Exodus 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Woda so ara de w’ahantan asiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ anaa?+ Exodus 16:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Mubebu m’ahyɛde ne me mmara so akosi da bɛn?+ Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Yesaia 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+ Yeremia 13:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,+ ‘Montena fam,+ efisɛ mo abotiri fɛfɛ no befi mo ti atɔ fam.’+
11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+