Leviticus 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔrebɔde no ho mmra. Dwom 107:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔre+Na wɔmfa ahurusi nka ne nnwuma ho asɛm.+ Dwom 116:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wo na mɛbɔ aseda afɔre ama wo,+Na Yehowa din na mɛbɔ.+ Amos 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 O Israelfo, monhyew ade a akaw mfa mmɔ aseda afɔre,+ na mompae mu nka mo ayɛyɛde;+ mommɔ no dawuru, na saa na mopɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.
12 Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔrebɔde no ho mmra.
5 O Israelfo, monhyew ade a akaw mfa mmɔ aseda afɔre,+ na mompae mu nka mo ayɛyɛde;+ mommɔ no dawuru, na saa na mopɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.