Leviticus 7:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔrebɔde no ho mmra. Dwom 50:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nea ɔde aseda bɔ afɔre no na ɔbɛhyɛ me anuonyam;+Na nea ɔnam ɔkwampa so no,Mɛma wahu Onyankopɔn nkwagye.”+ Dwom 107:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔre+Na wɔmfa ahurusi nka ne nnwuma ho asɛm.+ Hebrifo 13:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.
12 Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔrebɔde no ho mmra.
23 Nea ɔde aseda bɔ afɔre no na ɔbɛhyɛ me anuonyam;+Na nea ɔnam ɔkwampa so no,Mɛma wahu Onyankopɔn nkwagye.”+
15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.