12 Yehowa bebue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ osu agu w’asase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wubenya pii de afɛm aman bebree, na wo de, worenkɔfɛm hwee.+
19 Nanso okunini no bisaa nokware Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mfɛnsere mpo a, anka asɛm yi betumi aba mu?”+ Na ɔno nso kae sɛ: “Wode w’aniwa na ebehu, nanso ebi renka w’ano.”+