Exodus 29:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Na Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wonni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiae ntamadan no ano. Leviticus 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 “Dɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron?+ Munnim sɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a ɔde ama mo sɛ monsoa asafo no mmusu na mompata mma wɔn wɔ Yehowa anim?+ 1 Korintofo 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Munnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di+ asɔrefie nneɛma no bi, na wɔn a wɔsom+ wɔ afɔremuka ho daa no ne afɔremuka no wɔ kyɛfa? Galatifo 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Bio nso ma obiara a wɔkyerɛkyerɛ no+ asɛm no ne ɔkyerɛkyerɛfo no nnya kyɛfa+ wɔ nnepa nyinaa mu.+
32 Na Aaron ne ne mma nwe+ odwennini no nam na wonni paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no wɔ ahyiae ntamadan no ano.
17 “Dɛn nti na moanwe aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron?+ Munnim sɛ ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron a ɔde ama mo sɛ monsoa asafo no mmusu na mompata mma wɔn wɔ Yehowa anim?+
13 Munnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di+ asɔrefie nneɛma no bi, na wɔn a wɔsom+ wɔ afɔremuka ho daa no ne afɔremuka no wɔ kyɛfa?