8 Na sɛ ne nsa ansõ oguan so a, ɛnde ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien+ mmra, na wɔmfa biako mmɔ ɔhyew afɔre na wɔmfa biako nso mmɔ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mfa mpata+ mma no na ne ho atew.’”
21 “Na sɛ ɔyɛ ohiani+ na ne nsa nsõ so+ a, ɔmfa odwennini kumaa biako mmra sɛ asodi afɔre ne ohim afɔre, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu biako a ɔde ngo afra ne ngo toa biako mmra sɛ aduan afɔre,