2 “Fa Aaron ne ne mma+ ne ntade+ no ne ɔsrango+ ne nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre+ ne adwennini abien ne paanoo a mmɔkaw nnim+ a egu kɛntɛn mu bra,
2 Afei ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Hwehwɛ nantwi ba ne odwennini a wɔte apɔw bra Yehowa anim.+ Wode nantwi ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre+ na wode odwennini no abɔ ɔhyew afɔre.+
9 Ɛnyɛ mo na moapam Yehowa asɔfo,+ Aaron mma no, ne Lewifo no? Munsisii mo so asɔfo sɛnea amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwi ba biako ne adwennini ason ba a, na moayɛ no ɔsɔfo ama anyame huhuw.+