18 “Wobetie wo.+ Afei wo ne Israel mpanyimfo no nkɔ Egypt hene hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifo+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa,+ enti yɛsrɛ wo ma yentwa nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+
3 Nanso wɔtoaa so kae sɛ: “Hebrifo Nyankopɔn no ne yɛn akasa.+ Enti yɛsrɛ wo, yɛpɛ sɛ yetu kwan nnansa kɔ sare so kɔbɔ afɔre ma Yehowa yɛn Nyankopɔn;+ anyɛ saa a, ɔde owuyare anaa nkrante bɛba yɛn so.”+