9 Me nkoa na wɔde befi Lebanon+ aba mpoano, na me nso makyekyere agu po so de akɔ baabi a wobɛkyerɛ sɛ memfa nkɔ;+ ɛhɔ na mɛma wɔasansan na woabɛfa. Wo nso yɛ m’apɛde ma me na ma me fiefo aduan.”+
10 Hwɛ! Wo nkoa a wɔboaboa nnua ano ne wɔn a wotwa nnua no, nnuan a mede bɛma wɔn ni: Awi, kor+ mpem aduonu; atoko, kor mpem aduonu; bobesa,+ nhina mpem aduonu; ne ngo, nhina mpem aduonu.”
7 Na wɔde sika+ maa abopaefo+ ne adwumfo,+ na wɔde nnuan+ ne anonne ne ngo+ maa Sidonfo+ ne Tirofo+ sɛ wɔnkɔfa nkyeneduru mfi Lebanon+ mmegu Yopa+ mpoano mma wɔn sɛnea Persia hene Kores+ ama wɔn kwan no.
20 Afei, n’ani beree Tirofo ne Sidonfo so. Enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na bere a wɔmaa Blasto a ɔhwɛ ɔhene dabere so tee wɔn ase no, wofii ase srɛ hwehwɛɛ asomdwoe, efisɛ na ɔhene no man no na ɛma wɔn man no aduan.+