Yesaia 15:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkoko so rekosu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kurow no mufo nyinaa abɔ tikwaw+ na wɔayi wɔn bogyesɛ. Yeremia 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nnipa akɛse ne nketewa nyinaa bewuwu asase yi so. Wɔrensie wɔn,+ na wɔrenni wɔn ho awerɛhow; obi rentwitwa ne ho akam,+ na obi remmɔ tikwaw mma wɔn.+ Mika 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti bɔ tikwaw,+ werɛw wo ti ho nyinaa. Ma wo ti ho nyɛ kwabokwabo sɛ opete* de, efisɛ wɔafi wo nkyɛn kɔ nkoasom mu.”+
2 Waforo kɔ asɔrefie ne Dibon,+ ɔkɔ nkoko so rekosu. Nebo+ ne Medeba+ nti, Moab retwa adwo. Kurow no mufo nyinaa abɔ tikwaw+ na wɔayi wɔn bogyesɛ.
6 Nnipa akɛse ne nketewa nyinaa bewuwu asase yi so. Wɔrensie wɔn,+ na wɔrenni wɔn ho awerɛhow; obi rentwitwa ne ho akam,+ na obi remmɔ tikwaw mma wɔn.+
16 Wo mma a w’ani gye wɔn ho nti bɔ tikwaw,+ werɛw wo ti ho nyinaa. Ma wo ti ho nyɛ kwabokwabo sɛ opete* de, efisɛ wɔafi wo nkyɛn kɔ nkoasom mu.”+