Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 14:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Na nhyira nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn+

      A ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa no!”+

      Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no biako.+

  • Genesis 28:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Na ɔbo a mede ayɛ nkaedum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wobɛma me no nso mɛkyɛ mu du ama wo biako.”+

  • Numeri 18:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “Lewifo no de, mede Israel biribiara mu nkyem du mu biako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma daa.

  • Numeri 18:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu biako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du na momfa biako mma Yehowa.+

  • Deuteronomium 12:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔre,+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwi ne mo nguan mu mmakan+ nyinaa nkɔ.

  • Deuteronomium 14:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 “Afe biara kyɛ w’afuw mu nnɔbae nyinaa mu du na fa biako bra.+

  • 2 Beresosɛm 31:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde awi mu adikan,+ ne nsã foforo,+ ne ngo+ ne ɛwo+ ne afuw mu nnɔbae+ nyinaa ne ade biara so ntotoso du du bebree bae.+

  • Nehemia 13:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yuda nyinaa de nnɔbae+ ne nsa foforo+ ne ngo+ so ntotoso du du+ baa adekora adan+ no mu.

  • Malaki 3:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Momfa ntotoso du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduan ampa me fie.+ Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm ni.

  • Luka 11:42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 42 Na mo Farisifo de, munnue, efisɛ muyi ɛme ne onunum ne ɛfan foforo biara so ntotoso du du,+ nanso musian atɛntrenee ne Nyankopɔn dɔ ho! Saa nneɛma yi na ɛsɛ sɛ anka moyɛ, na nea aka no nso ɛnsɛ sɛ muyi fi mu.+

  • Hebrifo 7:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Nokwarem no, mmarima a wofi Lewi mma+ mu a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du+ fi ɔman no hɔ+ sɛnea Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wofi Abraham asen mu+ de;

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena