Genesis 42:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ eyi na munya mo ti didi mu, efisɛ misuro+ nokware Nyankopɔn no. Leviticus 25:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Obiara nnsisi ne yɔnko,+ na munsuro mo Nyankopɔn,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ Nehemia 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+ Mmebusɛm 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa suro ne nimdeɛ mfiase.+ Nkwasea bu nyansa ne nteɛso animtiaa.+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. 1 Petro 2:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Munni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom nyinaa,+ munsuro Onyankopɔn,+ munni ɔhene ni.+
18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ eyi na munya mo ti didi mu, efisɛ misuro+ nokware Nyankopɔn no.
15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+