Genesis
23 Mfe a Sara dii nyinaa yɛ ɔha aduonu ason. Eyi ne Sara nkwa nna+ nyinaa. 2 Na Sara wui wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kanaan asase so,+ na Abraham baa ɔdan no mu begyam Sara na osuu no. 3 Afei Abraham sɔre fii ne yere funu no ho kɔka kyerɛɛ Het+ mma no sɛ: 4 “Meyɛ ɔhɔho ne otubrafo a mabɛsoɛ mo.+ Momma me amusiei wɔ mo nkyɛn ha na minsie m’amu yi.”+ 5 Ɛnna Het mma no buaa Abraham sɛ: 6 “Me wura+ tie yɛn, woyɛ Onyankopɔn nipa titiriw a woabɛsoɛ yɛn.+ Sie w’amu no wɔ yɛn amusiei no fã biara a wopɛ.+ Yɛn mu biara rentumi mfa n’amusiei nkame wo sɛ nsie w’amu.”+
7 Afei Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Het mma+ a wɔte asase no so no anim,+ 8 na ɔne wɔn kasae sɛ: “Sɛ mo kra apene so sɛ minsie m’amu a, muntie me na monsrɛ Sohar ba Efron mma me,+ 9 sɛ ɔmfa ɔbodan a ɛwɔ Makpela+ a ɛda n’asase ano no mma me. Onnye me bo biara a asase no som na ɔmfa mma me wɔ mo anim, na minnya baabi mfa nyɛ amusiei.”+
10 Saa bere no na Efron te Het mma no mu. Enti Hitini Efron+ buaa Abraham ma Het mma no ne obiara a ɔwɔ ne kurow no pon ano tee sɛ:+ 11 “Dabi, me wura! Tie me. Mede asase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no nyinaa ama wo. Me manfo nyinaa anim na mede ama wo.+ Sie w’amu.” 12 Ɛnna Abraham bɔɔ ne mu ase ɔmanfo no anim, 13 na ɔka kyerɛɛ Efron ma ɔmanfo no tee sɛ: “Sɛ wubetie me a—mesrɛ sɛ tie! Mede asase no ho sika bɛma wo. Gye,+ na matumi asie m’amu wɔ hɔ.”
14 Ɛnna Efron buaa Abraham sɛ: 15 “Me wura, tie. Asase a ne bo yɛ nnwetɛbona ahanan de, ɛsɛ sɛ ɛyɛ me ne wo ntam asɛm bɛn? Enti sie w’amu no.”+ 16 Enti Abraham tiee Efron na ɔkarii sika a Efron bɔɔ din wɔ Het mma anim no maa no, nnwetɛbona ahanan sɛnea aguadifo kari no.+ 17 Afei Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre anim ne ɛso ɔbodan ne nnua nyinaa,+ fi ti kosi ti, 18 bedii Abraham nsam,+ na ɛbɛyɛɛ n’agyapade wɔ Het mma ne wɔn a wɔwɔ ne kurow no apon ano+ nyinaa anim. 19 Ɛnna Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔbodan mu wɔ Makpela asase so wɔ Mamre anim; ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase+ so. 20 Enti Het mma no dan asase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no maa Abraham sɛ amusiei.+