46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mekum wo na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm no afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+
28 Ɛnna nokware Nyankopɔn+ nipa no bɛn Israel hene bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Sɛ́ Siriafo aka sɛ: “Yehowa yɛ mmepɔw Nyankopɔn na ɔnyɛ asase a ɛda fam Nyankopɔn” nti, mede dɔm kɛse yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa+ na moahu sɛ mene Yehowa.’”+