Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 27:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 “‘Na asase so nnɔbae ne dua so aba nyinaa nkyem du mu biako+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ akronkronne ma Yehowa.

  • 2 Beresosɛm 31:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ,+ wɔde awi mu adikan,+ ne nsã foforo,+ ne ngo+ ne ɛwo+ ne afuw mu nnɔbae+ nyinaa ne ade biara so ntotoso du du bebree bae.+

  • Nehemia 10:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Afei yɛde yɛn awisiam+ mu nea edi kan ne yɛn ayɛyɛde+ ne nnua+ ahorow nyinaa so aba, nsã foforo+ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfo no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adidibea+ hɔ, na yɛde yɛn nsase so nnɔbae mu ntotoso du du bɛbrɛ Lewifo+ no, efisɛ Lewifo no na wogye nkurow a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotoso du du.

  • Nehemia 12:44
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 44 Na ɛda no ara wɔde mmarima sisii adekoradan+ ne afɔrebɔde+ ne nnɔbae a edi kan+ ne ntotoso du du+ so, sɛ wonnyigye asɔfo ne Lewifo+ no kyɛfa a mmara kyerɛ+ no mfi nkurow no mfuw mu nkogu hɔ; asɔfo ne Lewifo+ a na wɔresom no nti, Yuda dii ahurusi.

  • Nehemia 13:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yuda nyinaa de nnɔbae+ ne nsa foforo+ ne ngo+ so ntotoso du du+ baa adekora adan+ no mu.

  • Galatifo 6:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Bio nso ma obiara a wɔkyerɛkyerɛ no+ asɛm no ne ɔkyerɛkyerɛfo no nnya kyɛfa+ wɔ nnepa nyinaa mu.+

  • Hebrifo 7:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Nokwarem no, mmarima a wofi Lewi mma+ mu a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du+ fi ɔman no hɔ+ sɛnea Mmara no kyerɛ no, kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom mpo sɛ wofi Abraham asen mu+ de;

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena