38 Ɛmmɔ Aaron moma so, na sɛ mmusu ba ayɛyɛde kronkron a ɛsɛ sɛ Israelfo no tew ho no so a, Aaron asoa ɛho asodi ama wɔn.+ Ɛmmɔ ne moma so daa na ama Yehowa ani asɔ wɔn.+
18Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia kronkronbea+ no, wo ne wo mma ne w’agyanom fiefo bɛsoa, na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodi no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no bɛsoa.+
11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+
28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre prɛko+ sɛ ɔnsoa nnipa pii bɔne;+ na ne mprenu so+ a obeyi ne ho adi+ no de, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba,+ na obeyi ne ho adi akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan denneennen repɛ wɔn nkwagye no.+
24 Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne+ wɔ n’ankasa honam mu wɔ dua+ no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn afi bɔne mu+ na yɛatena ase ama trenee. Na “ɛnam n’atape so na wɔsaa mo yare.”+