2 aman a Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israel no, sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,+ na mommma wɔn nso mmma mo mu; dan na wɔbɛdan mo koma akodi wɔn anyame akyi.”+ Wɔn na Solomon de ne ho kɔfam+ wɔn ho dɔɔ wɔn.
39 Bere a ɔbea kunu te ase no, wɔakyekyere no.+ Nanso sɛ ne kunu da na wansɔre a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, nanso Awurade mu nkutoo na ɔnyɛ saa.+