wankɔ so amfa n’asɛm ammɛdwan me ho.’”+ 6 Afei Awurade kaa sɛ: “Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene no mpo kaeɛ! 7 Ɛwom sɛ Onyankopɔn to ne bo ase+ deɛ, nanso monnye nni sɛ ɔbɛbu atɛntenenee ama wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo+ no anaa? 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔbɛbu atɛntenenee ama wɔn ntɛm. Nanso sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛhu gyidie a ɛte saa* wɔ asaase so ampa?”

9 Afei, ebinom a na wɔgye wɔn ho di sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ a na wɔmfa nnipa a aka nyɛ hwee no, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 10 “Mmarima mmienu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔbɔɔ mpaeɛ; baako yɛ Farisini, ɛnna baako nso gyegye toɔ. 11 Farisini no sɔre gyinae, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, asisifoɔ,* wɔn a wɔntene, awaresɛefoɔ, anaa deɛ ɔgyegye toɔ yi mpo. 12 Nnawɔtwe biara meyɛ akɔnkyene* mprenu, na biribiara a menya no, meyi so ntotosoɔ du du.’+ 13 Na deɛ ɔgyegye toɔ no deɛ, ɔkɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo. Na mmom, ɔbobɔɔ ne koko mprɛ pii kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.’+ 14 Mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ a ɔbarima yi kɔɔ ne fie no, Onyankopɔn buu no ɔteneneeni senee Farisini no.+ Ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.”+

15 Afei nkurɔfoɔ de wɔn mma nketewa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn,* nanso berɛ a n’asuafoɔ no hunuiɛ no, wɔfirii aseɛ kaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmɔfra no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea.+ 17 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn Ahennie te sɛ abɔfra kumaa no, ɔrenkɔ mu da.”+

18 Na atumfoɔ no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 19 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ; ɔno ne Onyankopɔn.+ 20 Wonim mmara no: ‘Nsɛe awareɛ,+ nni awu,+ mmɔ korɔno,+ nni adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,*+ di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Madi weinom nyinaa so firi me mmɔfraase.” 22 Berɛ a Yesu tee deɛ ɔkaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo adeɛ baako: Tɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyekyɛ deɛ wobɛnya no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro; na bra bɛdi m’akyi.”+ 23 Berɛ a ɔtee wei no, ne werɛ hoo paa, ɛfiri sɛ na ɔwɔ sika bebree.+

24 Yesu hwɛɛ no, na ɔkaa sɛ: “Monhwɛ sɛdeɛ ɛyɛ den sɛ asikafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!+ 25 Nokorɛm no, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ a wɔde pam adeɛ aniwa mu sene sɛ sikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+ 26 Wɔn a wɔtee wei no kaa sɛ: “Ɛnneɛ, hwan paa na wɔbɛtumi agye no nkwa?”+ 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ yie.”+ 28 Na Petro kaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya yɛn nneɛma hɔ abɛdi w’akyi.”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, obiara nni hɔ a wagya ɛdan anaa ɔyere anaa nua mmarima anaa awofoɔ anaa mma, Onyankopɔn Ahennie nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho pii saa berɛ yi, ne daa nkwa wɔ wiase* a ɛreba no mu.”+

31 Afei ɔde Dumienu no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na deɛ wɔnam adiyifoɔ no so atwerɛ afa onipa Ba no ho nyinaa bɛba mu.+ 32 Ebi ne sɛ, wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ+ ama wɔadi ne ho agorɔ,+ na wɔadidi no atɛm, na wɔatete ntasuo agu ne so.+ 33 Na sɛ wɔbɔ no mmaa wie a, wɔbɛku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane.”+ 34 Nanso, wɔanhunu deɛ nneɛma yi mu biara kyerɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nsɛm yi asie wɔn, na wɔante asɛm a Yesu kaeɛ no ase.

35 Na berɛ a Yesu rebɛn Yeriko no, na nifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.+ 36 Ɔtee sɛ nnipadɔm bi retwam, enti ɔfirii aseɛ bisaa deɛ ɛrekɔ so. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” 38 Ɛnna ɔteaam sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 39 Na wɔn a wɔdi animu no teateaa no sɛ ɔnyɛ komm, nanso afei koraa na ɔteateaam kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 40 Afei Yesu gyinae, na ɔkaa sɛ wɔmfa ɔbarima no mmrɛ no. Berɛ a ɔduruu Yesu nkyɛn no, Yesu bisaa no sɛ: 41 “Deɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Ɔkaa sɛ: “Awurade, ma menhunu adeɛ.” 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hunu adeɛ; wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ 43 Ɛhɔ ara na ɔhunuu adeɛ, na ɔfirii aseɛ dii n’akyi,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei nso, berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa hunuiɛ no, wɔyii Onyankopɔn ayɛ.+

19 Na Yesu kɔɔ Yeriko, na na ɔnam kuro no mu. 2 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Sakeo. Ná ɔyɛ wɔn a wɔgyegye toɔ no mpanimfoɔ no baako, na na ɔyɛ sikani. 3 Ná ɔpɛ sɛ ɔhu Yesu, nanso nnipadɔm no nti, na ɔntumi, ɛfiri sɛ na ɔyɛ onipa tiatia. 4 Enti ɔtuu mmirika dii wɔn anim kɔforoo sikamɔɔ dua* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu Yesu, ɛfiri sɛ na Yesu rebɛtwam afa saa kwan no so. 5 Berɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam, ɛfiri sɛ wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.” 6 Ɛno nti, ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ gyee no kɔɔ ne fie sɛ ne hɔhoɔ. 7 Na berɛ a nkurɔfoɔ no hunuiɛ no, wɔn nyinaa kasakasaa sɛ: “Ɔbarima debɔneyɛfoɔ yi na wakɔsoɛ ne fie.”+ 8 Na Sakeo sɔre gyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Awurade, hwɛ! mede m’ahodeɛ fã bɛma ahiafoɔ, na biribiara a masisi nkurɔfoɔ agye no,* mɛbɔ ho mprɛ nnan ama wɔn.”+ 9 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ, nkwagyeɛ aba fie ha, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. 10 Na onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera, na wagye wɔn.”+

11 Berɛ a wɔretie weinom no, ɔsan maa mfatoho bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɔduru hɔ pɛ, Onyankopɔn Ahennie no bɛba.+ 12 Enti ɔkaa sɛ: “Ɔdehyeɛ bi tuu kwan kɔɔ asaase bi so wɔ akyirikyiri+ sɛ ɔrekɔpɛ tumi a ɔde bɛdi hene* na wasan aba. 13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa du maa wɔn mmɛnnaa* du ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nyɛ adwuma nkɔsi sɛ mɛba.’+ 14 Nanso na ne manfoɔ tan no, na wɔsomaa nnipa kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ saa ɔbarima yi di yɛn so hene.’

15 “Berɛ a ɔnyaa tumi a ɔde bɛdi hene no,* ɔsan bae, na ɔfrɛɛ nkoa a ɔmaa wɔn sika* no sɛ wɔmmɛkyerɛ deɛ wɔde ayɛ adwuma anya.+ 16 Enti deɛ ɔdi kan no bae, na ɔbɛkaa sɛ: ‘Owura, manya mmɛnnaa du aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 17 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Ɛsiane sɛ woadi ade ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi.’+ 18 Afei deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Owura, manya mmɛnnaa nnum aka bɛnnaa baako a wode maa me no ho.’+ 19 Ɔka kyerɛɛ wei nso sɛ, ‘Wo nso, di nkuro nnum so.’ 20 Na ɔfoforɔ bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntoma mu no nie. 21 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ná misuro wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa deɛ womfa nsieeɛ, na wotwa deɛ wonguiɛ.’+ 22 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo ankasa w’anom asɛm so na mebu wo atɛn. Sɛ́ wonim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa deɛ memfa nsieeɛ, na metwa deɛ menguiɛ?+ 23 Ɛnneɛ adɛn nti na woamfa me sika* no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, mɛgye na magye nsiho aka ho.’

24 “Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, ‘Monnye bɛnnaa no mfiri ne nsam, na momfa mma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.’+ 25 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!’— 26 ‘Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔnni bi no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a na wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no mmra ha, na mommɛkunkum wɔn wɔ m’anim.’”

28 Berɛ a ɔkaa weinom wieeɛ no, ɔsiim a na ɔreforo akɔ Yerusalem. 29 Na berɛ a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔ a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔ*+ no so no, ɔsomaa asuafoɔ no mu mmienu.+ 30 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase, na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no, na momfa no mmra ha. 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresane no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’” 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no kɔe, na wɔkɔhuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na berɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresane afunumu ba no?” 34 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Awurade hia no.” 35 Na wɔde afunumu ba no kɔmaa Yesu, na wɔtotoo wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu ne so, na Yesu tenaa ne so.+

36 Berɛ a Yesu rekɔ no, wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu.+ 37 Berɛ a ɔbɛn kwan a ɛsiane firi Ngodua Bepɔ no so pɛ, asuafoɔ bebrebe no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie, na ɛsiane anwanwadeɛ* a na wɔahunu no nyinaa nti, wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 38 Wɔkaa sɛ: “Nhyira ne deɛ ɔreba sɛ Ɔhene wɔ Yehowa* din mu! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ ɔsorosoro nohoa!”+ 39 Nanso, Farisifoɔ bi a wɔwɔ nnipadɔm no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim.”+ 40 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ weinom mua wɔn ano mpo a, aboɔ bɛteam.”

41 Na berɛ a ɔbɛn Yerusalem no, ɔhwɛɛ kuro no, na ɔsuu kuro no.+ 42 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wo, sɛ ɛnnɛ, anka wonim deɛ ɛbɛma woanya asomdwoeɛ a! Nanso seesei deɛ, wɔde asie wo.+ 43 Ɛfiri sɛ berɛ bi bɛba a w’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛtwa wo ho ahyia te sɛ ɔfasuo, na wɔbɛka wo ahyem, na wɔbɛfiri afã nyinaa abɛto ahyɛ wo so.+ 44 Na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennya ɛboɔ a ɛda boɔ so wɔ wo mu,+ ɛfiri sɛ berɛ a wɔbɛhwɛɛ wo no, woanhunu.”

45 Afei ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔfirii aseɛ pamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma no,+ 46 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+

47 Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ da biara wɔ asɔrefie hɔ. Nanso, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no ne nnipa no mu atitire no pɛ sɛ wɔku no;+ 48 nso wɔannya kwan biara a wɔbɛfa so ayɛ saa, ɛfiri sɛ nnipa no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.+

20 Da koro bi a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ wɔ asɔrefie hɔ a na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no bae, 2 na wɔbɛbisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm bi. Monka nkyerɛ me: 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asu no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?”* 5 Ɛnna wɔsusuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na moannye no anni?’ 6 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, nkurɔfoɔ no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ wɔgye tom* sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”+ 7 Enti wɔbuaa sɛ wɔnnim baabi a ɛfire. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso, merenka tumi a mede yɛ weinom nkyerɛ mo.”

9 Afei ɔfirii aseɛ yɛɛ mfatoho yi kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo*+ de gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan kɔdii berɛ tenten.+ 10 Na berɛ* duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobefuo no mu aba no bi mmra. Nanso akuafoɔ no hwee no, na wɔpamoo no a wɔamma no hwee.+ 11 Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔno nso, wɔhwee no guu n’anim ase, na wɔpamoo no a wɔamma no hwee. 12 Afei ɔsan somaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa; wei nso wɔpirapiraa no, na wɔpamoo no. 13 Enti bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Deɛn na menyɛ? Mɛsoma me ba a medɔ no no.+ Wei deɛ, ebia wɔbɛfɛre no.’ 14 Berɛ a akuafoɔ no ani bɔɔ ne so no, wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi adeɛ no. Momma yɛnku no, na agyapadeɛ no bɛba abɛyɛ yɛn dea.’ 15 Ɛnna wɔtwee no firii bobefuo no mu kɔkum no.+ Enti deɛn na bobefuo wura no bɛyɛ wɔn? 16 Ɔbɛba abɛkunkum akuafoɔ no, na ɔde bobefuo no ama nnipa foforɔ.”

Berɛ a wɔtee wei no, wɔkaa sɛ: “Ɛremma saa da!” 17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: “Ɛnneɛ, asɛm a wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire* no,’+ deɛn na ɛkyerɛ? 18 Obiara a ɔbɛhwe saa boɔ no so no, ɔbɛbubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe ne so deɛ, ɛbɛyam no.”

19 Ná atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no pɛ sɛ wɔkye no saa berɛ no ara, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho yi,+ nanso na wɔsuro nkurɔfoɔ no. 20 Enti wɔtetɛɛ no.* Afei wɔsomaa mmarima bi a na wɔabɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ ateneneefoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado no nsa. 21 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ; wonhwɛ nnipa anim, na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ. 22 Mmara ma kwan* sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 23 Nanso ɔhuu wɔn nnaadaasɛm no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 24 “Momfa denare* mmɛkyerɛ me. Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ na ɛwɔ so yi?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no, montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya biribiara wɔ ne kasa mu amfa annya no wɔ nkurɔfoɔ no anim. Mmom ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔyɛɛ komm.

27 Nanso Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no mu bi baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wu gya ne yere na sɛ ɔnni ba a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ne nua a wawuo no yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 29 Ná anuanom nson* bi wɔ hɔ. Deɛ ɔdi kan no waree, nanso ɔwui a wanwo ba. 30 Enti deɛ ɔtɔ so mmienu 31 ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no waree ɔbaa no bi. Nson no nyinaa yɛɛ saa ara; wɔwuwui a wɔannya mma wɔ wɔn akyi. 32 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Enti, owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nnipa nson no nyinaa waree no bi.”

34 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wiase yi* mma deɛ, wɔware na wɔde wɔn ma awareɛ, 35 na wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔtena wiase a ɛreba no mu ne wɔn a wɔbɛnyane afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔrenware, na wɔremfa wɔn mma awareɛ.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, wɔrentumi nwu bio, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ, na ɛsiane sɛ wɔyɛ owusɔreɛ mma nti, wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. 37 Mose mpo daa no adi sɛ awufoɔ bɛsɔre, ɛfiri sɛ nwura* no ho asɛm no mu no, ɔfrɛɛ Yehowa* sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ 38 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ, ɛfiri sɛ n’ani so deɛ, wɔn nyinaa te ase.”*+ 39 Ɛnna atwerɛfoɔ no bi kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.” 40 Na wɔannya akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.

41 Afei ɔno nso bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 42 Ɛfiri sɛ Dawid ankasa kaa wɔ Nnwom nwoma no mu sɛ, ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa 43 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’+ 44 Enti, sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”

45 Berɛ a nnipa no nyinaa retie no no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 46 “Monhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ no ho. Deɛ wɔpɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ ntaadeɛ atenten de akyinkyini, na wɔagye nkyea wɔ dwa so. Wɔpɛ nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu ne mpanimfoɔ tenabea wɔ apontoɔ* ase.+ 47 Wɔn na wɔgye* akunafoɔ afie,* na wɔbɔ mpaeɛ atenten sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.* Saa nkurɔfoɔ yi bɛnya atemmuo a emu yɛ den.”*

21 Na berɛ a ɔmaa n’ani so no, ɔhuu sɛ asikafoɔ de wɔn akyɛdeɛ regu sika nnaka no mu.+ 2 Afei ɔhuu sɛ ɔbaa kunafoɔ hiani bi de nkaprɛ mma mmienu* a ɛnsom bo ahe biara abɛgu mu,+ 3 na ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi de agu mu no, ɛdɔɔso sene deɛ wɔn a aka no nyinaa de abɛgu mu no.+ 4 Ɛfiri sɛ akyɛdeɛ a weinom nyinaa de abɛgu mu no firi deɛ wɔanya ama aboro so mu, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔde bɛhwɛ ne ho nyinaa na abɛgu mu.”+

5 Akyire yi, na ebinom redi asɔrefie no ho nkɔmmɔ. Ná wɔreka sɛdeɛ wɔde abo pa ne nneɛma a wɔahyira so* asiesie asɔrefie no ho asɛm.+ 6 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nneɛma a mohu no seesei yi, berɛ bi reba a wɔrennya ɛboɔ a ɛda boɔ so; wɔbɛdwiri ne nyinaa agu fam.”+ 7 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn koraa na weinom bɛba mu, na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahunu sɛ nneɛma yi rebɛsisi?”+ 8 Ɔkaa sɛ: “Monhwɛ yie na wɔannaadaa mo,+ ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a wɔahyɛ no abɛn.’ Monnni wɔn akyi.+ 9 Bio nso, sɛ mote ɛko ne basabasayɛ* ho nsɛm a, mommmɔ hu. Ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ weinom di kan sisi, nanso awieeɛ no remma wɔ hɔ ara.”+

10 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman,+ na ahennie asɔre atia ahennie.+ 11 Asaasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na nsanyareɛ a ɛdi awuo ne ɛkɔm bɛba mmeammea;+ na nnipa bɛhunu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ a ɛfiri soro.

12 “Nanso ansa na weinom nyinaa bɛba no, nkurɔfoɔ bɛkye mo, na wɔbɛtan mo ani,+ na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofoɔ anim.+ 13 Ɛbɛma moadi nkurɔfoɔ adanseɛ. 14 Enti, monsi pi wɔ mo akoma mu sɛ morenni kan nnwennwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+ 15 na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsi ano anaa wɔmmɔ ngu.+ 16 Bio nso, awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfonom mpo bɛyi mo ama, na wɔbɛku mo mu binom,+ 17 na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo.+ 18 Nanso mo tiri nwi baako mpo renyera.+ 19 Sɛ momia mo ani gyina mu a, mobɛnya nkwa.*+

20 “Afei nso, sɛ mohunu sɛ asraafoɔdɔm atwa Yerusalem ho ahyia a,+ ɛnneɛ monhunu sɛ ne sɛeɛ abɛn.+ 21 Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so,+ na momma wɔn a wɔwɔ Yerusalem no mfiri mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraaseɛ no mmma kuro no mu, 22 ɛfiri sɛ wei yɛ berɛ a Onyankopɔn de bɛtwe nkurɔfoɔ aso,* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ nyinaa bɛba mu. 23 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue!+ Ɛfiri sɛ amanehunu* kɛseɛ bɛba asaase no so, na abufuo aba nkurɔfoɔ yi so. 24 Na wɔde sekan bɛkunkum wɔn, na wɔakye wɔn de wɔn akɔ amanaman nyinaa mu;+ na amanaman no* bɛtiatia Yerusalem so kɔsi sɛ mmerɛ a wɔde ama* amanaman no* bɛso.+

25 “Bio nso, nsɛnkyerɛnne bɛba awia ne bosome ne nsoromma so,+ na ɛsiane ɛpo a ɛrehuru na ɛrebu fa so nti, amanaman ho bɛyera wɔn asaase so, na wɔrenhunu deɛ wɔnyɛ. 26 Na ehu ne nneɛma a ɛreba asaase so no bɛma nnipa atwitwa ahwe, ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden. 27 Na afei wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 28 Na sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, ɛfiri sɛ mo nkwagyeɛ rebɛn.”

29 Ɛnna ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Monhwɛ borɔdɔma dua ne nnua a aka nyinaa.+ 30 Sɛ ɛfefɛ a mo ara mohunu, na mohunu sɛ ahuhuro berɛ abɛn. 31 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi resisi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 32 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛba mu.+ 33 Ɔsoro ne asaase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.+

34 “Monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne nsanom bebrebe*+ ne asetena mu dadwene+ anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirim 35 te sɛ fidie.+ Ɛfiri sɛ ɛbɛba obiara a ɔte asaase so baabiara so. 36 Enti, monkɔ so nwɛn,+ na monsrɛ berɛ nyinaa+ na ama moatumi adwane nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛsisi yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”+

37 Enti sɛ ɛduru anɔpa a, na Yesu kyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ, na ɛduru anadwo a, na ɔpue kɔda bepɔ a wɔfrɛ no Ngodua Bepɔ* no so.* 38 Ná nkurɔfoɔ no nyinaa ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpatutuutu bɛtie no.

22 Afei, na Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ, deɛ wɔfrɛ no Twam+ no rebɛn.+ 2 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no rehwehwɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so aku no,+ ɛfiri sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ no.+ 3 Ɛnna Satan wuraa Yuda mu, deɛ wɔfrɛ no Iskariot a na ɔka Dumienu no+ ho no, 4 na ɔkɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne asɔrefie ahwɛfoɔ no hɔ, na ɔne wɔn kɔkaa ɛkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn no+ ho asɛm. 5 Wɔn ani gyee ho paa, enti wɔpenee so sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ 6 Ɛnna ɔgye toom, na ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ berɛ a ɛfata a ɔde bɛyi no ama wɔn, berɛ a nnipadɔm biara nni hɔ.

7 Na da a ɛdi kan a wɔdi Paanoo a Mmɔka Nnim no duruiɛ, ɛda a ɛsɛ sɛ wɔde Twam aboa no bɔ afɔreɛ no.+ 8 Enti Yesu somaa Petro ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔsiesie Twam no mma yɛmmɛdi.”+ 9 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie?” 10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Sɛ mowura kuro no mu a, ɔbarima bi a ɔso ahina bɛhyia mo. Monni n’akyi nkɔ fie a ɔbɛkɔ mu no mu.+ 11 Na monka nkyerɛ fiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se yɛmmisa wo sɛ: “Ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ bɛdi Twam no wom no, ɛhe na ɛwɔ?”’ 12 Na ɔbarima no bɛkyerɛ mo dan kɛseɛ bi a ɛwɔ aborosan so a wɔasiesie mu. Monyɛ Twam no ho ntotoeɛ wɔ hɔ.” 13 Enti wɔkɔe, na wɔkɔhuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoeɛ.

14 Enti berɛ soeɛ no, ɔne asomafoɔ no kɔtenaa didipono ho.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahunu amane; 16 na mereka akyerɛ mo sɛ, merenni bi bio kɔsi sɛ ɛbɛba mu wɔ Onyankopɔn Ahennie mu.” 17 Ɛnna ɔgyee kuruwa no, na ɔdaa ase kaa sɛ: “Monnye wei, na momfa mma mo mu biara mma ɔnnom bi, 18 na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛfiri nnɛ rekɔ, merennom bobesa bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie bɛba.”

19 Afei nso, ɔfaa paanoo,+ na ɔdaa ase, na ɔbubuu mu de maa wɔn, na ɔkaa sɛ: “Wei gyina hɔ ma me nipadua+ a mo nti wɔde bɛma.+ Monkɔ so nyɛ wei mfa nkae me.”+ 20 Afei ɔyɛɛ kuruwa no saa ara berɛ a wɔdii anwummerɛ aduane no wieeɛ no, na ɔkaa sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ+ a ɛnam me mogya+ so, deɛ wɔbɛhwie agu ama mo+ no.

21 “Nanso hwɛ! deɛ ɔbɛyi me ama no ne me te pono ho.*+ 22 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔahyɛ ato hɔ no;+ nanso, onipa a wɔnam ne so bɛyi no ama no nnue!”+ 23 Enti wɔfirii aseɛ bisabisaa sɛ, wɔn mu hwan paa na ɔrebɛyɛ wei.+

24 Na akasakasa bi nso sɔree wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na ɔyɛ kɛseɛ.*+ 25 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfoɔ so sɛ awuranom, na awuranom a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn Adɛɛfoɔ.*+ 26 Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa.+ Na mmom momma deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ sɛ kumaa koraa,+ na deɛ ɔdi animu no nyɛ ɔsomfoɔ. 27 Hwan na ɔyɛ kɛseɛ, deɛ ɔredidi* anaa deɛ ɔresom? Ɛnyɛ deɛ ɔredidi* no? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔresom.+

28 “Nanso, mo na moda so bata me ho+ wɔ me sɔhwɛ mu;+ 29 na me ne mo reyɛ ahennie ho apam,+ sɛdeɛ m’Agya ne me ayɛ apam no, 30 na moadidi anom me pono so wɔ m’Ahennie mu,+ na moatena nhennwa so+ abu Israel mmusuakuo 12 no atɛn.+

31 “Simon, Simon, hwɛ! Satan pɛ sɛ ɔnya kwan hu mo nyinaa mo so sɛ hwiit.+ 32 Nanso masrɛ ama wo, na wo gyidie ansa.+ Na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”+ 33 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, mayɛ krado sɛ me ne wo bɛkɔ afiase ne owuo mu mpo.”+ 34 Nanso ɔkaa sɛ: “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+

35 Afei ɔbisaa wɔn sɛ: “Berɛ a mesomaa mo a moamfa sika kotokuo ne aduane bɔtɔ ne mpaboa+ no, biribi hiaa mo anaa?” Wɔkaa sɛ: “Daabi!” 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Seesei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ɔmfa, na deɛ ɔwɔ aduane bɔtɔ no nso nyɛ saa ara, na deɛ ɔnni sekan no ntɔn n’ataadeɛ ngugusoɔ na ɔntɔ bi. 37 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ yi ba mu wɔ me so sɛ, ‘Wɔkan no fraa mmaratofoɔ.’+ Na deɛ wɔatwerɛ wɔ me ho no reba mu.”+ 38 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Awurade, hwɛ! sekan mmienu nie.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ.”

39 Berɛ a ɔpueeɛ no, ɔkɔɔ Ngodua Bepɔ* no so sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na asuafoɔ no nso dii n’akyi.+ 40 Berɛ a wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”+ 41 Na ɔtwee ne ho firii wɔn ho kɔɔ animu kakra,* na ɔbuu nkotodwe, na ɔfirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ. 42 Ɔkaa sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nanso, ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.”+ 43 Ɛnna ɔbɔfoɔ bi firi soro yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔhyɛɛ no den.+ 44 Ná ne ho yera no paa, enti ɔkɔɔ so bɔɔ mpaeɛ dendeenden;+ na ne ho mfifire yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam. 45 Na berɛ a ɔwiee mpaebɔ no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu sɛ wɔretɔ nko, ɛfiri sɛ awerɛhoɔ nti na wɔabrɛ.+ 46 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn na morededa? Monsɔre na monkɔ so mmɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu.”+

47 Berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! nnipadɔm bi baa hɔ, na na Dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim, na ɔbaa Yesu nkyɛn bɛfee n’ano.+ 48 Na Yesu bisaa no sɛ: “Yuda, mfeano na wode reyi onipa Ba no ama?” 49 Berɛ a wɔn a wɔka ne ho no hunuu deɛ ɛrebɛsi no, wɔkaa sɛ: “Awurade, yɛmfa sekan nkɔ wɔn so anaa?” 50 Wɔn mu baako mpo de sekan twaa ɔsɔfo panin akoa no aso nifa firii hɔ.+ 51 Na Yesu buaa sɛ: “Momma ɛnso ha yi ara.” Na ɔde ne nsa kaa n’aso no, na ɔmaa ne ho tɔɔ no. 52 Afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie ahwɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔaba rebɛfa no no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba sɛdeɛ moreba korɔmfo-werɛmfoɔ so?+ 53 Berɛ a na me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no,+ moankye me.+ Nanso wei ne mo berɛ ne berɛ a esum di tumi.”+

54 Afei wɔkyee no de no kɔe,+ na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin no fie, na na Petro di wɔn akyi wɔ akyiri.+ 55 Na wɔsɔɔ gya tenatenaa ho wɔ adihɔ no mfimfini, na na Petro te wɔn mu bi.+ 56 Ɛnna abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho,* na ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ: “Ná ɔbarima yi nso ka ne ho.” 57 Nanso wannye antom, na ɔkaa sɛ: “Ɔbaa, mennim no.” 58 Na berɛ tiaa bi akyi no, obi foforɔ huu no kaa sɛ: “Wo nso woka wɔn ho.” Na Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, menka wɔn ho.”+ 59 Na ɛno akyi bɛyɛ dɔnhwere baako no, ɔbarima foforɔ nso firii aseɛ kaa no dendeenden sɛ: “Ampa, na saa ɔbarima yi nso ka ne ho; nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ Galileani!” 60 Nanso Petro kaa sɛ: “Ɔbarima, mennim deɛ woreka no.” Na ɛhɔ ara, berɛ a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee. 61 Ɛnna Awurade danee ne ho, na ɔhwɛɛ Petro anim, na Petro kaee asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn nnɛ no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ 62 Na ɔpue kɔsuu pii.

63 Afei mmarima a wɔkyee Yesu no firii aseɛ dii ne ho agorɔ+ bobɔɔ no;+ 64 na wɔde adeɛ kataa n’ani, na wɔkeka kyerɛɛ no sɛ: “Wose woyɛ odiyifoɔ a, kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo!” 65 Na wɔkekaa abususɛm foforɔ pii tiaa no.

66 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman no mpanimfoɔ badwa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa hyiaeɛ,+ na wɔde no kɔgyinaa Sanhedrin no asa so, na wɔkaa sɛ: 67 “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ meka kyerɛ mo mpo a, morennye nni da. 68 Na sɛ mebisa mo asɛm nso a, moremma me mmuaeɛ. 69 Nanso, ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, onipa Ba+ no bɛtena Onyankopɔn nsa nifa a tumi wom no so.”+ 70 Ɛnna wɔn nyinaa bisaa no sɛ: “Enti, wone Onyankopɔn Ba no?” Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ankasa na moreka sɛ mene no.” 71 Na wɔkaa sɛ: “Adanseɛ foforɔ bɛn bio na yɛhia? Yɛn ankasa yɛate afiri ɔno ara n’anom.”+

23 Enti nnipadɔm no nyinaa sɔree, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Afei wɔfirii aseɛ bɔɔ no soboɔ+ sɛ: “Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi sɔre tia aban; ɔka sɛ yɛnntua toɔ mmma Kaesare,+ na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene+ Kristo.” 3 Afei Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?” Na ɔbuaa no sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne nnipadɔm no sɛ: “Menhunu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ 5 Nanso wɔkaa no dendeenden sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de sɛe nkurɔfoɔ adwene; ɔfirii aseɛ wɔ Galilea, na ɔde abɛduru ha mpo.” 6 Berɛ a Pilato tee saa no, ɔbisaa sɛ ɔbarima no yɛ Galileani anaa. 7 Berɛ a ɔhuu sɛ baabi a Herode di tumi no,+ ɛhɔ na Yesu firi no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode a na ɔwɔ Yerusalem saa berɛ no.

8 Berɛ a Herode huu Yesu no, n’ani gyee yie. Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na watwɛn ara sɛ ɔbɛhu Yesu, ɛfiri sɛ na wate ne ho nsɛm pii,+ na na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ sɛnkyerɛnne bi ma ɔhunu. 9 Enti ɔfirii aseɛ bisaa Yesu nsɛm bebree, nanso wamma no mmuaeɛ biara.+ 10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ no sɔre gyinaa hɔ mprɛ pii, na wɔde abufuo bɔɔ no soboɔ. 11 Ɛnna Herode ne n’asraafoɔ no guu n’anim ase,+ na wɔhyɛɛ no ataadeɛ fɛfɛɛfɛ dii ne ho agorɔ,+ na wɔsan de no kɔmaa Pilato. 12 Na Herode ne Pilato bɛyɛɛ nnamfoɔ saa da no ara. Kane no deɛ, na anka wɔyɛ atamfo.

13 Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ* ne ɔmanfoɔ no hyiaam, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode ɔbarima yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfoɔ no te atua. Na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu wɔ mo anim, nanso manhunu nnyinasoɔ biara wɔ deɛ mode bɔɔ no soboɔ no mu.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, Herode nso anhunu biribiara wɔ ne ho, na ɔsan de no brɛɛ yɛn. Na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo. 16 Enti mɛtwe n’aso+ na magyaa no.” 17 *—— 18 Na nnipadɔm no nyinaa teaam sɛ: “Kum saa ɔbarima yi,* na gyaa Baraba ma yɛn!”+ 19 (Saa Baraba yi, na wɔde no ato afiase, ɛfiri sɛ na waboa ama nkurɔfoɔ ate atua atia aban asan adi awu.) 20 Pilato ne wɔn kasaa bio, ɛfiri sɛ na ɔpɛ sɛ ɔgyaa Yesu.+ 21 Na wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ 22 Na ɔne wɔn kasaa mprɛnsa so sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na ɔbarima yi ayɛ? Menhunu biribiara wɔ ne ho a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo. Enti mɛtwe n’aso na magyaa no.” 23 Afei wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so kaa sɛ ɔnku no,* enti wɔn nne boroo ne so.*+ 24 Na Pilato kaa sɛ wɔnyɛ deɛ wɔrehwehwɛ mma wɔn. 25 Enti ɔde ɔbarima a na nkurɔfoɔ no pɛ sɛ ɔgyaa no no maa wɔn, ɔbarima a aban so atuateɛ ne awudie nti, na wɔde no ato afiase no. Na Yesu deɛ, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no deɛ wɔpɛ.

26 Berɛ a wɔde no rekɔ no, wɔkyee Simon, Kireneni bi a ɔnam kwan so reba kurom hɔ, na wɔde asɛndua* no soaa no sɛ ɔmfa nni Yesu akyi.+ 27 Ná nnipadɔm kɛseɛ bi di Yesu akyi, na na mmaa a wɔde awerɛhoɔ rebobɔ wɔn koko, na wɔresu Yesu ka ho. 28 Ɛnna Yesu danee ne ho hwɛɛ mmaa no, na ɔkaa sɛ: “Yerusalem mma mmaa, monnsu me. Na mmom monsu mo ho ne mo mma;+ 29 na hwɛ! berɛ bi reba a nkurɔfoɔ bɛka sɛ, ‘Anigyeɛ ne abonini* ne yafunu a anwo ne nufoɔ a wɔannom ano!’+ 30 Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’ na wɔaka akyerɛ nkokoɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’+ 31 Sɛ dua no yɛ mono mpo na wɔreyɛ wei a, ɛnneɛ sɛ ɛwu a, deɛn na ɛbɛsi?”

32 Ná wɔde mmarima mmienu bi a wɔyɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ nso aka Yesu ho a wɔrekɔku wɔn.+ 33 Berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa+ no, wɔbɔɔ ɔne akorɔmfo-werɛmfoɔ no asɛndua mu wɔ hɔ, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 34 Na Yesu kaa sɛ: “Agya fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Bio nso, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ.+ 35 Na nkurɔfoɔ no gyinaa hɔ hwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. Na atumfoɔ no dii ne ho fɛ kaa sɛ: “Ɔgyee nkurɔfoɔ; sɛ ɔno ne Kristo a ɔfiri Onyankopɔn hɔ, Deɛ Wɔayi No+ no a, ma ɔnnye ne ho.” 36 Asraafoɔ no mpo dii ne ho agorɔ; wɔbaa ne nkyɛn de nsã* a emu ka maa no.+ 37 Na wɔkaa sɛ: “Sɛ wone Yudafoɔ Hene no a, gye wo ho.” 38 Ná wɔatwerɛ biribi nso abɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yudafoɔ Hene no.”+

39 Na akorɔmfo-werɛmfoɔ a wɔsɛn dua so no baako firii aseɛ kasa tiaa no+ sɛ: “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn!” 40 Na deɛ ɔka ho no kaa n’anim sɛ: “Enti wonsuro Onyankopɔn koraa? Asotwe a wɔde ama no no, ɛnyɛ ɛno ara bi na wɔde ama wo? 41 Yɛn deɛ, ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛyɛeɛ no so akatua na yɛn nsa aka yi. Na ɔbarima yi deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42 Na ɔkaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’Ahennie+ mu a, kae me.” 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”+

44 Saa berɛ yi, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.* Nanso esum baa asaase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron,*+ 45 ɛfiri sɛ awia ammɔ; afei ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea+ hɔ no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.*+ 46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Berɛ a ɔkaa saa no, ɔwuiɛ.*+ 47 Deɛ ɔsraani panin no huu sɛ asisi no nti, ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Ampa, na ɔbarima yi yɛ ɔteneneeni.”+ 48 Na berɛ a nnipadɔm a wɔahyiam sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ ɛbɛkɔ so no nyinaa huu nsɛm a asisi no, wɔsan kɔɔ wɔn fie. Wɔrekɔ nyinaa, na wɔrebobɔ wɔn koko. 49 Ná wɔn a wɔnim no nyinaa gyinagyina akyiri. Ná mmaa a wɔdii n’akyi firii Galilea no nso wɔ hɔ, na wɔhuu deɛ ɛkɔɔ so no.+

50 Na hwɛ! Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef. Ná ɔyɛ Badwa* no muni, na na ɔyɛ onipa pa a ɔtene.+ 51 (Ɛpɔ a wɔbɔeɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no, na saa ɔbarima yi mpene so.) Ná ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie no. 52 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. 53 Na ɔyii amu no firii asɛndua* no so,+ na ɔde nwera pa kyekyeree no. Afei ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa wɔ ɔbotan mu+ no mu, ɛda a wɔmfaa obiara ntoo mu da no. 54 Ná ɛyɛ Ahoboaboa Da,+ na na Homeda+ no rebɛfiri aseɛ. 55 Na mmaa a wɔne Yesu firi Galilea baeɛ no dii akyire, na wɔkɔhwɛɛ ɛda no, na wɔhuu sɛdeɛ wɔde n’amu no too mu.+ 56 Na wɔsan kɔ kɔsiesiee aduhwam ne ngo hwamhwam. Nanso wɔhomee Homeda+ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

24 Na nnawɔtwe no da a ɛdi kan no, wɔde aduhwam a wɔasiesie no kɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu.+ 2 Nanso wɔhuu sɛ wɔapia boɔ no afiri ɛda no ano,+ 3 na berɛ a wɔkɔɔ mu no, wɔanhunu Awurade Yesu amu no.+ 4 Wei maa wɔn adwene tu frae. Na hwɛ! mmarima mmienu a wɔhyehyɛ ntaadeɛ hyɛnhyɛn bɛgyinaa wɔn nkyɛn. 5 Ehu kaa mmaa no, na wɔsisii wɔn tiri ase. Enti mmarima no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na morehwehwɛ deɛ ɔte ase no wɔ awufoɔ mu?+ 6 Ɔnni ha, na mmom wɔanyane no. Mokae deɛ ɔka kyerɛɛ mo berɛ a na ɔda so wɔ Galilea no? 7 Ɔkaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ abɔnefoɔ nsa na wɔbɔ no asɛndua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre.”+ 8 Enti wɔkaee ne nsɛm no,+ 9 na wɔsan firii ɛda no so, na wɔkɔkaa weinom nyinaa kyerɛɛ Dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+ 10 Ná mmaa no ne Maria Magdalene, ne Yoana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka a wɔka wɔn ho no kaa weinom kyerɛɛ asomafoɔ no. 11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm* bi, na wɔannye mmaa no anni.

12 Nanso Petro sɔree, na ɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na berɛ a ɔbɔɔ ne mu ase no, ɔhuu nwera no nko ara. Enti ɔfirii hɔ kɔe; ɔrekɔ nyinaa, na deɛ asi no nsene ne tirim.

13 Na hwɛ! saa da no ara, na asuafoɔ no mmienu rekɔ Emaus a ɛyɛ akuraa bi ase. Ɛfiri hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ akwansini nson,* 14 na na wɔrebɔ deɛ asi no nyinaa ho nkɔmmɔ.

15 Berɛ a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔredwendwene deɛ asi no ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn, na ɔfirii aseɛ ne wɔn bɔɔ anan nantee. 16 Nanso wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno a.+ 17 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn asɛm na monam kwan so redi ho nkɔmmɔ dendeenden yi?” Na wɔgyinae, na na wɔn werɛ aho. 18 Wɔn mu baako a ne din de Kleopa ka kyerɛɛ no sɛ: “Enti deɛ akɔ so nnansa yi wɔ Yerusalem no, wontee? Adɛn, woyɛ hɔhoɔ?”* 19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn na asi?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ ɛfa Nasaretni+ Yesu ho no, deɛ ɔbɛyɛɛ odiyifoɔ wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no. Ná ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.+ 20 Yɛn asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atumfoɔ no yii no mae maa wɔbuu no kumfɔ,+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu. 21 Ná yɛwɔ anidasoɔ sɛ saa ɔbarima yi ne deɛ na ɔreba abɛgye Israel+ no. Na weinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛtɔ so mmiɛnsa a nsɛm yi sisiiɛ. 22 Bio nso, mmaa bi a wɔka yɛn ho nso abɛma yɛn ho adwiri yɛn, ɛfiri sɛ wɔkɔɔ ɛda no so anɔpatutuutu+ 23 nanso wɔanhunu n’amu no. Wɔkaa nso sɛ wɔakɔhu abɔfoɔ bi wɔ hɔ, na abɔfoɔ no se Yesu te ase. 24 Na wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no binom kɔɔ ɛda no so,+ na wɔkɔhuu sɛ, deɛ mmaa no bɛkaeɛ no te saa pɛpɛɛpɛ, nanso wɔanhu Yesu.”

25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a monni nteaseɛ, mo a ɛyɛ den ma mo sɛ mode mo akoma bɛgye* deɛ adiyifoɔ no kaeɛ nyinaa adi! 26 Ná ɛhia sɛ Kristo no hunu saa amane yi nyinaa+ na ɔkɔ n’animuonyam mu.+ Ɛnte saa?” 27 Na ne ho nsɛm a ɛwɔ Twerɛnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ aseɛ firii deɛ Mose ne Adiyifoɔ no nyinaa+ twerɛeɛ so.

28 Awieeɛ koraa no, wɔbɛn akuraa a na wɔrekɔ aseɛ no, na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔretoa so akɔ n’anim. 29 Nanso wɔsrɛɛ no ara sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ awia rekɔtɔ, na adeɛ reyɛ asa.” Enti ɔne wɔn kɔe, na ɔtenaa wɔn nkyɛn. 30 Na berɛ a ɔne wɔn redidi* no, ɔfaa paanoo, ɔhyiraa so, na ɔbubuu mu. Na ɔfirii aseɛ de maa wɔn.+ 31 Ɛnna wɔn ani bueeɛ, na wɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a; nanso ɔyera firii wɔn nkyɛn.+ 32 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Berɛ a ɔne yɛn rekasa wɔ kwan so, na ɔrekyerɛ Twerɛnsɛm no mu yie* akyerɛ yɛn no, anka* yɛn akoma anaa?” 33 Na saa berɛ no ara, wɔsɔree, na wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔhuu Dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyiam. 34 Ná wɔreka sɛ: “Ampa, wɔanyane Awurade, na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!”+ 35 Ɛnna wɔn nso kaa nsɛm a ɛsii wɔ kwan so, ne sɛdeɛ ɔbubuu paanoo a ɛmaa wɔhuu sɛ ɛyɛ ɔno a no.+

36 Berɛ a wɔgu so reka weinom nyinaa no, ɔno ankasa bɛgyinaa wɔn mfimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.”+ 37 Nanso ɛsiane sɛ na ehu aka wɔn na wɔsuro nti, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahunu honhom bi. 38 Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo akoma atu, na adɛn nti na mo akoma nsi mo pi? 39 Monhwɛ me nsa ne me nan, na monhunu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.” 40 Berɛ a ɔkaa wei no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41 Nanso anigyeɛ ne ahodwire nti, na wɔda so ara nnye nni. Enti ɔbisaa wɔn sɛ: “Mowɔ aduane wɔ hɔ?” 42 Ɛnna wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto, 43 na ɔgye wee wɔ wɔn anim.

44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho no.+ Meka kyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ no ne Nnwom no mu no ba mu.”+ 45 Afei ɔbuee wɔn adwene mu yie maa wɔtee Twerɛnsɛm no ase.+ 46 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ wɔatwerɛ nie: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre afiri awufoɔ mu,+ 47 na ne din na wɔbɛgyina so aka akyerɛ amanaman+ nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn;+ Yerusalem na wɔbɛfiri aseɛ afire.+ 48 Mo na mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefoɔ.+ 49 Na hwɛ! meresoma deɛ m’Agya ahyɛ ho bɔ no aba mo so. Enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ mobɛnya tumi afiri soro.”+

50 Na ɔdii wɔn anim de wɔn pueeɛ, na ɔde wɔn kɔeɛ ara kɔduruu Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51 Berɛ a ɔgu so rehyira wɔn no, ɔne wɔn ntam twee, na wɔmaa ne so kɔɔ soro.+ 52 Na wɔkotoo no, na wɔsan de anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem.+ 53 Na daa na wɔwɔ asɔrefie hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ.+

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Aaron asefoɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Elisabet yɛ bonini.”

Anaa “amanneɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “adihɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “firi ne maame yafunu mu pɛɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wanya anisoadehunu bi.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wayi m’animguaseɛ wɔ nnipa anim afiri hɔ.”

Anaa “wɔadom.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔyɛ bonini.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “afenaa!”

Anaa “wɔahyira wo yafunu mu aba!”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Me nipadua nyinaa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “n’afenaa.”

Nt., “n’aba.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “dua.”

Kyerɛ sɛ, dua traa bi.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “Ɛfiri sɛ na Yehowa nsa wɔ ne so.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔgyefoɔ a ɔwɔ tumi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “ɔyɛɛ den honhom mu.”

Anaa “Maria a wɔde no ama no awareɛ sɛdeɛ na wɔahyɛ no bɔ no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “abɔfoɔ mpempem.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “dua.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “Ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano no.”

Anaa “ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no ade kronkron.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wo ankasa wo kra.”

Nt., “Ɛfiri berɛ a na ɔyɛ ɔbaabunu no.”

Anaa “mmuadadie.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔkɔɔ so yɛɛ ɔsetie.”

Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nnipa nyinaa.”

Anaa “deɛ Onyankopɔn nam so gye nkwa.”

Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ borɔ paa.

Anaa “Mommmɔ obiara apoo.”

Anaa “mo akatua.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “baabi a ɛwɔ soro paa wɔ asɔrefie hɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Yehowa anisɔ afe.”

Anaa “wɔamma wɔn mu biara ho amfi.”

Kyerɛ sɛ, Galilea Po.

Anaa “afarefoɔ; apofofoɔ.”

Anaa “kwata adware no!”

Anaa “wobɛtumi ama me ho afi.”

Anaa “Wo ho mfi.”

Anaa “ɛsiane sɛ wo ho afi nti.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔn a wɔwɔ Yesu anim no mfimfini.”

Anaa “ne wɔn te didipono ho.”

Anaa “taa di mmuada.”

Anaa “bobesa.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “pempan.”

Anaa “paanoo a wɔde kyerɛ.”

Anaa “adwodwo.”

Anaa “adwodwo.”

Anaa “obi kra nkwa.”

Anaa “ɔdanee ɔfatwafoɔ no.”

Anaa “wɔayi mo din ato atwene.”

Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.

Anaa “Monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ fɔ.”

Anaa “remmu mo fɔ.”

Anaa “dua a wɔde bɔ dan so; mpuna.”

Anaa “dua a wɔde bɔ dan so; mpuna.”

Anaa “dua a wɔde bɔ dan so; mpuna.”

Nt., “ɔwoo no koro.”

Anaa “akwatafoɔ ho fi.”

Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.

Anaa “ataadeɛ kamakama.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Nt., “wanni paanoo.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “Ɔbarima a ɔdidi boro so.”

Anaa “deɛ ɛfiri mu ba.”

Anaa “nkonim.”

Anaa “kɔtenaa didipono ho.”

Anaa “Yesu te didipono ho.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ne bɔne yɛ kɛseɛ.”

Anaa “wɔn a na wɔne no te didipono ho.”

Anaa “baabi a nkaeɛ ada wɔ no.”

Nt., “ɔwoo no koro.”

Anaa “nnipadɔm yi atwa wo ho ahyia.”

Anaa “ne honhom.”

Nt., “dwetɛ.”

Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “a wɔakyea; kɔntɔnkye.”

Nt., “ɔde n’ani akyerɛ.”

Wuram kraman bi.

Anaa “monnyɛ obiara atuu mmfa nnkyea.”

Anaa “asomdwoeɛ nipa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “papa paa.”

Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”

Nt., “paanoo.”

Anaa “fɛm.”

Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan.

Anaa “akyidifoɔ; asuafoɔ.”

Nt., “aba mo so dada.”

Anaa “kɛntɛn a wɔde susu adeɛ.”

Anaa “w’ani yɛ.” Nt., “Sɛ w’ani hwɛ adeɛ baako.”

Anaa “bɛyɛ hann.”

Nt., “ani a ɛdi bɔne akyi; ani a ɛnyɛ.”

Anaa “kɔtenaa didipono ho.”

Ná Farisifoɔ ne Yudafoɔ binom hohoro wɔn nsa sɛdeɛ Yudafoɔ amammerɛ teɛ.

Anaa “nneɛma a wɔafom.”

Anaa “morekyɛ ahiafoɔ adeɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “atosodeɛ.”

Anaa “nkonnwa pa.”

Anaa “nkaeɛ ada.”

Anaa “nna a wɔntoo so.”

Anaa “moto adiyifoɔ nkaeɛ nna so.”

Anaa “moreto wɔn nna so.”

Anaa “firi berɛ a wɔnyinsɛn woo nnipa (Greek, koʹsmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “assarion.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Onyankopɔn bu n’ani gu ne so.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “hyiadan mu.”

Anaa “awunnyadeɛ.”

Anaa “aniberɛ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “me kra.”

Anaa “Ɔkra, wowɔ.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “ɔkra.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “wuram sukooko.”

Anaa “monnyae sɛ mobɛhwehwɛ.”

Anaa “monkyɛ ahiafoɔ adeɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “Momfa adeɛ mmɔ mo asene.”

Anaa “owura no de adeɛ bɛbɔ ne mu.”

Ɛfiri bɛyɛ anadwo nnɔn 9 kɔsi anadwo 12.

Ɛfiri anadwo 12 kɔsi ahomakye nnɔn 3.

Anaa “onyansafoɔ.”

Anaa “n’asomfoɔ kuo.”

Kyerɛ sɛ, mmaa ne mmarima a wɔsom wɔ hɔ.

Nt., “lepton a ɛtwa toɔ.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “ahoɔmmerɛ honhom.”

Anaa “animuonyam nnwuma.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Nt., “seah susudeɛ.” Seah susudeɛ baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.

Wuram kraman bi.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “deɛ ɔdi paanoo.”

Nt., “mpamho nnum.”

Anaa “wante ne dɔ so amma.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ahemmɔfoɔ; abɔfoɔ.”

Anaa “ahoɔden.”

Anaa “nwiinwii.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “mmaa a wɔyɛ ne nnamfo.”

Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɛhiaa no.”

Anaa “ɔsoro.”

Nt., “kɔsɔɔ ne kɔn mu.”

Anaa “ɔsoro.”

Anaa “pɛtea.”

Anaa “hwee nyɛɛ no.”

Nt., “adi.”

Anaa “obi a ɔhwɛ ne fie so ma no.”

Anaa “bat susuhina.” Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “kor 100.” Ná kor biara wom lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɔyɛɛ n’adeɛ nyansam; ɔde nyansa yɛɛ adwuma.”

Anaa “Berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ.”

Anaa “deɛ ɛyɛ nokorɛ; ahonyadeɛ a ɛtene.”

Nt., “Abraham kokom.”

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ne kokom.”

Anaa “amena kɛseɛ.”

Anaa “owiyammoɔ.” Ná wɔyam hwiit wɔ ɛboɔ a ɛte saa so.

Anaa “sikamino dua.”

Anaa “wɔn ho fii.”

Anaa “wɔn ho fiiɛ?”

Anaa “wɔ mo mu.”

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkh. A3.

Anaa “gyidie yi.” Nt., “gyidie no.”

Anaa “apoobɔfoɔ.”

Anaa “medi mmuada.”

Anaa “ɔnhyira wɔn.”

Anaa “adansekurumu.”

Anaa “berɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “akyee dua.”

Anaa “biribiara a mede nkontompo agye afiri nkurɔfoɔ hɔ no.”

Anaa “ɔrekɔpɛ ahennie.”

Greek bɛnnaa baako mu duro yɛ gram 340, na ɛne drakma 100 yɛ pɛ. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ahennie no.”

Nt., “dwetɛ.”

Nt., “me dwetɛ.”

Anaa “Ngo Bepɔ.”

Anaa “ahoɔdenneɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nnipa na ɛde maa no?”

Anaa “wɔgye di.”

Anaa “bobeturo.”

Kyerɛ sɛ, berɛ a wɔde twa bobe.

Nt., “tweatiboɔ.”

Anaa “wɔde wɔn ani dii n’akyi.”

Anaa “Ɛfata.”

Anaa “ɛmfata.”

Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, mmarima nson.

Anaa “Berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔn nyinaa te ase ma no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “nkonnwa pa.”

Anaa “anwummerɛ aduane.”

Anaa “wɔmemene.”

Anaa “agyapadeɛ.”

Anaa “nyaatwom nti, wɔbɔ mpaeɛ atenten.”

Anaa “emu yɛ duru.”

Nt., “lepton mmienu.” Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “nneɛma a wɔde akyɛ Onyankopɔn.”

Anaa “sakasaka; aban so atuateɛ.”

Anaa “mobɛnya mo kra.”

Anaa “awerɛdie nna.”

Anaa “ahohia; ahoyera.”

Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafoɔ.”

Anaa “wɔahyɛ ama.”

Anaa “aman a wɔnyɛ Yudafoɔ.”

Anaa “asanom ntrasoɔ.”

Anaa “Ngo Bepɔ.”

Kyerɛ sɛ, na ɔkɔda nkuro a na ɛwɔ bepɔ no so no baako mu.

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “nsa bɛn me wɔ pono so.”

Anaa “otitire.”

Anaa “Ayamyɛfoɔ.”

Anaa “ɔte didipono ho.”

Anaa “ɔte didipono ho.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “Ngo Bepɔ.”

Anaa “baabi a woto boɔ a, ɛbɛkɔ akɔtɔ.”

Anaa “mporibaa.”

Anaa “sɛ ɔte egya no hann mu.”

Anaa “woapa me mprɛnsa.”

Anaa “akannifoɔ.”

Hwɛ Nkh. A3.

Nt., “Fa wei kɔ.”

Anaa “Fa no sɛn dua so ku no! Fa no sɛn dua so ku no!”

Anaa “ɔmmɔ no asɛndua mu.”

Anaa “enti ɔpaa aba.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mmaa a wɔnwo.”

Anaa “bobesa.”

Bɛyɛ awia 12.

Bɛyɛ awia nnɔn 3.

Anaa “emu tee wɔ ne mfimfini firi soro bɛsii fam.”

Anaa “ɔgyaa mu; ɔhomee ne home a ɛtwa toɔ.”

Anaa “Sanhedrin.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nsɛnhunu.”

Bɛyɛ km. 11. Nt., “agoprama 60.” Agoprama baako kɛseɛ yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wo nko ara ne hɔhoɔ wɔ Yerusalem a wonteeɛ?”

Anaa “moyɛ nyaa wɔ mo akomam sɛ mobɛgye.”

Anaa “ɔne wɔn te didipono ho.”

Anaa “ɔrekyerɛkyerɛ Twerɛnsɛm no mu fann.”

Anaa “ampusu.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane