A7-A
Nneɛma Atitire a Ɛsisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So—Ansa Na Yesu Refiri Ne Som Adwuma Ase
Nsɛmpa Nnan No Mu Nsɛm; Yɛahyehyɛ No Sɛdeɛ Ɛsisiiɛ
Nsɛm a yɛahyehyɛ yi, map ka ho, na ɛma yɛhu baabi a Yesu kɔfefaeɛ ne baabi a ɔkɔkaa asɛmpa no. Map no nkyerɛ akwan pɔtee a Yesu faa so, nanso ɛma yɛhu mmeaeɛ a ɔkɔeɛ. Ahyɛnsodeɛ “b.” no kyerɛ “bɛyɛ.”
Ansa Na Yesu Refiri Ne Som Adwuma Ase
BERƐ |
BEAEƐ |
DEƐ ESIIƐ |
MATEO |
MARKO |
LUKA |
YOHANE |
---|---|---|---|---|---|---|
Afe 3 A.Y.B. |
Yerusalem, asɔrefie |
Ɔbɔfoɔ Gabriel hyɛɛ Yohane Subɔni awoɔ ho nkɔm kyerɛɛ Sakaria |
||||
b. afe 2 A.Y.B. |
Nasaret; Yudea |
Ɔbɔfoɔ Gabriel hyɛɛ Yesu awoɔ ho nkɔm kyerɛɛ Maria; Maria kɔsraa ne busuani Elisabet |
||||
Afe 2 A.Y.B. |
Yudea mmepɔ so nkuro |
Wɔwoo abɔfra too ne din Yohane Subɔni; Sakaria hyɛɛ nkɔm; Yohane asetena wɔ serɛ so |
||||
Afe 2 A.Y.B., b. Oct. 1 |
Betlehem |
Wɔwoo Yesu; “Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam” |
||||
Betlehem nkyɛn baabi; Betlehem |
Ɔbɔfoɔ bi kaa asɛmpa kyerɛɛ nnwanhwɛfoɔ; abɔfoɔ yii Onyankopɔn ayɛ; nnwanhwɛfoɔ kɔsraa abɔfra no |
|||||
Betlehem; Yerusalem |
Wɔtwaa Yesu twetia (da a ɛtɔ so 8); n’awofoɔ de no kɔɔ asɔrefie (nnafua 40 akyi) |
|||||
Afe 1 A.Y.B. anaa afe 1 Y.B. |
Yerusalem; Betlehem; Egypt; Nasaret |
Nsoromma mu ahwɛfoɔ kɔsraa wɔn; abusua no dwane kɔɔ Egypt; Herode kunkum mmarimaa; abusua no firi Egypt san bae, na wɔkɔtenaa Nasaret |
||||
Afe 12 Y.B., Twam |
Yerusalem |
Yesu a wadi mfeɛ 12 no kɔɔ asɔrefie; ɔbisabisaa akyerɛkyerɛfoɔ nsɛm |
||||
Nasaret |
Ɔsan kɔɔ Nasaret; ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa n’awofoɔ; ɔsuaa kapenta adwuma; Maria tetee mma mmarima foforɔ nnan; ɔwoo mma mmaa nso (Mt 13:55, 56; Mr 6:3) |
|||||
Afe 29, berɛ a nneɛma fefɛ |
Serɛ so, Asubɔnten Yordan |
Yohane Subɔni firii n’asɛnka adwuma ase |