Leviticus 27:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 “‘Na asase so nnɔbae ne dua so aba nyinaa nkyem du mu biako+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ akronkronne ma Yehowa. Numeri 18:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Lewifo no de, mede Israel biribiara mu nkyem du mu biako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma daa. Numeri 18:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ muyi nneɛma no mu nea eye sɛ mo ntoboa+ a, wobebu nea aka no ama Lewifo no te sɛ awi a efi awiporowbea ne ngo anaa nsã a efi nsã-kyĩ-amoa mu.
30 “‘Na asase so nnɔbae ne dua so aba nyinaa nkyem du mu biako+ yɛ Yehowa dea. Ɛyɛ akronkronne ma Yehowa.
21 “Lewifo no de, mede Israel biribiara mu nkyem du mu biako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma daa.
30 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ muyi nneɛma no mu nea eye sɛ mo ntoboa+ a, wobebu nea aka no ama Lewifo no te sɛ awi a efi awiporowbea ne ngo anaa nsã a efi nsã-kyĩ-amoa mu.