Genesis 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Esiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mehyɛɛ wo+ sɛ ‘Nni bi’ no nti, wo nti wɔadome asase.+ Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa.+ Leviticus 26:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Mo ahoɔden bɛsɛe kwa, efisɛ mo mfuw remma ne nnɔbae+ na asase so nnua rensow aba.+ Deuteronomium 28:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Nnome bɛka wo yafunum aba+ ne w’asase so nnɔbae+ ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.+
17 Na ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Esiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mehyɛɛ wo+ sɛ ‘Nni bi’ no nti, wo nti wɔadome asase.+ Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa.+