Hesekiel
27 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, twa Tiro ho kwadwom.+ 3 Na ka kyerɛ Tiro sɛ:
“‘Wo a wote po abobow ano,+ oguadini a wo ne nsuano aman pii di gua,+ nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “O Tiro, wo na wokae sɛ, ‘M’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.’+ 4 W’asase da po komam tɔnn.+ Wɔn a wɔyɛɛ wo ama w’ahoɔfɛ awie pɛyɛ.+ 5 Senir+ ɔpopaw mu mpuran na wɔde yɛɛ wo ho nyinaa, na Lebanon+ kyeneduru na wɔde yɛɛ wo hyɛnnua. 6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon. Na Kitim+ nsupɔw so kwabɔhɔrɔ a wɔde asommɛn asiesie ho na wɔde yɛɛ w’anim. 7 Egypt nwera a ɛyɛ fɛ+ na wɔde yɛɛ wo so ntama, wo mframatama. Na hama bruu+ ne ɔtankɔkɔɔ+ a efi Elisah+ nsupɔw so na wɔde yɛɛ wo nkataso.
8 “‘“Sidonfo+ ne Awadfo+ ne w’aharefo. O Tiro, w’animdefo+ a wɔwɔ wo mu no bɛyɛɛ w’ahyɛn mu adwumayɛfo.+ 9 Gebal+ mpanyimfo ne emu animdefo na wotuatuaa wo mu ntokuru.+ Na po so ahyɛn ne emu adwumayɛfo nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bedii gua. 10 Persia+ ne Ludim+ ne Put+ mmarima yɛ w’asraafo, w’akofo. Wɔde ɔkyɛm ne dade kyɛw sensɛn wo ho;+ wɔn na wɔma woyɛɛ kɛse. 11 Awadfo+ ne w’asraafo atwa w’afasu ho ahyia, na mmarima akokodurufo wɔ w’aban so. Wɔde wɔn akyɛm sensɛn w’afasu ho hyiae,+ na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
12 “‘“Wo ne Tarsis+ dii gua, nnepa ahorow pii nti.+ Wode wo nneɛma maa no de gyee ne dwetɛ, dade, sanyaa, ne sumpii.+ 13 Wo ne Yawan+ ne Tubal+ ne Mesek+ dii gua. Na wode w’aguade maa wɔn de gyee nnipa akra+ ne kɔbere nneɛma. 14 Wɔde apɔnkɔ ne ako-pɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ fi Togarma+ fie bae de begyee wo nneɛma. 15 Dedanfo+ ne wo dii gua; na nsuano aman bebree dii gua maa wo, na wɔde asommɛn+ ne duabo tuaa wo ka. 16 Edomfo ne wo dii gua, w’aguade pii nti. Na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nsrammabo,+ ɔtankɔkɔɔ, nwentama, mmota, ne aboɔden abo kɔkɔɔ.
17 “‘“Wo ne Yuda ne Israel dii gua. Wode w’aguade maa wɔn+ de gyee Minit+ awi,+ aduan pa, ɛwo,+ ngo, ne balsam aduhuam.+
18 “‘“Wo ne Damasko+ dii gua wɔ nneɛma pii mu, efisɛ na wowɔ nnepa pii, na ɔno nso maa wo Helbon nsã+ ne oguan nhwi a ani dum. 19 Wedan ne Yawan fi Usal bae ne wo bedii gua. Wɔde dade nneɛma ne kasia dua ne sibiri huamhuam+ brɛɛ wo de gyee w’aguade. 20 Wo ne Dedanfo+ dii gua ma wɔmaa wo nwentama a wɔde to apɔnkɔ so tena so. 21 Arabiafo+ ne Kedar+ abirɛmpɔn nyinaa dii gua maa wo. Wodii nguammaa ne adwennini ne mpapo+ ho gua maa wo. 22 Wo ne Saba+ ne Raama+ aguadifo dii gua, na wode wo nneɛma maa wɔn de gyee nnuhuam papa ne aboɔden abo nyinaa bi ne sika kɔkɔɔ.+ 23 Wo ne Haran+ ne Kane ne Eden+ a wɔyɛ Saba,+ Asur+ ne Kilmad aguadifo dii gua. 24 Wɔne wo dii gua, na wɔde ntade fɛfɛ, nguguso a wɔde ntama bruu ne ntama ahorow ahorow ayɛ, kuntu a wɔde asaawa abien abom ayɛ, ne ahama a wɔakyinkyim no denneennen baa wo gua so.
25 “‘“Tarsis+ ahyɛn soaa w’aguade maa wo, na ama woayɛ mã na w’anim aba nyam wɔ po komam tɔnn.+
26 “‘“Wɔn a wɔhare wo no de wo aba po bun mu pɛɛ,+ na apuei mframa abubu wo wɔ po komam tɔnn.+ 27 Wo nnepa ne nneɛma a wotɔn,+ w’aguade,+ w’ahyɛn mufo ne emu adwumayɛfo,+ wɔn a wotuatua wo mu ntokuru,+ w’aguadifo ne w’akofo+ nyinaa, w’asafo ne wɔn a wɔwɔ wo mu nyinaa bɛsɛe wɔ po komam tɔnn, da a wobɛhwe ase no.+
28 “‘“Wo hyɛn mu adwumayɛfo bɛteɛm ama mpoano nsase awosow.+ 29 Wɔn a wokura atabon, ne hyɛn mufo, ne po so adwumayɛfo nyinaa besisi afi wɔn ahyɛn mu abegyinagyina asase so.+ 30 Wɔbɛma wɔn nne so asu wo yayaayaw.+ Na wɔde mfutuma begu wɔn atifi+ amunumunum wɔ nsõ mu.+ 31 Wo nti, wɔbɛbɔ tikwaw+ afurafura atweaatam+ na wɔn kra de awerɛhow asu wo yayaayaw.+ 32 Na wobetwa wo ho kwadwom atwa adwo sɛ,+
“‘“‘Hena na ɔte sɛ Tiro,+ hena na ɔte sɛ ɔno a wɔama wayɛ komm wɔ po mfinimfini yi?+ 33 Bere a wode w’aguade+ fi po so bae no,+ womaa aman pii mee.+ Wode wo nnepa pii ne w’aguade maa asase so ahene nyaa wɔn ho.+ 34 Afei po no abubu wo wɔ subun mu tɔnn.+ Wo ne w’aguade ne w’asafo+ nyinaa amem. 35 Nsuano aman+ nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo, na awɔse begu wɔn ahene.+ Na obiara benyinyan n’anim.+ 36 Aguadifo a wofi aman horow so bɛbɔ wo so hwirema.+ Mɛma ehu abubu wo, na wɔrenhu wo bio da biara da.’”’”+